Wɔde ma dwom kyerɛfo. Dawid dwom. Ayeyi dwom.
109 O Onyankopɔn, wo na miyi wo ayɛ;+ nyɛ komm.
2 Efisɛ nnebɔneyɛfo ne nkontompofo bue wɔn ano tia me.
Wɔde atoro tɛkrɛma keka me ho nsɛm;+
3 Wotwa me ho hyia keka nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ me,
Na wɔko tia me kwa.+
4 Wɔsɔre tia me de tua me dɔ so ka;+
Nanso me de, mpae ara na mebɔ.
5 Wɔde bɔne tua me papayɛ so ka,+
Na wɔde ɔtan tua me dɔ so ka.+
6 Ma ɔdebɔneyɛfo nni no so;
Ma ɔsɔretiafo nnyina ne nsa nifa so.
7 Sɛ wobu no atɛn a, ma onni fɔ;
Ne mpaebɔ mpo, ma wommu no sɛ ɛyɛ bɔne.+
8 Ma ne nna nyɛ kakraa bi;+
Ne hwɛfo adwuma no, ma obi foforo nyɛ.+
9 Ma ne mma nyɛ nnyanka
Na ne yere nyɛ okunafo.
10 Ma ne mma nkyinkyin nsrɛsrɛ ade;
Ma womfi wɔn amamfo so nkɔhwehwɛ aduan.
11 Sɛ ɛka na ɔde obi a, ma onii no nnye ne ho nneɛma nyinaa,
Na ma ahɔho mfom n’agyapade.
12 Mma obiara nnna ayamye adi nnkyerɛ no,
Na ne mma a wɔayɛ nnyanka no, mma obiara nnhu wɔn mmɔbɔ.
13 Ma n’asefo ase nhyew.+
Ma wɔmpopa wɔn din mfi awo ntoatoaso mu.
14 Ma Yehowa nkae n’agyanom mfomso,+
Na ne maame bɔne nso, mma wɔmmpopa mmfi hɔ.
15 Ma Yehowa nkae wɔn mfomso daa;
Ɔmpopa wɔn din mfi asaase so;+
16 Efisɛ wankae anna adɔe adi,+
Na mmom mmɔborɔwafo, ahiafo, ne wɔn a wɔn koma abubu na ɔtaa wɔn so+
Sɛnea ɛbɛyɛ a obekum wɔn.+
17 Nea na ɔpɛ ara ne sɛ ɔbɛdome nkurɔfo, enti nnome baa no so;
N’ani annye ho sɛ obehyira nkurɔfo, enti wannya nhyira biara;
18 Nnome furaa no sɛ ntama.
Ebeguu no so sɛ nsu;
Eguu ne nnompe mu sɛ ngo.
19 Ma nnome mfura no sɛ ntama,+
Na ɛnyɛ sɛ abɔso a ɔde bɔ n’asen daa.
20 Eyi ne akatua a Yehowa de bɛma nea ɔne me di asi,+
Ne wɔn a wɔka me ho nsɛmmɔne.
21 Nanso wo Awurade Tumfo Yehowa,
Wo din nti,+ di m’asɛm ma me.
Gye me, efisɛ wo dɔ a enni huammɔ nni ano.+
22 M’asɛm yɛ mmɔbɔ na ahia me,+
Na me koma abubu.+
23 Mete sɛ sunsuma a ɛretwam akɔ;
Wɔaporow me agu sɛ ntutummɛ.
24 Akɔnkyen nti, me nkotodwe hinhim;
Mafɔn ayɛ ketekete, na merehi.
25 Nkurɔfo tweetwee me.+
Wohu me a, wɔwosow wɔn ti.+
26 O Yehowa, me Nyankopɔn, boa me;
Wo dɔ a enni huammɔ nti, gye me.
27 Ma wonhu sɛ ɛyɛ wo nsa na agye me;
O Yehowa, ma wonhu sɛ wo na woayɛ.
28 Ma wɔnnome me, nanso wo de, hyira me.
Sɛ wɔsɔre tia me a, ma wɔn ani nwu;
Nanso w’akoa de, ma onni ahurusi.
29 Ma wɔn a wɔne me di asi no mfura animguase,
Na wɔnhyɛ aniwu sɛ ataade.+
30 Mede m’ano beyi Yehowa ayɛ paa;
Meyi no ayɛ wɔ nnipa bebree mu.+
31 Efisɛ obegyina ohiani nsa nifa so,
Na wagye no afi wɔn a wɔkasa tia no no nsam.