Yesaia
3 Nkurow a wɔabɔ ho ban bɛyera afi Efraim,+
Na ahenni ayera afi Damasko;+
Na Siriafo a wɔaka no
Bɛyɛ sɛ Israelfo* anuonyam,” asafo Yehowa na waka.
6 Ase kakraa bi na ɛbɛka,
Te sɛ bere a wɔwosow ngodua:
Ngodua aba a abere abien anaa abiɛsa pɛ na ɛbɛka wɔ dua no nkɔnmu,
Na anan anaa anum pɛ na ɛbɛka wɔ ne nnubaa so,”+ Israel Nyankopɔn Yehowa na waka.
7 Saa da no, onipa bɛma n’ani so ahwɛ ne Yɛfo na obegyen n’ani ahwɛ Israel Kronkronni no. 8 Ɔrenhwɛ afɔremuka+ a ɛyɛ ne nsa ano adwuma+ no; na ɔrennyen n’ani nhwɛ nea ɔde ne nsateaa ayɛ, abosonnua* anaa ade a wɔde hyew aduhuam.
9 Saa da no, ne nkurow a ɛyɛ den bɛyɛ sɛ beae a aka kwae mu,+
Te sɛ dubaa a wogyawee wɔ Israelfo anim;
Ɛbɛdan amamfo.
Ɛno nti na wudua nnua fɛfɛɛfɛ
Na wotɛw ɔnanani dua* wɔ hɔ no.
11 Wotɔ wo bo ase gye wo nnua ho ban awia,
Woma w’aba fifi anɔpa,
Nanso da a ɔyare ne yaw a ɛrennyae da bɛba no, ɛso aba betu ayera.+
12 Tie! Aman yɛ gyegyeegye,
Wobu fa so te sɛ po a ɛrehuru kutukutu!
Aman yɛ dede,
Wɔn dede te sɛ nsu kɛse a ɛreworo so!
13 Aman no bɛyɛ dede te sɛ nsu bebree a ɛreworo so.
Ɔbɛka wɔn anim, na wobeguan akɔ akyirikyiri,
Wobetiw wɔn te sɛ bepɔw so ntɛtɛwa a mframa de rekɔ,
Te sɛ nwura* a ahum ama ɛredi kyinhyia.
14 Edu anwummere a, akomatu.
Ansa na ade bɛkye no, na wonni hɔ.
Eyi ne wɔn a wɔfom yɛn nneɛma no kyɛfa,
Ne wɔn a wogye yɛn ho nneɛma no kyɛfa.