Ester
4 Bere a Mordekai+ tee nea asi nyinaa no,+ osuan n’ataade mu, na ofuraa awerɛhow ntama* de nsõ guu ne ho. Afei opue kogyinaa kurow no mfinimfini, na osui paa; osui yayaayaw. 2 Ɔkɔe koduu ɔhene no pon ano, nanso wantra, efisɛ na ɛnsɛ sɛ obiara de awerɛhow ntama wura ɔhene pon no mu. 3 Na ɔmantam biara+ a wɔtee ɔhene asɛm ne ne mmara no wɔ hɔ no, Yudafo a ɛwɔ hɔ no dii awerɛhow paa, wɔyɛɛ akɔnkyen,*+ na wosu teɛteɛɛm. Wɔn mu pii dedaa awerɛhow ntama* so ne nsõ mu.+ 4 Bere a Ester mmaawa ne n’asomfo* no bɛka kyerɛɛ no no, asɛm no haw ɔhemmaa paa. Ɛnna ɔsoma ma wɔde ntaade kɔmaa Mordekai sɛ ɔnhyɛ na onyi awerɛhow ntama* no, nanso wannye. 5 Ɛnna Ester frɛɛ Hatak, ɔhene asomfo* no baako a ɔhene ayi no sɛ ɔnsom no no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ onkobisa Mordekai nea enti a ɔreyɛ saa ne nea asi.
6 Enti Hatak kɔɔ Mordekai nkyɛn wɔ kurow no abɔnten so wɔ ɔhene pon no anim. 7 Na Mordekai kaa nea ato no nyinaa kyerɛɛ no, na sika dodow+ a Haman ahyɛ bɔ sɛ obetua agu ɔhene foto mu sɛ wɔmfa nsɛe Yudafo no nso, ɔka kyerɛɛ no.+ 8 Afei nso, mmara a wɔkyerɛwee wɔ krataa so a wɔhyɛe wɔ Susan*+ sɛ wɔnhyew wɔn ase no, ɔde bi maa no. Ɔkae sɛ ɔmfa nkyerɛ Ester, na ɔnkyerɛkyerɛ mu nkyerɛ no, na ɔnka nkyerɛ no sɛ+ ɔnkɔ ɔhene anim nkɔsrɛ no sɛ onhu wɔn mmɔbɔ, na ɔmpa kyɛw mma ne manfo.
9 Afei Hatak san bae, na ɔbɛkaa nea Mordekai kae no kyerɛɛ Ester. 10 Ɛnna Ester somaa Hatak sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Mordekai+ sɛ: 11 “Ɔhene nkoa ne nnipa a ɛwɔ ɔhene no amantam mu nim sɛ, sɛ ɔhene mfrɛɛ wo na wokɔ n’anim wɔ ahemfi hɔ+ a, ɔbarima oo, ɔbea oo, mmara baako pɛ na ɛwɔ hɔ: Wobekum wo; sɛ wubenya wo ti adidi mu a, gye sɛ ɔhene de ne sika kɔkɔɔ poma kyerɛ wo so ansa.+ Nanso nnafua 30 ni, ɔhene mfrɛɛ me sɛ memmra ne nkyɛn.”
12 Bere a wɔkɔkaa Ester asɛm no kyerɛɛ Mordekai no, 13 ɔde mmuae kɔmaa Ester sɛ: “Mma w’adwene nnyɛ wo sɛ wote ahemfi nti nea ɛbɛba Yudafo a aka nyinaa so no, ebi rentumi nka wo. 14 Sɛ woanka ho hwee saa bere yi a, Yudafo benya ogye ne mmoa afi baabi foforo,+ na wo ne wo papa fifo de, mubewuwu. Na hena na onim, ebia eyi* nti na woabɛyɛ ɔdehye yi.”+
15 Ɛnna Ester soma kɔka kyerɛɛ Mordekai sɛ: 16 “Kɔ na kɔboaboa Yudafo a wɔwɔ Susan* nyinaa ano, na monyɛ akɔnkyen+ mma me. Munnnidi na monnnom nnansa,+ awia ne anadwo. Me nso me ne me mmaawa bɛyɛ akɔnkyen. Mmara mma kwan sɛ mekɔ ɔhene anim, nanso mɛkɔ; miwu a, na mawu.” 17 Enti Mordekai siim kɔe, na ɔkɔyɛɛ nea Ester kae sɛ ɔnyɛ nyinaa.