Mika
6 Mepa mo kyɛw, muntie nea Yehowa reka.
Monsɔre, na monka mo asɛm wɔ mmepɔw anim,
Na nkoko nte mo nne.+
2 O mmepɔw, muntie Yehowa asɛm,*
Asaase nnyinaso a etim hɔ, muntie,+
Efisɛ Yehowa ne ne nkurɔfo anya asɛm;
Israel na ɔne no bedi asɛm:+
3 “Me man, dɛn na mede ayɛ wo?
Na dɛn na mede ayɛ wo a ama woabrɛ?+
Ka ma obiara nte.*
4 Hwɛ, me na miyii wo fii Egypt asaase so;+
Migyee wo fii nkoafi.+
Na mesomaa Mose ne Aaron ne Miriam dii w’anim.+
5 Me man, mepa wo kyɛw, kae nea Moab hene Balak bɔɔ pɔw sɛ ɔbɛyɛ no,+
Ɛne mmuae a Beor ba Baalam de maa no no,+
Nea esii fi Sitim+ kosi Gilgal+ no,
Sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu Yehowa trenee nnwuma.”
6 Dɛn na memfa mmra Yehowa anim?
Dɛn na memfa mmɛkotow Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no?
Memmɛbɔ ɔhyew afɔre mma no?
Anaa memfa anantwi mma a wɔn mu biara adi afe mmra?+
8 O onipa, waka nea eye akyerɛ wo.
Na dɛn na Yehowa rehwehwɛ afi wo hɔ?
9 Yehowa nne refrɛ kurow no;
Wɔn a wonim nyansa besuro wo din.
Muntie abaa no ne nea ɔde abaa no bae no.+
10 Agyapade a wɔbɔɔ apoo nyae no, ebi da so wɔ abɔnefo fi anaa?
Na efa susude* a wɔabɔ to a ɛyɛ abusude nso ɛ?
11 Sɛ mewɔ nsenia* a mede sisi nkurɔfo a, m’abrabɔ ho bɛtew* anaa?
Na mewɔ kotoku a nsisi nkaribo wom nso a, m’abrabɔ ho bɛtew anaa?+
12 Awudisɛm ahyɛ kurow no mu asikafo ma,
Na emufo ka atosɛm;+
Wɔn tɛkrɛma a ɛda wɔn anom no, nnaadaa ayɛ no ma.+
Wobɛtwe wo nneɛma, nanso worentumi nkora so,
Na nea wobɛkora so mpo, mede bɛma sekan.
15 Wubedua aba, nanso worentwa.