17 “Me honhom abotow, na me nkwa nna ahi;
Amusiei retwɛn me.+
2 Fɛwdifo atwa me ho ahyia,+
Na m’ani tua wɔn atuatew no.
3 Mepa wo kyɛw, gye nea mede resi awowa no na fa sie.
Hena bio na obekyia me nsam de adi agyinam ama me?+
4 Efisɛ woayi nhumu afi wɔn koma mu asie;+
Ɛno nti na womma wɔn so no.
5 Wotumi ne wɔn nnamfo kyɛ nea wɔwɔ,
Bere a ɔkɔm ama wɔn mma ani akeka kɔ mu.
6 Wama mayɛ animguase nipa wɔ nkurɔfo mu,+
Enti mayɛ onipa a wɔtetew ntasu gu n’anim.+
7 Ahometew ama m’ani so ayɛ wusiwusi,+
Na me nsa ne me nan nyinaa ayɛ sɛ sunsuma.
8 Atreneefo tɛɛ wɔn anom hwɛ me,
Na abɔnefo nti, nea ne ho nni asɛm bo fuw.
9 Ɔtreneeni nantew ne kwan so daa,+
Na nea ne nsa ho tew kɔ so nya ahoɔden.+
10 Enti mo nyinaa mommra, na monsan mmɛkeka mo nsɛm no bio,
Na me de, minhu onyansafo biara wɔ mo mu.+
11 Me nna asa;+
Me tirim adwene ne nea me koma pɛ nyinaa ayɛ ɔkwa.+
12 Wɔde anadwo yɛ awia,
Na wɔka sɛ: ‘Esum aba yi de, ɛrenkyɛ hann bɛba.’
13 Sɛ metwɛn mpo a, Ɔdamoa na ɛbɛyɛ me fi;+
Esum mu na mɛsɛw me kɛtɛ.+
14 Mɛka akyerɛ amoa+ sɛ, ‘Me papa ne wo!’
Na maka akyerɛ mmoawa sɛ, ‘Me maame ne me nuabea!’
15 Ɛhe na m’anidaso wɔ?+
Hena na wahu m’anidaso?
16 Ebesian akɔ Ɔdamoa apon a wɔabram akyi mu,
Na me ne m’anidaso nyinaa besian akɔ dɔte mu.”+