Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Korintofo 9
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Korintofo Mu Nsɛntitiriw

      • Nea ɛsɛ sɛ ɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔkyɛ ade (1-15)

        • Onyankopɔn dɔ nea ɔde anigye kyɛ ade (7)

2 Korintofo 9:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 15:26; 1Ko 16:1; 2Ko 9:12

2 Korintofo 9:6

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 11:24; 19:17; 22:9; Ɔsɛ 11:1; Lu 6:38

2 Korintofo 9:7

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 15:7, 10
  • +Ex 22:29; Mme 11:25; Aso 20:35; Heb 13:16

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma, adesua 55

    Ahenni Redi Tumi!, kr. 196

    Ɔwɛn-Aban,

    9/1/2013, kr. 13

    12/1/2012, kr. 5

    11/1/1998, kr. 26

    12/1/1992, kr. 15-16

    1/15/1992, kr. 14-15, 18-19

2 Korintofo 9:8

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 28:27; Mal 3:10; Flp 4:18, 19

2 Korintofo 9:9

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “Wayi ne yam akyɛ ade.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 112:9

2 Korintofo 9:11

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ahenni Redi Tumi!, kr. 210-212

2 Korintofo 9:12

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 15:26, 27; 2Ko 8:14

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ahenni Redi Tumi!, kr. 210-213

    Ɔwɛn-Aban,

    11/15/2000, kr. 11-12

2 Korintofo 9:13

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “Ɔsom adwuma.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 5:16; Heb 13:16; Yak 1:27; 1Yo 3:17

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ahenni Redi Tumi!, kr. 210-212

    Ɔwɛn-Aban,

    3/1/1987, kr. 25

2 Korintofo 9:14

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “wɔkotow srɛ.”

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ahenni Redi Tumi!, kr. 210-212, 216

2 Korintofo 9:15

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De),

    nɔma 2 2017, kr. 4

    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom),

    1/2016, kr. 9-10

    Ɔwɛn-Aban,

    12/15/2015, kr. 15-16

    12/1/1993, kr. 28

    1/15/1992, kr. 19

    Ahenni Redi Tumi!, kr. 210-212

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Kor. 9:1Ro 15:26; 1Ko 16:1; 2Ko 9:12
2 Kor. 9:6Mme 11:24; 19:17; 22:9; Ɔsɛ 11:1; Lu 6:38
2 Kor. 9:7De 15:7, 10
2 Kor. 9:7Ex 22:29; Mme 11:25; Aso 20:35; Heb 13:16
2 Kor. 9:8Mme 28:27; Mal 3:10; Flp 4:18, 19
2 Kor. 9:9Dw 112:9
2 Kor. 9:12Ro 15:26, 27; 2Ko 8:14
2 Kor. 9:13Mt 5:16; Heb 13:16; Yak 1:27; 1Yo 3:17
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
2 Korintofo 9:1-15

Nea Ɛto So Abien A Ɔde Kɔmaa Korintofo

9 Na ɔsom a yɛde boa akronkronfo no+ de, ɛho nhia sɛ mekyerɛw ho asɛm brɛ mo, 2 efisɛ minim sɛ moayɛ krado, na ɛno nti mede mo hoahoa me ho kyerɛ Makedoniafo. Maka akyerɛ wɔn sɛ, afe ni na Akaiafo yɛɛ krado sɛ wɔbɛboa, na mo ahokeka no akanyan wɔn mu dodow no ara. 3 Nanso meresoma anuanom no, sɛnea ɛbɛyɛ a, hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho sɛ mopɛ sɛ moboa no renyɛ kwa, na ɛbɛma moayɛ krado sɛ mobɛboa, sɛnea mekae sɛ mobɛyɛ no ara. 4 Anyɛ saa na sɛ Makedoniafo ne me ba, na wɔbɛto sɛ monyɛɛ krado a, ɛnyɛ yɛn nko ara na yɛn ani bewu sɛ yenyaa mo mu awerɛhyem; mo nso mo ani bewu bi. 5 Enti mihui sɛ ɛho hia sɛ mehyɛ anuanom no nkuran ma wodi kan ba mo nkyɛn, na ama moapɛ akyɛde a muyii mo yam hyɛɛ ho bɔ no ato hɔ. Ɛba saa a, yɛbɛba no, na akyɛde no wɔ hɔ dedaw. Ɛno bɛkyerɛ sɛ mo ara na muyii mo yam de mae, na ɛnyɛ sɛ yɛhyɛɛ mo.

6 Asɛm no ara ne sɛ, obiara a ogu no pɛpɛe so no, obetwa no pɛpɛe so, na obiara a ogu pii no, obetwa pii.+ 7 Obiara nyɛ no sɛnea wasusuw wɔ ne komam, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so,+ efisɛ Onyankopɔn dɔ nea ɔde anigye kyɛ ade.+

8 Bio nso, Onyankopɔn betumi ama n’adom nyinaa abu so ama mo, sɛnea ɛbɛyɛ a bere nyinaa mubenya nea ɛbɛso mo wɔ biribiara mu, na moanya pii nso de ayɛ adwuma pa biara.+ 9 (Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Wakyɛ ade pii;* wama ahiafo ade. Ne trenee wɔ hɔ daa.”+ 10 Na Nea ɔma ogufo nya aba pii, na ɔma nkurɔfo paanoo di no, ɔbɛma aba a mugu no adɔɔso, na wama moatwa mo trenee so aba bebree.) 11 Biribiara mu, munya mo ho na ama moayɛ adɔe wɔ akwan nyinaa so, na ɛnam yɛn so ama Onyankopɔn anya aseda; 12 efisɛ ɔsom a yɛde boa nkurɔfo yi, ɛnyɛ akronkronfo nko ara na ɛma wonya nea wohia biara,+ na mmom ɛma nnipa nya nneɛma pii a wobegyina so de aseda bebree ama Onyankopɔn. 13 Mmoa* a yɛde boa wɔn a wɔakɔ ahokyere mu no ma wonya adanse de hyɛ Onyankopɔn anuonyam. Efisɛ sɛnea moboa nkurɔfo no kyerɛ sɛ mo ankasa de asɛmpa a moka fa Kristo ho no bɔ mo bra. Ɛnyɛ ɛno nko. Mmom mosan yi mo yam de mo ntoboa kɔma wɔn ne obiara.+ 14 Na wɔbɔ mpae* ma mo de kyerɛ sɛ wɔdɔ mo, esiane Onyankopɔn adom a ɛboro so wɔ mo so no nti.

15 Aseda nka Onyankopɔn wɔ n’akyɛde a ɛso bi nni no ho.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena