28 Momma mo ani mmra mo ho+ ne nguankuw no nyinaa so, efisɛ honhom kronkron no apaw mo ahwɛfo+ wɔ wɔn mu, sɛ monhwɛ Onyankopɔn asafo+ a ɔde ɔno ara ne Ba mogya+ tɔe no so yiye.
25 Onyankopɔn de no mae sɛ afɔre, sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya ne mogya mu gyidi+ na ama asomdwoe aba* yɛne Onyankopɔn ntam.+ Onyankopɔn yɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛda ɔno ara ne trenee adi, efisɛ n’abotare nti, ɔde bɔne a wɔyɛe tete no kyɛe.
9 Na wɔtoo dwom foforo+ sɛ: “Wofata sɛ wugye nhoma mmobɔwee no na wotetew n’ahyɛnsode no, efisɛ wokum wo na wode wo mogya tɔɔ nnipa+ fii abusua ne kasa* ne nkurɔfo ne ɔman biara mu maa Onyankopɔn,+