Dwom a Wɔde Foro Bepɔw No.
129 “Wɔatan me fi me mmofraase”+
—Afei momma Israel nnye so sɛ—
2 “Wɔatan me fi me mmofraase;+
Nanso wonnii me so nkonim.+
3 Nkurɔfo ama m’akyi ayɛ sɛ asaase a wɔafuntum;+
Wɔatwitwa akã atenten wɔ m’akyi.”
4 Nanso Yehowa teɛ;+
Watwitwa nnebɔneyɛfo nhama mu.+
5 Wɔn a wɔtan Sion nyinaa
De aniwu bɛdan wɔn ho aguan.+
6 Wɔbɛyɛ sɛ sare a ɛwɔ ɔdan atifi;
Wonnya ntutui mpo na akisa;
7 Ɛrentumi nyɛ otwafo nsam ma,
Na nea ɔboaboa ano nso rennya pii wɔ ne nsam.
8 Wɔn a wɔretwam renka sɛ:
“Yehowa nhyira mo.
Yɛde Yehowa din hyira mo.”