Wɔde ma dwom kyerɛfo sɛ wɔmfa asanku nto. Maskil. Dawid dwom. Saa bere no na Sififo kɔka kyerɛɛ Saul sɛ: “Dawid abehintaw yɛn nkyɛn”+ no.
54 O Onyankopɔn, fa wo din no gye me,+
Na fa wo tumi di m’asɛm ma me.+
2 O Onyankopɔn, tie me mpaebɔ,+
Na yɛ aso tie m’anom nsɛm.
3 Na ananafo asɔre atia me,
Na atirimɔdenfo rehwehwɛ me akum me.+
Wɔmfa Onyankopɔn nyɛ hwee.+ (Sela)
4 Hwɛ! Onyankopɔn ne me boafo;+
Wɔn a wokurakura me no, Yehowa wɔ wɔn afã.
5 Bɔne a m’atamfo di no, ɛno ara na ɔde betua wɔn so ka;+
Wo nokwaredi nti, yi wɔn fi hɔ.+
6 Meyi me yam abɔ afɔre ama wo.+
O Yehowa, meyi wo din ayɛ, efisɛ eye.+
7 Ogye me fi ahohia nyinaa mu,+
Na m’atamfo bɛhwe ase ama madi ahurusi.+