Dawid dwom.
143 O Yehowa, tie me mpaebɔ;+
Yɛ aso tie me sufrɛ.
Wo nokwaredi ne wo trenee nti, gye me so.
2 Mfa w’akoa nnyina w’anim nnni m’asɛm,
Efisɛ ɔteasefo biara rentumi nni bem w’anim.+
3 Atamfo taataa me;
Wɔatiatia me nkwa so wɔ fam.
Wɔama matena sum mu te sɛ nnipa a wɔawuwu dedaadaw.
4 Me honhom abotow;+
Na me koma nso akyenkyen wɔ me mu.+
5 Mekae tete mmere mu;
Midwinnwen wo nnwuma nyinaa ho;+
Wo nsa ano adwuma nso misusuw ho.
6 Metrɛw me nsam kyerɛ wo;
Mayɛ sɛ asaase wosee a ɛrepɛ nsu.+ (Sela)
7 O Yehowa, yɛ ntɛm gye me so.+
M’ahoɔden asa.+
Mfa w’anim nhintaw me,+
Anyɛ saa a mɛyɛ sɛ wɔn a wosian kɔ amoa mu.+
8 Ma mente wo dɔ a enni huammɔ ho asɛm anɔpa,
Efisɛ mede me ho ato wo so.
Kyerɛ me ɔkwan a memfa so,+
Na wo na m’ani da wo so.
9 O Yehowa, gye me fi m’atamfo nsam.
Wo nkyɛn na mehwehwɛ ahobammɔ.+
10 Kyerɛkyerɛ me ma menyɛ nea wopɛ,+
Na wone me Nyankopɔn.
Wo honhom ye;
Ma ɛnkyerɛ me kwan mfa baabi a ɛhɔ da fam.
11 O Yehowa, wo din nti, kora me nkwa so.
Wo trenee nti, gye me fi ahohia mu.+
12 Wo dɔ a enni huammɔ nti, ma m’atamfo ase nhyew;+
Sɛe wɔn a wɔtan m’ani nyinaa,+
Efisɛ meyɛ w’akoa.+