-
Kolosefo 1:25-27Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
25 Onyankopɔn ama me ofiehwɛ adwuma+ bi sɛ mensom asafo yi. Mo nti na wɔde adwuma yi maa me sɛ menka Onyankopɔn asɛm no nkosi ase; 26 ebi ne ahintasɛm kronkron+ a wɔde siee wiase a aba atwam*+ ne awo ntoatoaso a aba kɔ no. Nanso afei de wɔayi no adi akyerɛ n’akronkronfo.+ 27 Bio nso, Onyankopɔn ani gye ho sɛ ɔbɛma akronkronfo no ahu ahintasɛm kronkron a enni ano+ a ɔreda no adi wɔ amanaman mu no. Ɛno ne Kristo a wɔaka mo ne no abom ayɛ baako no, kyerɛ sɛ, moanya anidaso sɛ wɔbɛhyɛ mo ne no nyinaa anuonyam.+
-