18 Ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ papa, wɔnyɛ adefo wɔ nnwuma pa mu, wommue wɔn nsam,* wɔnkyɛ ade,+19 na wɔmfa nto fapem pa nsie yiye mma daakye,+ na ama wɔatumi aso nkwa ankasa no mu denneennen.+
5 Me nuanom adɔfo, muntie. Ɛnyɛ wiase no mu ahiafo na Onyankopɔn apaw wɔn sɛ wɔmmɛyɛ adefo wɔ gyidi mu?+ Na ɛnyɛ wɔn na wɔayɛ wɔn adedifo* wɔ Ahenni a wahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn a wɔdɔ no+ no mu anaa?