13 Nokwarem no, ɛno nso nti na yɛda Onyankopɔn ase daa,+ efisɛ bere a mugyee Onyankopɔn asɛm a mote fii yɛn hɔ no, moannye no sɛ nnipa asɛm, na mmom mugyee no sɛnea ɛte ankasa, sɛ ɛyɛ Onyankopɔn asɛm, na ɛno nso na ɛyɛ adwuma wɔ mo a moyɛ gyidifo mu no.