1 Yuda ne Yerusalem ho anisoadehu a Amus ba Yesaia+ nyae wɔ Yuda ahemfo+ Usia,+ Yotam,+ Ahas,+ ne Hesekia+ bere so no ni:
2 Ɔsoro tie, asaase yɛ aso,+
Na Yehowa aka sɛ:
“Matete mma ama wɔanyinyin,+
Nanso wɔatew me so atua.+
3 Nantwi nim ne wura,
Na afurum nim ne wura adididaka;
Nanso Israel nnim me,+
M’ankasa me man nni ntease.”
4 Nnebɔneyɛfo man, due,+
Ɔman a bɔne adonnɔn no,
Abɔnefo asefo, mma a wɔaporɔw!
Wɔagyaw Yehowa;+
Wɔabu Israel Kronkronni no animtiaa;
Wɔadan wɔn akyi akyerɛ no.
5 Moda so ara retew atua? Seesei mo hefa bio na wɔmmɔ?+
Eti no nyinaa yare,
Na koma mu no nyinaa yare.+
6 Efi ti kosi nan ase, baabiara nni hɔ a ɛte apɔw.
Baabiara adan apirakuru, asoasoa na abeabea
—Wommiae, na wɔnkyekyeree, na wɔmfaa ngo nsraa so.+
7 Mo asaase adan amamfo.
Wɔde ogya ahyew mo nkurow.
Ahɔho redi mo asaase so aba wɔ mo anim pɛɛ.+
Ɛte sɛ asaase a ahɔho abutuw no ama asɛe.+
8 Aka Sion babea wɔ hɔ, te sɛ apata a esi bobefuw mu,
Te sɛ apata a ɛwɔ ɛfere afuw mu,
Te sɛ kurow a atamfo aka emufo ahyɛ mu.+
9 Sɛ asafo Yehowa annyaw nkaefo kakra amma yɛn a,
Anka yɛayɛ sɛ Sodom,
Na yɛadan sɛ Gomora.+
10 Sodom+ atumfo atirimɔdenfo, muntie Yehowa asɛm.
Gomorafo,+ monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn mmara.
11 Yehowa asɛm ni: “Mfaso bɛn na minya fi mo afɔre bebrebe no so?+
Adwennini hyew afɔre+ ne mmoa a wɔte apɔw srade+ afono me,
Na anantwi+ ne nguan mma ne mpɔnkye+ mogya+ nso, m’ani nsɔ.
12 Sɛ moba m’anim a,+
Hena na ɔhwehwɛ eyi fi mo hɔ,
Sɛ mummetiatia m’adiwo?+
13 Mommfa aduan afɔre hunu mmma m’anim bio.
Mikyi mo aduhuam kɔkɔkɔkɔ.+
Mudi asram foforo+ ne home nna,+ na mobɔ gua;+
Asumansɛm a mode fra nhyiam titiriw no, minni ho koma.+
14 Mikyi mo asram foforo ne mo afahyɛ ahorow no.
Ayɛ adesoa ama me;
Mabrɛ ne ne soa.
15 Na sɛ motrɛw mo nsam a,
Miyi m’ani hintaw mo.+
Ɛwom sɛ mobɔ mpae bebree de,+
Nanso mintie;+
Mogya ayɛ mo nsam ma.+
16 Monhohoro mo ho, montew mo ho;+
Munyi mo nneyɛe bɔne mfi m’anim;
Munnyae bɔne yɛ.+
17 Munsua papayɛ, monhwehwɛ atɛntrenee,+
Monteɛ osisifo so,
Munni agyanka asɛm mma no,
Na monka bi mma okunafo.”+
18 Yehowa asɛm ni: “Afei mommra, na momma yɛntoto nneɛma yiye.+
Ɛwom, mo bɔne te sɛ koogyan,
Nanso ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma;+
Ɛwom, ayɛ kɔɔ te sɛ kɔben,
Nanso ɛbɛyɛ fitaa sɛ oguan nwi.
19 Sɛ mopɛ na mubetie a,
Mubedi asaase no so nneɛma pa.+
20 Na sɛ moantie na motew atua a,
Sekan bedi mo nam;+
Yehowa na waka.”
21 Hwɛ sɛnea kurow nokwafo+ no adan tuutuuni!+
Ná atɛntrenee ayɛ no ma;+
Ná trenee te ne mu,+
Nanso afei de, awudifo nko ara na ɛte ne mu.+
22 Wo dwetɛ adan fĩ,+
Na wo nsã nso, wɔde nsu afra mu.
23 W’atumfo aso yɛ den na wɔne akorɔmfo na ɛbɔ.+
Wɔn mu biara ani gye adanmude ho, na wodi akyɛde akyi.+
Wommu atɛntrenee mma nnyanka,
Na akunafo asɛm nnu wɔn anim da.+
24 Enti nokware Awurade asafo Yehowa,
Israel Tumfo no asɛm ni:
“Hwɛ! Meyi m’atamfo afi me ho,
Na metua wɔn a wɔtan me no ka.+
25 Mɛdan me nsa aba wo so,
Na mɛnan wo ayi wo mu fĩ te sɛ nea mede samina reyi fĩ,
Na meyi wo mu fĩ nyinaa.+
26 Mɛsan de w’atemmufo ama wo te sɛ mfiase no,
Na mɛsan de w’afotufo ama wo sɛ mfiase no.+
Ɛno akyi wɔbɛfrɛ wo Trenee Kuropɔn, Nokware Kurow.+
27 Wɔde atɛntrenee begye Sion,+
Na wɔde trenee agye ne mma a wɔbɛsan aba no.
28 Wɔbɛsɛe atuatewfo ne abɔnefo nyinaa abom,+
Na wɔn a wogyaw Yehowa no, wobeyi wɔn afi hɔ.+
29 Wɔn ani bewu nnua akɛse a mo ani gyee ho no ho,+
Na nturo a mopawee no nti, mo anim begu ase.+
30 Na mobɛyɛ sɛ dupɔn a n’ahaban apo,+
Na moadan sɛ turo a ennya nsu.
31 Ɔbarima katakyi bɛyɛ sɛ asaawa,
Na n’adwuma ayɛ sɛ ogya a ɛretutu;
Abien no nyinaa bɛkɔ ogya mu,
Na obiara nni hɔ a obedum no.”