Wɔde ma dwom kyerɛfo. Dawid dwom.
20 Ma Yehowa ntie wo ahohia da.
Ma Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban.+
2 Omfi kronkronbea hɔ mmoa wo,+
Na omfi Sion mmeso wo mu.+
3 Ma ɔnkae w’akyɛde afɔre nyinaa,
Na n’ani nsɔ wo hyew afɔre. (Sela)
4 Ɔmma wo wo koma so ade,+
Na ɔmma nea woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ nyinaa mmra mu.
5 Gye a woagye yɛn nti, yebedi ahurusi,+
Na yɛn Nyankopɔn din mu na yɛbɛmoma yɛn frankaa so.+
Ma Yehowa nyɛ w’abisade nyinaa mma wo.
6 Mahu ampa sɛ Yehowa gye nea wasra no no.+
Ofi ne kronkronbea wɔ soro tie no;
Ɔde ne nsa nifa yɛ nnwuma akɛse de gye no.+
7 Ebinom de wɔn werɛ hyɛ nteaseɛnam mu, ebinom nso de wɔn ho to apɔnkɔ so;+
Yɛn de, yɛbɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn din frɛ no.+
8 Wɔadi nkogu na wɔahwehwe ase;
Yɛn de, yɛasɔre agyina yɛn nan so bio.+
9 O Yehowa, gye ɔhene!+
Da a yebesu afrɛ no no, obegye yɛn so.+