Hiob
23 Ɛnna Hiob kae sɛ:
3 Minyae a, anka minim baabi a mehu Onyankopɔn!+
Anka mɛkɔ baabi a ɔte no.+
4 Anka mede m’asɛm bɛto n’anim,
Na mɛka nsɛm pii de akyerɛ sɛ m’asɛm yɛ dɛ;
5 Anka mɛhwɛ mmuae a ɔde bɛma me,
Na matie nea ɔbɛka akyerɛ me.
6 Anka ɔde n’ahoɔden kɛse no ne me bɛko anaa?
Daabi; anka nea ɛbɛyɛ biara obetie me.+
7 Ɛhɔ na wobesiesie ɔtreneeni no asɛm wɔ Onyankopɔn anim.
Anka me Temmufo no bebu me bem ama asɛm no atwa koraa.
8 Nanso mekɔ apuei a, onni hɔ;
Mesan m’akyi nso a, minhu no.
9 Sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ benkum so a, minhu no;
Sɛ ɔman fa nifa a, ɛhɔ nso minhu no.
10 Nanso onim ɔkwan a menam so.+
Sɛ ɔsɔ me hwɛ wie a, me ho befi sɛ sika kɔkɔɔ amapa.+
12 Mentwee me ho mfii n’anom mmara ho.
Mede n’anom asɛm+ ato me koma so asen nea ɛsɛ sɛ meyɛ mpo.*
13 Osi ne bo sɛ ɔbɛyɛ biribi a, hena na obetumi asiw no kwan?+
14 Efisɛ nea wahyɛ ato hɔ ama me nyinaa, ɔbɛyɛ,
Na nneɛma a ɛtete saa de, ɔfa no kwa.
15 Ɛno nti na ne nti adwinnwen abɛtɔ me so yi;
Midwen ne ho a, ɛma misuro no pii.
16 Onyankopɔn ama me koma atu,
Na ade nyinaa so Tumfo no ama mabɔ hu.
17 Nanso esum mma menyɛɛ dinn,
Na esum kabii a akata m’anim no mma menkaa m’ano ntoom.