Dwom a Wɔde Foro Bepɔw No.
123 Wo a wote soro no,
Wo na mema m’ani so kyerɛ wo.+
2 Sɛnea nkoa ani da wɔn wura so,
Na mfenaa ani da wɔn awuraa so no,
Saa ara na yɛn ani da Yehowa, yɛn Nyankopɔn so+
Kosi sɛ ɔbɛdom yɛn.+
3 Dom yɛn, O Yehowa, dom yɛn,
Na nkurɔfo bu yɛn animtiaa dodo.+
4 Wɔn a wɔn ho adwo wɔn no di yɛn ho fɛw dodo,
Na ahantanfo nso bu yɛn animtiaa.