Wɔde ma dwom kyerɛfo sɛ wɔmfa asanku nto. Ayeyi dwom.
67 Onyankopɔn, dom yɛn na hyira yɛn;
Tew w’anim ma yɛn+ (Sela)
2 Na ama nkurɔfo ahu w’akwan wɔ asaase so baabiara,+
Ne wo nkwagye nnwuma wɔ aman nyinaa mu.+
3 O Onyankopɔn, ma aman nyi wo ayɛ;
Ma aman nyinaa nyi wo ayɛ.
4 Ma amanaman nni ahurusi na wɔmmɔ ose,+
Efisɛ atɛn a wubebu aman no teɛ.+
Wobɛkyerɛ asaase so amanaman no kwan. (Sela)
5 O Onyankopɔn, ma aman nyi wo ayɛ;
Ma aman nyinaa nyi wo ayɛ.
6 Asaase bɛbɔ n’aduan;+
Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn, behyira yɛn.+
7 Onyankopɔn behyira yɛn;
Nnipa a wɔtete asaase ano nyinaa besuro no.+