Hiob
40 Yehowa toaa so bisaa Hiob sɛ:
2 “Obi a ɔhwehwɛ mfomso betumi ne ade nyinaa so Tumfo no aham anaa?+
Ma nea ɔpɛ sɛ ɔteɛ Onyankopɔn no mmua.”+
3 Ɛnna Hiob buaa Yehowa sɛ:
Ɛdɛn na mede beyi wo ano?
Mede me nsa ato m’ano.+
5 Makasa pɛnkoro, na merenkasa bio;
Makasa mprenu, na merenka hwee bio.”
6 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Hiob wɔ ahum no mu sɛ:+
8 Wubetumi anya asɛm aka wɔ m’atɛntrenee ho anaa?*
Wubebu me fɔ na ama woadi bem?+
10 Fa anuonyam ne kɛseyɛ hyehyɛ wo ho;
Fa nidi ne ahoɔfɛ fura.
11 Yi abufuw kɛse a ɛwɔ wo mu no nyinaa bra;
Hwɛ obiara a ɔyɛ ahantan na brɛ no ase.
12 Hwɛ obiara a ɔyɛ ahantan, na gu n’anim ase,
Na tiatia abɔnefo so wɔ baabi a wogyina.
13 Fa wɔn nyinaa sie mfuturu mu;
Kyekyere wɔn* wɔ ahintawee mu,
14 Na anka me koraa mɛka akyerɛ wo*
Sɛ wo nsa nifa betumi agye wo.
15 Hwɛ Behemot.* Me na meyɛɛ no, ɛne wo nyinaa.
Ɔwe wura sɛ nantwi.
16 Hwɛ ahoɔden a ɛwɔ n’asen mu,
Na hwɛ n’ahoɔden a ɛwɔ ne yafunu ntini mu!
17 Ɔma ne dua mu yɛ den sɛ sida dua;
Ne srɛ mu ntini abobare ho.
18 Ne nnompe te sɛ kɔbere dorobɛn;
Ne nan te sɛ dade.
19 Onyankopɔn nnwuma nyinaa mu no, biribiara ne no nsɛ;*
Ne Bɔfo no nko ara na obetumi de ne sekan
akɔ no so.
20 Mmepɔw so na onya n’aduan;
Ɛhɔ na wuram mmoa nyinaa di agoru.
22 Nsɔe nnua ma onya onwini,
Na obon ano nnua twa ne ho hyia.
23 Asubɔnten rebu fa so denneennen mpo a, ne ho mpopo.
Sɛ Yordan+ yiri sram so mpo a, onsuro.