Nnwom
Wɔde ma dwom kyerɛfo. Dawid dwom.
140 O Yehowa, gye me fi abɔnefo nsam;
Mesrɛ wo, bɔ me ho ban fi awudifo ho,+
2 Wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne wɔ wɔn komam,+
Na daa nyinaa wɔhyɛ ɔko mu gya no.
4 O Yehowa, bɔ me ho ban fi nnebɔneyɛfo ho;+
Bɔ me ho ban fi awudifo ho,
Wɔn na wɔbɔ pɔw sɛ wɔbɛma mahwe ase.
Wɔasunsum me mfiri.+ (Sela)
6 Mɛka akyerɛ Yehowa sɛ: “Wone me Nyankopɔn.
O Yehowa, yɛ aso ma me nkotosrɛ.”+
8 O Yehowa, mma nnebɔneyɛfo nnnya nea wɔpɛ.
Mma pɔw a wɔbɔ no nnyɛ yiye na wɔamma wɔn ho so. (Sela)+
10 Ma nnyansramma a ɛredɛw ntɔ ngu wɔn so.+
11 Mma dinsɛefo ase nntim wɔ asaase so.+
Ma bɔne ntaa awudifo so na ɛnsɛe wɔn.