Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Asomafo Nnwuma 12
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Asomafo Nnwuma Mu Nsɛntitiriw

      • Wokum Yakobo; wɔde Petro too afiase (1-5)

      • Wɔnam anwonwakwan so yii Petro (6-19)

      • Ɔbɔfo bɔɔ Herode (20-25)

Asomafo Nnwuma 12:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 15:20

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 77-78

    Ɔwɛn-Aban,

    4/15/2007, kr. 22

Asomafo Nnwuma 12:2

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 20:20-23; Lu 11:49
  • +Mt 4:21

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    1/15/2012, kr. 11

    6/1/1990, kr. 13

    Di Adanse, kr. 78

    “Kyerɛwnsɛm Nyinaa,” Ɔfã 16, kr. 12

Asomafo Nnwuma 12:3

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 12:15; 23:15; Le 23:6

Asomafo Nnwuma 12:4

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “obeyi no apue na wadi n’asɛm wɔ ɔman no anim.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 21:12

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    1/15/2012, kr. 11

    6/1/1990, kr. 13

    Di Adanse, kr. 77-78

Asomafo Nnwuma 12:5

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 1:11

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    1/15/2012, kr. 11-12

    Di Adanse, kr. 78-79

Asomafo Nnwuma 12:6

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 77, 79

Asomafo Nnwuma 12:7

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 34:7; Heb 1:7, 14
  • +Aso 5:18, 19

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    1/15/2012, kr. 12

Asomafo Nnwuma 12:8

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “Bɔ w’abɔso; Bɔ w’asen.”

Asomafo Nnwuma 12:10

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “wɔfaa borɔn bi so kɔɔ anim kakra.”

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 83

Asomafo Nnwuma 12:11

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Pe 2:9

Asomafo Nnwuma 12:12

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 13:5; 15:37, 38; Kol 4:10

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    3/15/2010, kr. 6-7

    2/1/2008, kr. 24

    3/1/2000, kr. 16

    Di Adanse, kr. 18, 80, 118

Asomafo Nnwuma 12:13

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    3/15/2010, kr. 7

    Di Adanse, kr. 80-81

Asomafo Nnwuma 12:14

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 80-81

    Ɔwɛn-Aban,

    6/1/1990, kr. 13

Asomafo Nnwuma 12:15

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 80-81

    Ɔwɛn-Aban,

    6/1/2005, kr. 31

    6/1/1990, kr. 13

Asomafo Nnwuma 12:17

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 13:55; Aso 15:13; 21:18; 1Ko 15:7; Ga 1:19; 2:9

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 81, 112

    Ɔwɛn-Aban,

    5/15/1997, kr. 16

    6/1/1990, kr. 13

Asomafo Nnwuma 12:19

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “osian kɔɔ.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 16:27

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 81

    Ɔwɛn-Aban,

    6/1/1990, kr. 13

Asomafo Nnwuma 12:20

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    6/1/1990, kr. 13

Asomafo Nnwuma 12:21

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 81-82

    Ɔwɛn-Aban,

    6/1/1990, kr. 13

Asomafo Nnwuma 12:22

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    2/1/1998, kr. 30

    6/1/1990, kr. 13

Asomafo Nnwuma 12:23

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 82

    Ɔwɛn-Aban,

    6/1/1990, kr. 13

Asomafo Nnwuma 12:24

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 6:7; 19:20; Kol 1:6

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 82

    Ɔwɛn-Aban,

    4/1/2001, kr. 10, 11-12

Asomafo Nnwuma 12:25

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 4:36, 37
  • +Aso 11:29, 30
  • +Aso 13:5; 15:37, 38

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    3/15/2010, kr. 7

    Di Adanse, kr. 118

    “Kyerɛwnsɛm Nyinaa,” Ɔfã 16, kr. 24

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Aso. 12:1Yoh 15:20
Aso. 12:2Mt 20:20-23; Lu 11:49
Aso. 12:2Mt 4:21
Aso. 12:3Ex 12:15; 23:15; Le 23:6
Aso. 12:4Lu 21:12
Aso. 12:52Ko 1:11
Aso. 12:7Dw 34:7; Heb 1:7, 14
Aso. 12:7Aso 5:18, 19
Aso. 12:112Pe 2:9
Aso. 12:12Aso 13:5; 15:37, 38; Kol 4:10
Aso. 12:17Mt 13:55; Aso 15:13; 21:18; 1Ko 15:7; Ga 1:19; 2:9
Aso. 12:19Aso 16:27
Aso. 12:24Aso 6:7; 19:20; Kol 1:6
Aso. 12:25Aso 4:36, 37
Aso. 12:25Aso 11:29, 30
Aso. 12:25Aso 13:5; 15:37, 38
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Asomafo Nnwuma 12:1-25

Asomafo Nnwuma

12 Saa bere no ara mu no, Ɔhene Herode fii ase yɛɛ asafo no mufo bi ayayade.+ 2 Ɔde sekan+ kum Yohane nua Yakobo.+ 3 Bere a ohui sɛ Yudafo no ani agye nea ɔyɛe no ho no, ɔkɔkyeree Petro nso. (Ná ɛyɛ bere a wodi Paanoo a Mmɔkaw* Nnim.)+ 4 Bere a ɔkyeree no no, ɔde no too afiase,+ na ɔmaa asraafo akuw anan wɛn no. Ná asraafo baanan na ɛwɔ kuw biara mu, na wɔwɛn no nnidiso nnidiso. Herode yɛɛ n’adwene sɛ Twam no akyi no, obeyi no apue na ɔde no abegyina ɔman no anim.* 5 Enti, na Petro da afiase, na na asafo no rebɔ Onyankopɔn mpae denneennen ma no.+

