Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 1 Korintofo 2
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

1 Korintofo Mu Nsɛntitiriw

      • Paul kaa asɛmpa no wɔ Korinto (1-5)

      • Onyankopɔn nyansa sen wiase nyansa (6-10)

      • Onipa a Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan, ne onipa a odi n’akɔnnɔ akyi (11-16)

1 Korintofo 2:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 1:17
  • +Efe 3:5, 6; Kol 2:2

1 Korintofo 2:2

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ga 6:14

1 Korintofo 2:3

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    7/15/2008, kr. 27

1 Korintofo 2:4

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 15:18, 19; 1Ko 4:20; 1Te 1:5

1 Korintofo 2:5

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    9/1/1983, kr. 8-10

1 Korintofo 2:6

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 14:20; Efe 4:13; Heb 5:14
  • +1Ko 15:24

1 Korintofo 2:7

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “mmere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 16:25, 26; Efe 3:8, 9

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Bɛn Yehowa, kr. 189-198

    Ɔwɛn-Aban,

    6/15/2003, kr. 24-25

    6/1/1997, kr. 13

    8/15/1994, kr. 13

1 Korintofo 2:8

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

  • *

    Anaa “wɔammɔ Awurade a ɔwɔ anuonyam no asɛndua mu.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 7:48; Aso 13:27, 28

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    3/1/1987, kr. 6-7

1 Korintofo 2:9

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 64:4

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Yesaia Nkɔmhyɛ II, kr. 366

    Nyan!,

    6/8/1980, kr. 23-24

1 Korintofo 2:10

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 14:26; 1Yo 2:27
  • +Mt 16:17; Mr 4:11; Efe 3:5; 2Ti 1:9, 10; 1Pe 1:12
  • +Ro 11:33

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    7/15/2010, kr. 20-24

    11/1/2007, kr. 27-29

1 Korintofo 2:11

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “honhom.”

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Nyan!,

    2/8/1998, kr. 14-15

    Ɔwɛn-Aban,

    4/1/1994, kr. 19

1 Korintofo 2:12

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 15:26

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    “Onyankopɔn Dɔ,” kr. 54-56

    Ɔwɛn-Aban,

    10/15/2012, kr. 13

    7/15/2010, kr. 3-4

    10/1/2006, kr. 23-24

    4/1/2004, kr. 9-14

    9/1/1999, kr. 8

    10/1/1997, kr. 25-26

    4/1/1994, kr. 14-19

    1/1/1988, kr. 11, 16

    7/1/1984, kr. 17

1 Korintofo 2:13

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Kol 2:8
  • +Yoh 16:13

1 Korintofo 2:14

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom),

    2/2018, kr. 19

    Ɔwɛn-Aban,

    7/15/1989, kr. 12-13

1 Korintofo 2:15

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 8:5

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom),

    2/2018, kr. 19-20

    Ɔwɛn-Aban,

    7/15/1989, kr. 12-13

1 Korintofo 2:16

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 40:13
  • +Ro 15:5

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom),

    3/2022, kr. 9

    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom),

    2/2018, kr. 22

    Ɔwɛn-Aban,

    10/1/2015, kr. 13

    10/15/2010, kr. 3-7

    7/15/2008, kr. 27

    8/1/2007, kr. 4-7

    3/15/2002, kr. 18

    2/15/2000, kr. 10-25

    9/1/1998, kr. 6

    6/15/1995, kr. 22-23

    3/1/1985, kr. 17-18

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

1 Kor. 2:11Ko 1:17
1 Kor. 2:1Efe 3:5, 6; Kol 2:2
1 Kor. 2:2Ga 6:14
1 Kor. 2:4Ro 15:18, 19; 1Ko 4:20; 1Te 1:5
1 Kor. 2:61Ko 14:20; Efe 4:13; Heb 5:14
1 Kor. 2:61Ko 15:24
1 Kor. 2:7Ro 16:25, 26; Efe 3:8, 9
1 Kor. 2:8Yoh 7:48; Aso 13:27, 28
1 Kor. 2:9Yes 64:4
1 Kor. 2:10Yoh 14:26; 1Yo 2:27
1 Kor. 2:10Mt 16:17; Mr 4:11; Efe 3:5; 2Ti 1:9, 10; 1Pe 1:12
1 Kor. 2:10Ro 11:33
1 Kor. 2:12Yoh 15:26
1 Kor. 2:13Kol 2:8
1 Kor. 2:13Yoh 16:13
1 Kor. 2:15Ro 8:5
1 Kor. 2:16Yes 40:13
1 Kor. 2:16Ro 15:5
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
1 Korintofo 2:1-16

