-
Efesofo 3:5-7Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
5 Awo ntoatoaso a abɛsen kɔ mu no, wɔamma nnipa mma anhu ahintasɛm yi sɛnea seesei wɔnam honhom so ayi akyerɛ n’asomafo ne adiyifo kronkron no.+ 6 Ahintasɛm no ne sɛ asɛmpa no bɛma amanaman mufo ne Kristo Yesu abɛyɛ baako, na wɔn nso abɛyɛ adedifo* ne nipadua no akwaa,+ na wɔne yɛn nyinaa abom anya bɔhyɛ no mu kyɛfa. 7 Onyankopɔn adom nti, mebɛyɛɛ ahintasɛm yi ho somfo. Akyɛde yi, ɔde maa me de kyerɛɛ sɛnea ne tumi yɛ adwuma.+
-