Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom.
140 O Yehowa, gye me fi abɔnefo nsam;+
Mesrɛ wo, bɔ me ho ban fi nnipa a wɔpɛ awudisɛm ho,+
2 Wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne wɔn komam,+
Na daa nyinaa wɔtow hyɛ yɛn so ɔko mu no.+
3 Wɔasew wɔn tɛkrɛma ano sɛ ɔwɔ;+
Ahurutoa bɔre wɔ wɔn anom.+ Sela.
4 O Yehowa, kora me so wɔ nnebɔneyɛfo ho;+
Mesrɛ wo, bɔ me ho ban fi nnipa a wɔpɛ awudisɛm ho,+
Wɔn a wɔabɔ pɔw sɛ wɔbɛtow m’anammɔn hintidua no.+
5 Ahomasofo asum afiri ahintaw me;+
Na wɔatrɛw nhama mu sɛ atena wɔ kwankyɛn.+
Wɔasunsum me mfiri.+ Sela.
6 Maka akyerɛ Yehowa sɛ: “Wone me Nyankopɔn.+
O Yehowa, yɛ asõ ma me nkotɔsrɛ.”+
7 O Awurade Tumfoɔ Yehowa,+ me nkwagye ahoɔden,+
Woakata me ti so ɔkoda.+
8 O Yehowa, mma ɔdebɔneyɛfo nnnya n’akɔnnɔde.+
Mma pɔw a ɔbɔ no nnyɛ yiye na wamma ne ho so.+ Sela.
9 Wɔn a wɔatwa me ho ahyia no nso,
Ma wɔn ankasa anom mmusu nkata wɔn ti so.+
10 Ma nsramma a ɛredɛw ngu wɔn so.+
Ma wonkogu ogya+ ne asubura mu na wɔansɔre.+
11 Nea ɔka nsɛnkɛse no, mma n’ase nntim asase so.+
Onipa a ɔpɛ awudisɛm nso, bɔne na ma ɛntaa no.+
12 Me de, minim sɛ Yehowa bedi+
Mmɔborɔni asɛm ama no na wabu atɛn ama ohiani.+
13 Aseda na treneefo de bɛma wo din;+
Na teefo bɛtena w’anim.+