Nea Edi Kan a Ɔde Kɔmaa Korintofo

2 Enti anuanom, bere a mebaa mo nkyɛn no, ɛnyɛ nsɛm akɛse+ anaa nyansa a ɛtra so na mede bɛkaa Onyankopɔn ahintasɛm kronkron+ no kyerɛɛ mo. 2 Na bere a mewɔ mo nkyɛn no, mebɔɔ me tirim sɛ meremfa m’adwene nsi biribiara so, gye Yesu Kristo, ne bɔ a wɔbɔɔ no asɛndua mu no.+ 3 Na mede mmerɛwyɛ ne ehu ne ahopopo bebree na ɛbaa mo nkyɛn; 4 ɛnyɛ anyansasɛm a wɔde dɛfɛdɛfɛ nnipa na mede kasae, na ɛnyɛ ɛno na mede yɛɛ asɛnka adwuma no, na mmom honhom ne tumi ho adanse na mede mae,+ 5 na mo gyidi annyina nnipa nyansa so, na mmom agyina Onyankopɔn tumi so.

6 Na yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔanyin,+ nanso ɛnyɛ wiase yi* nyansa anaa wiase yi mu atumfo a wobeyi wɔn afi hɔ no nyansa.+ 7 Mmom no, Onyankopɔn nyansa a wada no adi wɔ ahintasɛm kronkron+ bi mu no, ɛno ho asɛm na yɛka. Saa nyansa no, Onyankopɔn de siei, na ɔhyehyɛ too hɔ ansa na wiase yi* reba sɛ ɔde bɛhyɛ yɛn anuonyam. 8 Nyansa yi na wiase yi* atumfo no mu biara anhu,+ na sɛ wohui a, anka wɔankum Awurade a ɔwɔ anuonyam no.* 9 Na mmom sɛnea wɔakyerɛw no: “Nneɛma a Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no, ani nhui, na aso ntee, na ɛmmaa nnipa koma mu da.”+ 10 Na yɛn na Onyankopɔn nam ne honhom so+ ayi saa nneɛma no adi akyerɛ yɛn,+ efisɛ honhom no hwehwɛ nneɛma nyinaa mu, Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no+ mpo mu.

11 Onipa betumi ahu nea ɛwɔ ne yɔnko nipa tirim anaa? Daabida. Nea ɛwɔ obi tirim de, onii no koma* nko ara na enim. Saa ara na obiara rentumi nhu nea ɛwɔ Onyankopɔn tirim, gye Onyankopɔn honhom. 12 Yɛn de, ɛnyɛ wiase honhom na yenyae, na mmom honhom a efi Onyankopɔn hɔ,+ sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu nneɛma a Onyankopɔn ayi ne yam de ama yɛn no. 13 Saa nneɛma yi na yɛn nso yɛka; ɛnyɛ nsɛm a wɔde nnipa nyansa kyerɛkyerɛ+ na yɛde ka, na mmom nea wɔde honhom no kyerɛkyerɛ,+ na yɛde honhom mu nsɛm kyerɛkyerɛ honhom mu nneɛma mu.

14 Nanso nea odi n’akɔnnɔ akyi no nnye nneɛma a efi Onyankopɔn honhom mu no ntom, na ɛyɛ nkwaseasɛm ma no; na ɔrentumi nhu mu, efisɛ wɔde honhom na ɛhwehwɛ mu. 15 Na nea Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan de, ɔhwehwɛ nneɛma nyinaa mu,+ nanso ɔno de, onipa biara nhwehwɛ ne mu. 16 Na “hena na wahu Yehowa* adwene a obetumi akyerɛkyerɛ no?”+ Na yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena