Mateo 5:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Saa ara na momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim,+ na wɔahu mo nnwuma pa+ na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.+ Hebrifo 13:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Bio nso, mommma mo werɛ mmfi sɛ mobɛyɛ papa na mo ne nkurɔfo akyɛ nneɛma a mowɔ,+ efisɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani yiye.+ Yakobo 1:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Ɔsom* a ɛho tew na efĩ biara nni ho yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani so ne sɛ obi bɛhwɛ nnyanka+ ne akunafo+ wɔn ahohia mu,+ na watwe ne ho afi wiase nkekae ho.+ 1 Yohane 3:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Sɛ obi wɔ wiase ahonyade, na ohu sɛ ahia ne nua, na wanhu no mmɔbɔ a, dɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ te ne mu?+
16 Saa ara na momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim,+ na wɔahu mo nnwuma pa+ na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.+
16 Bio nso, mommma mo werɛ mmfi sɛ mobɛyɛ papa na mo ne nkurɔfo akyɛ nneɛma a mowɔ,+ efisɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani yiye.+
27 Ɔsom* a ɛho tew na efĩ biara nni ho yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani so ne sɛ obi bɛhwɛ nnyanka+ ne akunafo+ wɔn ahohia mu,+ na watwe ne ho afi wiase nkekae ho.+
17 Sɛ obi wɔ wiase ahonyade, na ohu sɛ ahia ne nua, na wanhu no mmɔbɔ a, dɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ te ne mu?+