Atemmufo
5 Saa da no, Debora+ ne Abinoam ba Barak+ too dwom yi sɛ:+
3 Ahemfo, muntie! Atitiriw, monyɛ aso!
Mɛto dwom ama Yehowa.
Mɛto ayeyi dwom* ama Yehowa,+ Israel Nyankopɔn no.+
4 Yehowa, bere a wupue fii Seir,+
Bere a wufii Edom asaase so bae no,
Asaase wosowee, osu hwie fii soro,
Na omununkum gyaa nsu mu.
Yael bere so,+ obiara amfa akwantempɔn so bio;
Mfikyikwan so na akwantufo fae.
7 Ná obiara nte akuraase bio wɔ Israel;
Obiara tu fii akuraa kosii sɛ me, Debora,+ mesɔree,
Kosii sɛ mesɔree sɛ ɔbaatan wɔ Israel.+
Wɔanhu ɔkyɛm, na wɔanhu peaw
Wɔ Israel mmarima 40,000 mu.
Munyi Yehowa ayɛ!
10 Mo a motete mfurum a wɔn kɔla te sɛ kɔbere so,
Mo a motete kapɛt fɛfɛɛfɛ so,
Ne mo a monantew kwantempɔn so,
Munnwen eyi ho:
11 Wɔtee wɔn a wɔsaw nsu nne wɔ abura ho;
Ɛhɔ na na wɔreka Yehowa trenee nnwuma ho asɛm,
Trenee nnwuma a ne nkurɔfo a wɔtete Israel nkuraase ayɛ no.
Afei Yehowa nkurɔfo sian kɔɔ nkurow apon ano.
12 Keka wo ho, Debora,+ keka wo ho!
Keka wo ho, keka wo ho, to dwom!+
Sɔre, Barak!+ Abinoam ba, wɔn a woakyere wɔn no, fa wɔn kɔ!
13 Wɔn a wɔkae no sian baa adehye no nkyɛn;
Yehowa nkurɔfo sian bɛkaa me ho ko tiaa akatakyi.
Makir+ mu na asahene fi sianee,
Na Sebulon mu na wɔn a wokura asraafo anoboaboafo poma* no fi sian bae.
Wɔsomaa no ma ɔnantew kɔɔ asaasetraa no so.*+
Ruben mmusua mufo no hwehwɛɛ wɔn koma mu denneennen.*
16 Adɛn nti na wotenaa hɔ te sɛ aboa a wɔde nnesoa abien asoa no
A ɔretie atɛntɛbɛn a nguanhwɛfo rebɔ?+
Ruben mmusua mufo no hwehwɛɛ wɔn koma mu denneennen.*
Aser yii n’ani tenaa mpoano,
Na po so hyɛn gyinabea a ɛyɛ ne de no, ɛhɔ na ɔkɔɔ so tenae.+
Wɔannya dwetɛ biara amfa.+
20 Nsoromma fi soro bɛkoe;
Wofi wɔn akwan so ne Sisera bɛkoe.
Me kra,* wutiatiaa atumfo so.
23 Yehowa bɔfo kae sɛ, ‘Nnome nka Meros,’
‘Yiw, nnome nka wɔn a wɔtete Meros,
Efisɛ wɔammɛboa Yehowa,
Wɔamfa ɔsabarima biara ammɛboa Yehowa.’
24 Yael na wɔahyira no paa wɔ mmea mu,+
Kenini Heber+ yere no;
Mmea a wɔte ntamadan mu nyinaa, ɔno na wɔahyira no paa.
25 Obisaa* nsu, na ɔmaa no nufusu.
Ɔde nufusu+ a emu apiw guu apontow kankyee fɛfɛɛfɛ mu bae.
Ɔde hwee Sisera tirim; ɔpɛtɛw ne ti,
Na ɔde bɔɔ n’asontɔrem;+ ɔbɔɔ so wuraa mu.
27 Otwa hwee ne nan ntam; ɔhwee hɔ, na wansɔre bio;
Otwa hwee ne nan ntam, na ɔhwee hɔ;
Baabi a otwa hwee no, ɛhɔ ara na odii nkogu.
28 Ɔbea bi de n’ani hwɛɛ mfɛnsere mu,
Sisera maame de n’ani hwɛɛ nkantankantan mu,
‘Adɛn nti na ne teaseɛnam akyɛ saa?
Adɛn nti na ebesi sesɛɛ mentee n’apɔnkɔ nan ase yi?’+
29 Ne* mmea a wodi mu a wonim nyansa paa no bɛma no mmuae;
Yiw, ɔno ara nso bɛkasakasa sɛ,
30 ‘Sesɛɛ wɔrekyɛ nneɛma a wonyae wɔ ɔko mu no,
Ɔsabarima biara, ababaa* baako anaa mmabaa* baanu,
Ntama a wɔahyɛ no aduru, ntama a wɔahyɛ no aduru na wɔde ama Sisera,
Ataade a wɔanwene biribi agu mu, ntama a wɔahyɛ no aduru, ntaade abien a wɔanwene biribi agu mu
Na wɔde agu wɔn a wɔfom nneɛma no kɔn mu.’