6 Anadwo a ade rebɛkye ama Herode ayi Petro apue no, na Petro da asraafo baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn abien agu no. Ná awɛmfo wɔ ɔpon no ano rebɔ afiase no ho ban. 7 Na hwɛ! Yehowa* bɔfo begyinaa hɔ,+ na hann bi hyerɛnee afiase dan no mu. Na ɔbɔfo no prɛw Petro nkyɛnmu nyan no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre ntɛm!” Na nkɔnsɔnkɔnsɔn no fii ne nsa guu fam.+ 8 Ɛnna ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Siesie wo ho* na hyɛ wo mpaboa.” Na ɔyɛɛ saa. Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa w’ataade nguguso hyɛ na di m’akyi.” 9 Na opuei, na odii n’akyi. Nso na onnim sɛ nea ɔbɔfo no reyɛ no yɛ biribi a ɛresi paa. Nokwarem no, na n’adwene yɛ no sɛ ɔrenya anisoadehu. 10 Wotwaam wɔ baabi a edi kan ne baabi a ɛto so abien a awɛmfo gyinagyina no. Afei, wokoduu dade pon a ɛkɔ kurow no mu no ano, na ɔpon no ara bue maa wɔn. Bere a wopuei no, wosii kwantempɔn bi so nantew kakra,* na ɛhɔ ara na ɔbɔfo no gyaw no hɔ kɔe. 11 Bere a Petro ani baa ne ho so no, ɔkae sɛ: “Afei na mahu ampa sɛ Yehowa* na ɔsomaa ne bɔfo sɛ ommegye me mfi Herode nsam, na onyi me mfi biribiara a na Yudafo no pɛ sɛ ɛto me no mu.”+

12 Ohuu eyi no, ɔkɔɔ Yohane a wɔfrɛ no Marko+ no maame Maria fi, na na nnipa dodow bi ahyiam wɔ hɔ rebɔ mpae. 13 Bere a ɔbɔɔ abɔnten pon no mu no, abaawa bi a wɔfrɛ no Roda bae. 14 Bere a ɔtee Petro nne no, n’ani gyei ara ma enti wammue pon no mpo. Mmom otuu mmirika kɔɔ mu, na ɔkɔbɔɔ amanneɛ sɛ Petro gyina abɔnten pon no ano. 15 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Gyama worebɔ dam.” Nanso ɔkɔɔ so ara kae sɛ ɛte saa. Ɛnna wofii ase kae sɛ: “Ɛyɛ ne bɔfo.” 16 Ne nyinaa, na Petro da so ara gyina hɔ rebom. Bere a wobuee pon no, wohuu no, na wɔn ho dwiriw wɔn. 17 Na ɔde ne nsa yɛɛ biribi kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ komm. Afei ɔkaa sɛnea Yehowa* yii no fii afiase no ho asɛm nyinaa kyerɛɛ wɔn, na ɔkae sɛ: “Monkɔka eyinom ho asɛm nkyerɛ Yakobo+ ne anuanom no.” Ɛnna opuei, na ofii hɔ kɔɔ baabi foforo.

18 Bere a ade kyee no, na asraafo no nhu baabi a Petro afa. Enti wɔn ho yeraw wɔn papaapa. 19 Na Herode hwehwɛɛ no denneennen, na bere a wanhu no no, obisabisaa awɛmfo no nea esii. Afei ɔhyɛe sɛ wɔmfa wɔn nkɔ nkɔtwe wɔn aso.+ Na Herode fii Yudea, na ɔkɔɔ* Kaesarea kodii nna kakra wɔ hɔ.

20 Na Herode ani beree Tirofo ne Sidonfo so. Enti wɔyɛɛ baako, ɛnna wɔbaa ne nkyɛn. Na wɔde wɔn asɛm bɛtoo Blasto a ɔhwɛ ɔhene fi so no anim. Na wɔsrɛe sɛ ɔnka bi mma asomdwoe mmra, efisɛ ɔhene no asaase so na na wɔn man nya wɔn aduan. 21 Na da titiriw bi dui, na Herode hyɛɛ ahentaade, na ɔtenaa atemmu agua so. Afei ofii ase kasa kyerɛɛ wɔn. 22 Ɛnna nkurɔfo a wɔahyiam no fii ase teɛteɛɛm sɛ: “Eyi de, ɛyɛ onyame bi nne, na ɛnyɛ onipa nne!” 23 Ɛhɔ ara na Yehowa* bɔfo bɔɔ no, efisɛ wamfa anuonyam no amma Onyankopɔn. Na ɔdɔɔ mmoawa, na owui.

24 Na Yehowa* asɛm kɔɔ so trɛwee,+ na nnipa pii gye dii.

25 Na Barnaba+ ne Saul de, bere a wɔkɔboaa anuanom wɔ Yerusalem wiei no,+ wɔfaa Yohane+ a wɔfrɛ no Marko no kaa wɔn ho san bae.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena