14 Sɛ saa a, ɛnde Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho maa Onyankopɔn sɛ afɔre a dɛm nni ho no, hwɛ sɛnea ne mogya+ betumi atew yɛn ahonim* ho afi nnwuma funu ho+ na yɛatumi de ɔsom kronn ama Onyankopɔn teasefo no!+
7 Na sɛ yɛnam hann no mu sɛnea ɔno ankasa wɔ hann no mu no a, ɛnde na yɛne yɛn ho yɛn ho wɔ ayɔnkofa, na ne Ba Yesu mogya hohoro yɛn ho fi bɔne nyinaa ho.+