Maskil. Mpae a Dawid bɔe bere a na ɔwɔ ɔbodan mu no.+
142 Meteɛm frɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me;+
Misu frɛ Yehowa sɛ ɔnyɛ me adom.
2 Mekɔ n’anim kɔka me dadwen kyerɛ no;
Mekɔ n’anim kɔka m’ahohia kyerɛ no+
3 Bere a me honhom abotow wɔ me mu no.
Ɛba saa a, wokyerɛ m’anammɔn kwan.+
Ɔkwan a mefa so no,
Wɔasum afiri wɔ so de ahintaw me.
4 Hwɛ me nifa so, na wubehu
Sɛ obiara nni hɔ a odwen me ho.+
Minni baabiara a meguan akɔ;+
Me ho nhia obiara.
5 O Yehowa, misu frɛ wo sɛ boa me.
Meka sɛ: “Wone me guankɔbea;+
Me wiase nyinaa ne wo.”
6 Tie me sufrɛ,
Efisɛ mabotow koraa.
Wɔn a wɔtan m’ani no, gye me fi wɔn nsam,+
Na wɔn ho yɛ den sen me.
7 Gye me fi afiase
Na minyi wo din ayɛ.
Ma atreneefo ntwa me ho nhyia,
Efisɛ wo ne me di no yiye.