Hiob
3 Ɛno akyi na Hiob fii ase kasae, na ɔdomee da a wɔwoo no no.*+ 2 Hiob kae sɛ:
4 Saa da no, ma ɛnyɛ sum.
Ma ɔsoro Nyankopɔn no nyi n’adwene mfi so;
Mma hann biara nnhyerɛn wɔ so.
Ma omununkum tumm nkata so.
Ma ade biara a ɛma adekyee yɛ sum nhunahuna no.
6 Ma esum kabii nnye saa anadwo no mmɔ so;+
Nna a ɛwɔ afe mu no redi ahurusi a, mma saa da no nnni ahurusi no bi,
Na mma wɔnnkan mmfra bosome biara.
7 Meka si so! Ma saa anadwo no nyɛ obonin;
Mma wɔnnte ahurusi dwom biara wom.
9 Ma n’ahemanakye nsoromma nnuru sum;
Ma ɛntwɛn adekyee hann, nanso mma hann no mmma,
Mma ennhu anɔpa hann.
11 Adɛn nti koraa na wɔrewo me no, manwu?
Adɛn nti koraa na mifi yafunu mu bɛtɔɔ hɔ no, manwu?+
12 Adɛn nti na nkotodwe behyiaa me,
Na minyaa nufu numii?
13 Anka saa bere yi mada ama me ho adwo me;+
Anka mada regye m’ahome;+
14 Anka me ne asaase so ahemfo ne wɔn afotufo
A wɔkyekyee nkurow a ɛnnɛ asɛe pasaa no nyinaa* ada ama me ho adwo me.
15 Anaa anka me ne atitiriw a wɔwɔ sika kɔkɔɔ,
Ne wɔn a dwetɛ ayɛ wɔn afi ma no ada regye m’ahome.
16 Na adɛn nti na wɔampɔn me ahintawee mu,
Te sɛ mmofra a wɔanhu hann da?
18 Ɛhɔ na nneduafo nyinaa te dwoodwoo;
Wɔnte nea ɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ adwuma no nne bio.
21 Adɛn nti na wɔtwɛn owu, nanso ɛmma?+
Wɔhwehwɛ no denneennen kyɛn agyapade a wɔde asie.
22 Saa nkurɔfo no, sɛ wonya ɔdamoa a, wodi ahurusi kɛse,
Na wɔn ani gye boro so.
23 Adɛn nti na Onyankopɔn de hann ma ɔbarima a wayera kwan,
Ɔbarima a Onyankopɔn aka no ahyɛ ban mu?+
25 Efisɛ nea misuro no, ɛno na aba me so,
Na nea ɛyɛ me hu no, ɛno na ato me.
26 Minni asomdwoe, minni ahotɔ, minnya ahomegye;
Amanehunu nko ara.”