Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 1 Beresosɛm 21
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

1 Beresosɛm Mu Nsɛntitiriw

      • Dawid yɛɛ asoɔden kan ɔmanfo no (1-6)

      • Yehowa twee wɔn aso (7-17)

      • Dawid sii afɔremuka (18-30)

1 Beresosɛm 21:1

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Ebetumi nso akyerɛ, “ɔsɔretiafo bi.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 24:1-3

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    7/15/1992, kr. 5

1 Beresosɛm 21:2

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 8:16
  • +Ate 18:29; 2Sa 17:11

1 Beresosɛm 21:4

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 24:4, 8

1 Beresosɛm 21:5

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 24:9

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    7/15/1992, kr. 5

1 Beresosɛm 21:6

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 1:47
  • +1Be 27:23, 24

1 Beresosɛm 21:8

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 12:13
  • +Dw 25:11; 51:1
  • +2Sa 24:10-14

1 Beresosɛm 21:9

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 29:29

1 Beresosɛm 21:12

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:26
  • +Le 26:14, 17
  • +2Ah 19:35
  • +Le 26:25

1 Beresosɛm 21:13

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “mma mennhwe onipa nsam.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 28:9
  • +Ex 34:6; Dw 51:1; Yes 55:7; Kwa 3:22

1 Beresosɛm 21:14

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 16:46
  • +2Sa 24:15, 16

1 Beresosɛm 21:15

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “awerɛhow.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 32:14; De 32:36
  • +Dw 90:13
  • +2Sa 5:6
  • +2Be 3:1

1 Beresosɛm 21:16

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 22:31; Yos 5:13
  • +2Ah 19:1
  • +2Sa 24:17

1 Beresosɛm 21:17

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 51:4
  • +Ex 32:12; Nu 16:22

1 Beresosɛm 21:18

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 24:11
  • +2Sa 24:18-23; 2Be 3:1

1 Beresosɛm 21:22

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “Fa awiporowbea no ma me.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 25:8

1 Beresosɛm 21:23

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “nea eye wɔ n’ani so.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 28:27

1 Beresosɛm 21:24

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 24:24, 25

1 Beresosɛm 21:25

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

1 Beresosɛm 21:26

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:25
  • +Le 9:23, 24; 1Ah 18:38; 2Be 7:1

1 Beresosɛm 21:27

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Ɛyɛ biribi a wɔde sekan hyɛ mu. Aboa nhoma na wɔtaa de yɛ.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 24:16; Dw 103:20

1 Beresosɛm 21:29

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 3:4; 1Be 16:39; 2Be 1:3

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

1 Be. 21:12Sa 24:1-3
1 Be. 21:22Sa 8:16
1 Be. 21:2Ate 18:29; 2Sa 17:11
1 Be. 21:42Sa 24:4, 8
1 Be. 21:52Sa 24:9
1 Be. 21:6Nu 1:47
1 Be. 21:61Be 27:23, 24
1 Be. 21:82Sa 12:13
1 Be. 21:8Dw 25:11; 51:1
1 Be. 21:82Sa 24:10-14
1 Be. 21:91Be 29:29
1 Be. 21:12Le 26:26
1 Be. 21:12Le 26:14, 17
1 Be. 21:122Ah 19:35
1 Be. 21:12Le 26:25
1 Be. 21:132Be 28:9
1 Be. 21:13Ex 34:6; Dw 51:1; Yes 55:7; Kwa 3:22
1 Be. 21:14Nu 16:46
1 Be. 21:142Sa 24:15, 16
1 Be. 21:15Ex 32:14; De 32:36
1 Be. 21:15Dw 90:13
1 Be. 21:152Sa 5:6
1 Be. 21:152Be 3:1
1 Be. 21:16Nu 22:31; Yos 5:13
1 Be. 21:162Ah 19:1
1 Be. 21:162Sa 24:17
1 Be. 21:17Dw 51:4
1 Be. 21:17Ex 32:12; Nu 16:22
1 Be. 21:182Sa 24:11
1 Be. 21:182Sa 24:18-23; 2Be 3:1
1 Be. 21:22Nu 25:8
1 Be. 21:23Yes 28:27
1 Be. 21:242Sa 24:24, 25
1 Be. 21:26Ex 20:25
1 Be. 21:26Le 9:23, 24; 1Ah 18:38; 2Be 7:1
1 Be. 21:272Sa 24:16; Dw 103:20
1 Be. 21:291Ah 3:4; 1Be 16:39; 2Be 1:3
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
1 Beresosɛm 21:1-30

