-
1 Korintofo 9:11, 12Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
11 Sɛ yɛadua honhom fam nneɛma wɔ mo mu, na sɛ yetwa honam fam nneɛma fi mo hɔ a, ɛboro so anaa?+ 12 Sɛ afoforo wɔ hokwan* sɛ wonya nneɛma a ɛte saa fi mo hɔ a, ɛnde yenni hokwan mmoro saa? Nanso yɛmfaa saa hokwan no nyɛɛ adwuma,+ na mmom yɛde animia gyina tebea biara mu, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa biribiara nsiw Kristo asɛmpa no kwan.+
-