135 Munyi Yah ayɛ!
Munyi Yehowa din ayɛ;
Yehowa nkoa, munyi no ayɛ,+
2 Mo a mugyina Yehowa fi,
Yɛn Nyankopɔn fi adiwo no.+
3 Munyi Yah ayɛ, efisɛ Yehowa ye.+
Monto ayeyi nnwom mma ne din, na ɛyɛ dɛ.
4 Efisɛ Yah apaw Yakob ayɛ ne de;
Ɔde Israel ayɛ n’agyapade titiriw.+
5 Minim sɛ Yehowa yɛ kɛse;
Yɛn Awurade yɛ kɛse kyɛn anyame nyinaa.+
6 Nea ɛsɔ Yehowa ani biara no, ɔyɛ+
Wɔ ɔsoro ne asaase so, ɛpo ne ebun nyinaa mu.
7 Ɔma mununkum fi asaase anoano foro kɔ soro;
Ɔyɛ anyinam ka osu ho,
Na ɔde mframa fi n’adekora adan mu ba.+
8 Nnipa ne mmoa nyinaa,
Okunkum wɔn mmakan wɔ Egypt.+
9 O Egypt, ɔsomaa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade baa wo mu;+
Ɛbaa Farao ne ne nkoa nyinaa so.+
10 Ɔsɛee aman bebree,+
Na okunkum ahemfo a wɔyɛ den+
11 Te sɛ Amorifo hene Sihon+
Ne Basan hene Og,+
Na ɔsɛee Kaanan ahenni nyinaa.
12 Ɔde wɔn asaase maa ne nkurɔfo sɛ agyapade;
Ɔde maa Israel sɛ agyapade.+
13 O Yehowa, wo din wɔ hɔ daa.
O Yehowa, wo din bɛtrɛw afi awo ntoatoaso so akosi awo ntoatoaso nyinaa so.+
14 Efisɛ Yehowa betwitwa agye ne nkurɔfo,+
Na obehu ne nkoa mmɔbɔ.+
15 Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ,
Onipa nsa ano adwuma.+
16 Wɔwɔ ano, nanso wɔnkasa;+
Wɔwɔ aniwa, nanso wonhu ade;
17 Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm.
Wɔwɔ hwene nanso wɔnhome.+
18 Nnipa a wɔyɛ saa ahoni no, wɔbɛyɛ sɛ ahoni no ara,+
Na obiara a ɔde ne ho to ahoni no so no, ɔno nso bɛyɛ sɛ ahoni no ara.+
19 O Israel fi, munyi Yehowa ayɛ.
O Aaron fi, munyi Yehowa ayɛ.
20 O Lewi fi, munyi Yehowa ayɛ.+
Mo a musuro Yehowa, munyi Yehowa ayɛ.
21 Yehowa a ɔte Yerusalem no,+
Ma womfi Sion nyi no ayɛ.+
Munyi Yah ayɛ!+