Beresosɛm Nhoma a Edi Kan

21 Ɛnna Satan* tuu n’ani sii Israel so, na opiapiaa Dawid sɛ ɔnkan Israelfo.+ 2 Enti Dawid ka kyerɛɛ Yoab+ ne ɔman no mu mpanyimfo sɛ: “Monkɔkan Israelfo mfi Beer-Seba nkosi Dan,+ na mommɛka wɔn dodow nkyerɛ me.” 3 Ɛnna Yoab kae sɛ: “Yehowa mma ne man mmu mmɔ ho 100! Me wura ɔhene, wɔn nyinaa nyɛ wo nkoa anaa? Adɛn nti na me wura pɛ sɛ ɔyɛ saa? Adɛn nti na worebɛma asodi aba Israel so?”

4 Nanso, ɔhene asɛm bunkam Yoab de so, enti Yoab kokyin Israel nyinaa, na ɔsan baa Yerusalem.+ 5 Afei Yoab de nnipa a wɔkan wɔn no dodow brɛɛ Dawid; wonyaa Israel mmarima a wɔde sekan kɔ ɔko 1,100,000, na Yuda nso, wonyaa mmarima a wɔde sekan kɔ ɔko 470,000.+ 6 Lewifo ne Benyaminfo de, wɔankan wɔn anka ho,+ efisɛ ɔhene asɛm no yɛɛ Yoab abufuw.+

7 Nokware Nyankopɔn no ani annye asɛm no ho koraa, enti ɔtwee Israel aso. 8 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ nokware Nyankopɔn no sɛ: “Ade a mayɛ yi de, mayɛ bɔne+ kɛse. Na afei, mepa wo kyɛw, fa w’akoa bɔne kyɛ no,+ na madi nkwaseasɛm paa.”+ 9 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Gad+ a ɔyɛ ɔdehufo ma Dawid no sɛ: 10 “Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Mede nneɛma abiɛsa resi w’anim. Yi mu baako na memfa nyɛ wo.”’” 11 Ɛnna Gad baa Dawid anim bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Yi nea wopɛ: 12 mfe abiɛsa a ɔkɔm+ bɛba, anaa abosome abiɛsa a mo atamfo de bɛpra mo akɔ na wɔn sekan anya mo,+ anaasɛ Yehowa sekan a ɛbɛba mo so nnansa ama Yehowa bɔfo de ɔsɛe aba+ Israel asaase nyinaa so, kyerɛ sɛ, nsanyare a edi awu a ɛbɛba asaase no so.’+ Afei dwen ho na ma me mmuae nkɔma nea ɔsomaa me no.” 13 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: “Asɛm yi ama mabotow paa. Mesrɛ wo, mma onipa nntwe m’aso,*+ ma Yehowa mmom ntwe m’aso, efisɛ ne mmɔborɔhunu dɔɔso pii.”+

14 Enti Yehowa de nsanyare a edi awu+ baa Israel maa Israelfo 70,000 wuwui.+ 15 Afei nso, nokware Nyankopɔn no somaa ɔbɔfo kɔɔ Yerusalem sɛ onkokunkum ɛhɔfo. Bere a Yehowa hui sɛ ɔrebefi ase no, mmusu a ɛreba no yɛɛ no mmɔbɔ,*+ enti ɔka kyerɛɛ ɔbɔfo a wɔayi no sɛ onkunkum ɛhɔfo no sɛ: “Ayɛ yiye!+ Fa wo nsa to hɔ.” Saa bere no, na Yehowa bɔfo no gyina Yebusini+ Ornan awiporowbea+ no nkyɛn.

