Hiob
4 Ɛnna Elifas+ a ofi Teman no kae sɛ:
2 “Sɛ obi yɛ sɛ ɔreka asɛm bi akyerɛ wo a, ɛbɛyɛ wo ahometew anaa?
Na hena na obetumi aka sɛ ɔrenkasa?*
3 Ampa, woateɛ nnipa pii so,
Na woahyɛ nsa a emu agow den.
4 Nea ɔrehwe ase no, wo nsɛm ma ɔsɔre gyinaa hɔ,
Na wɔn a wɔn nkotodwe ahodwow no, wohyɛɛ wɔn den.
5 Afei a ebi ato wo yi, woabotow;
Ebi kaa wo yi de, w’abam abu.
6 Sɛ wusuro Onyankopɔn a, ɛnde adɛn na wunni ahotoso?
Sɛ w’abrabɔ di mu a,+ ɛnde adɛn na wunni anidaso?
7 Mepa wo kyɛw, kaakae wo tirim: Woahu sɛ wɔasɛe obi a ne ho nni asɛm da?
Da bɛn na wuhui sɛ wɔakum onipa trenee?
9 Onyankopɔn home sɛe wɔn,
Na n’abufuhyew ma wɔn awiei ba.
11 Nam a enni hɔ nti, gyata wu,
Na gyata mma bɔ hwete.
12 Metee asɛm bi wɔ kokoam,
Na etwaa m’asom ketewaa bi.
13 Anadwo a nnipa ada hatee no,
Minyaa anisoadehu bi a ɛhaw m’adwene,
14 Ahopopo kɛse bi tew sii me so,
Na ehu hyɛɛ me nnompe nyinaa ma.
15 Honhom bi betwaam wɔ m’anim;
Me ho nwi sɔresɔree.
16 Honhom no begyinaa hɔ dinn,
Nanso manhu sɛnea ɛte papa.
Biribi begyinaa m’anim;
Ɛhɔ tɛm dinn, na afei metee nne bi sɛ:
17 ‘Wohwɛ a, onipa dasani betumi ateɛ asen Onyankopɔn?
Ɔbarima ho betumi atew asen ne Bɔfo?’
19 Ɛnde wohwɛ a, wɔn a wɔtete dɔtedan mu,
Wɔn a wɔn fapem yɛ dɔte no,+ obebu wɔn dɛn?
Wɔyam wɔn ntɛm sen abubummabaa!
20 Wɔwɔ hɔ anɔpa, ebedu anwummere no, na wɔayam wɔn koraa;
Wɔyera korakora, na ɛmfa obiara ho.
21 Wɔte sɛ ntamadan a wɔatwetwe mu nhama ama atutu agu fam;
Wowuwu a wonnim nyansa biara.