16 Dawid maa n’ani so, na ohuu Yehowa bɔfo no sɛ ogyina ɔsoro ne asaase ntam atwe sekan akura+ ne nsam na ɔde akyerɛ Yerusalem so. Saa bere no, na Dawid ne mpanyimfo no furafura awerɛhow ntama,*+ na ntɛm ara na wogyaa wɔn ho hwee hɔ de wɔn anim butubutuw fam.+ 17 Dawid ka kyerɛɛ nokware Nyankopɔn no sɛ: “Ɛnyɛ me mmom na mekae sɛ wɔnkan ɔman no? Me na mafom na mayɛ bɔne;+ nguan yi de, dɛn na wɔayɛ? O Yehowa me Nyankopɔn, mesrɛ wo, me mmom na teɛ wo nsa wɔ me so; me ne me papa fi. Wo man de, mfa ɔhaw yi mma wɔn so.”+

18 Ɛnna Yehowa bɔfo ka kyerɛɛ Gad+ sɛ ɔnka nkyerɛ Dawid sɛ onkosi afɔremuka mma Yehowa wɔ Yebusini+ Ornan awiporowbea hɔ. 19 Enti Dawid tiee asɛm a Gad kae wɔ Yehowa din mu no, na ɔkɔe. 20 Saa bere no, na Ornan reporow hwiit; otwaa n’ani no, ohuu ɔbɔfo no, na ne mma baanan a wɔka ne ho no kohintawee. 21 Bere a Dawid kɔtoo Ornan no, ɔmaa n’ani so huu Dawid, na ntɛm ara na Ornan fii awiporowbea hɔ, na ɔde n’anim kobutuw fam wɔ Dawid anim. 22 Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: “Tɔn awiporowbea no ma me* na minsi afɔremuka wɔ hɔ mma Yehowa. Ka ne bo nyinaa kyerɛ me ma mintua ka sɛnea ɛbɛyɛ a mmusu no befi ɔman no so.”+ 23 Ɛnna Ornan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Mede kyɛ wo; ma me wura ɔhene mfa nyɛ nea ɔpɛ biara.* Hwɛ, mɛma wo anantwi a wode bɛbɔ ɔhyew afɔre, awiporow ade+ a wode bɛsɔ gya, ne hwiit a wode bɛbɔ aduan afɔre. Mede ne nyinaa ma wo.”

24 Nanso, Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: “Daabi, mɛtɔ atua ho ka nyinaa, na meremfa nea ɛyɛ wo de nkɔbɔ ɔhyew afɔre mma Yehowa a merentua hwee.”+ 25 Enti Dawid karii sika kɔkɔɔ nnwetɛbona* 600 maa Ornan de tɔɔ asaase no. 26 Ɛnna Dawid sii afɔremuka+ wɔ hɔ maa Yehowa, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ so. Osu frɛɛ Yehowa na ogyee no so, na ɔtɔɔ ogya+ fi soro beguu ɔhyew afɔremuka no so ma ɛhyew afɔrebɔde no. 27 Afei Yehowa kasa kyerɛɛ ɔbɔfo no+ ma ɔsan de ne sekan no hyɛɛ ne bɔha* mu. 28 Bere a Dawid hui sɛ Yehowa atie no wɔ Yebusini Ornan awiporowbea hɔ no, ɔkɔɔ so bɔɔ afɔre wɔ hɔ. 29 Yehowa ntamadan a Mose yɛe wɔ sare so no ne afɔremuka a na wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no de, saa bere no, na ɛwɔ sorɔnsorɔmmea* a ɛwɔ Gibeon+ no. 30 Nanso na Dawid ntumi nkɔɔ hɔ nkobisaa Onyankopɔn hɔ biribi, efisɛ na osuro Yehowa bɔfo no sekan no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena