ESTER
1 Ahasweros* bere so, kyerɛ sɛ, Ahasweros a odii amantam 127 so+ fi India kosi Etiopia* no bere so, 2 bere a Ɔhene Ahasweros te n’ahengua so wɔ Susan*+ abankɛse* mu, 3 wɔ n’ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, ɔtow pon maa ne mpanyimfo ne ne nkoa nyinaa. Ná Persia+ ne Media+ asraafo, abirɛmpɔn, ne amradofo a wɔhwɛ amantam no so ahyia wɔ n’anim, 4 na ɔde agyapade a ɛwɔ n’ahenni kɛse no mu, ne n’anuonyam, ne ne nidi ne ne kɛseyɛ kyerɛɛ wɔn nna pii, nnafua 180. 5 Bere a saa nna no baa awiei no, ɔhene no tow pon nnanson wɔ ahemfi turo no adiwo hɔ maa nnipa a wɔwɔ Susan* abankɛse* no mu nyinaa, efi ɔkɛse so kosi akumaa so. 6 Ná nwera, ntama pa, ne ntama bruu a wɔde nhama fɛfɛɛfɛ abobom sensɛn hɔ, na na nhama afasebiri a wɔde dwetɛ nkawa asuso mu nso sensɛn hɔ. Ná abohemmaa adum wɔ hɔ, na na wɔde abo hyɛnhyɛn, abohemmaa, aboɔden abo, ne abohemmaa tuntum asiesie fam de sika kɔkɔɔ ne dwetɛ mpa asisi so.
7 Sika kɔkɔɔ nkuruwa* mu na wɔnom nsã; ɛsono sɛnea na kuruwa biara te. Ahemfo nsã buu so wɔ hɔ, sɛnea ɔhene ahoɔden betumi. 8 Mmara a na ɛwɔ nsã no ho ne sɛ, obiara nnhyɛ obi,* efisɛ na ɔhene aka akyerɛ n’ahemfi mpanyimfo no sɛ obiara nyɛ nea ɔpɛ.
9 Ɔhemmaa Wasti+ nso tow pon maa mmea a wɔwɔ Ɔhene Ahasweros ahemfi hɔ no.
10 Da a ɛto so ason, bere a nsã ama ɔhene no ani agye* no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona,+ Bigta, Abagta, Seta, ne Karkas, ahemfi mpanyimfo baason a wɔsom Ɔhene Ahasweros no sɛ, 11 wɔnkɔfa Ɔhemmaa Wasti a ɔbɔ ahemmotiri* mmra ɔhene anim, na ɔmfa n’ahoɔfɛ mmɛkyerɛ ɔman no ne abirɛmpɔn no, efisɛ na ne ho yɛ fɛ paa. 12 Nanso bere a ahemfi mpanyimfo kɔkaa ɔhene asɛm no kyerɛɛ Ɔhemmaa Wasti no, wɔyɛɛ biara, nanso wamma. Eyi nti, ɔhene no bo fuwii paa, na ne koko paee.
13 Na ɔhene no ne anyansafo a wonim sɛnea wodii tete nsɛm bi* kasae (efisɛ saa na na ɔhene de n’asɛm to wɔn a wonim mmara ne asɛnni mu yiye no anim. 14 Wɔn a na wɔbɛn ɔhene no paa ne Karsena, Setar, Admata, Tarsis, Meres, Marsena, ne Memukan. Wɔyɛ Persia ne Media abirɛmpɔn baason+ a na wotumi kɔ ɔhene anim, na wɔn na na wokura dibea akɛse paa wɔ ahenni no mu). 15 Na ɔhene bisae sɛ: “Ɔhene Ahasweros asɛm a ɔsomaa ahemfi mpanyimfo kɔka kyerɛɛ Ɔhemmaa Wasti no, wantie. Enti mohwɛ mmara mu a, ɛdɛn na yɛmfa nyɛ no?”
16 Ɛnna Memukan kae wɔ ɔhene ne abirɛmpɔn no anim sɛ: “Ɛnyɛ ɔhene nko ara na Ɔhemmaa Wasti ayɛ no bɔne,+ na mmom wayɛ bɔne atia abirɛmpɔn no nyinaa ne nnipa no nyinaa, nnipa a ɛwɔ amantam a ɛhyɛ Ɔhene Ahasweros ase nyinaa mu no nso. 17 Efisɛ nea ɔhemmaa no ayɛ yi, mmea awarefo nyinaa bɛte, na wobebu wɔn kununom animtiaa na wɔaka sɛ, ‘Ɔhene Ahasweros kae sɛ wɔnkɔfa Ɔhemmaa Wasti mmra n’anim, nanso wamma.’ 18 Ɛnnɛ yi ara, Persia ne Media mmea a wɔyɛ adehye a wɔate nea ɔhemmaa no ayɛ yi, saa ara na wɔbɛkasa akyerɛ ɔhene no abirɛmpɔn nyinaa, na ɛde aniammɔnho ne abufuw pii bɛba. 19 Enti sɛ ɔhene bɛpene so a, anka ɔnhyɛ mmara, na wɔnkyerɛw nka Persia ne Media mmara a obiara ntumi nsesa no+ no ho, na Wasti ansi Ɔhene Ahasweros anim bio; na ɔhemmaa a odi no nso, ɔhene mfa mma ɔbea foforo a ɔyɛ papa sen no. 20 Na sɛ obiara te ɔhene mmara yi wɔ baabiara a ɔhene di tumi no a, ɛbɛma mmea awarefo nyinaa de nidi ama wɔn kununom, efi ɔkɛse so kosi akumaa so.”
21 Na asɛm no tɔɔ ɔhene ne abirɛmpɔn no asom, na ɔhene yɛɛ nea Memukan kae no. 22 Enti ɔsomae ma wɔde nkrataa kɔɔ ɔhene no amantam no nyinaa mu.+ Ɔmantam biara, wɔkyerɛw no sɛnea wɔn nkyerɛwee te, na ɔman biara nso, wɔkyerɛw no sɛnea wɔn kasa te. Nkrataa no kyerɛe sɛ, okunu biara nyɛ ne fi so panyin,* na ɔnka ne kurom kasa wɔ hɔ.
2 Nsɛm yi akyi, bere a Ɔhene Ahasweros+ bo dwoe no, ɔkaee nea Wasti yɛe+ ne nea wɔkae sɛ wɔde bɛyɛ no no.+ 2 Ɛnna ɔhene asomfo no kae sɛ: “Ma wɔnhwehwɛ mmabaa ahoɔfɛfo a wɔyɛ mmaabun mma ɔhene. 3 Na ma ɔhene mpaw ananmusifo wɔ amantam a ɛhyɛ n’ase no nyinaa mu,+ na wɔmmoaboa mmabaa ahoɔfɛfo a wɔyɛ mmaabun ano, na wɔmfa wɔn mmra mmea fi* a ɛwɔ Susan* abankɛse* mu no mu. Afei wɔmfa wɔn nhyɛ ɔhene somfo Hegai*+ a ɔhwɛ mmea so no nsa, na wɔmfa nnuru nsrasra wɔn ho mma wɔn ho nyɛ fɛ. 4 Na ababaa a ɔhene ani begye ne ho paa no, ɔno na obesi Wasti anan ayɛ ɔhemmaa.”+ Asɛm no tɔɔ ɔhene asom, na saa na ɔyɛe.
5 Ná Yudani barima bi wɔ Susan*+ abankɛse* no mu a ne din de Mordekai.+ Ná ne papa ne Yair a ɔyɛ Simei ba, na na Simei nso papa ne Kis, Benyaminni+ no. 6 Ná ɔka* nnipa a Babilon hene Nebukadnesar faa wɔne Yuda hene Yekonia*+ fii Yerusalem kɔe no ho. 7 Mordekai na na ɔhwɛ ne papa nua barima ba Hadasa,* a wɔsan frɛ no Ester no,+ efisɛ na Ester nni papa nni maame. Ná ababaa no bɔ si, na na ne ho yɛ fɛ paa. Bere a ne maame ne ne papa wui no, Mordekai faa no sɛ ne ba. 8 Bere a wɔde ɔhene asɛm ne ne mmara no too gua no, wɔboaboaa mmabaa pii ano baa Susan* abankɛse* no mu de wɔn bɛhyɛɛ Hegai nsa. Wɔde Ester nso baa ahemfi hɔ bɛhyɛɛ Hegai a ɔhwɛ mmea so no nsa.+
9 Bere a ohuu ababaa no, n’ani gyee ne ho, na ɔpɛɛ n’asɛm,* enti ntɛm ara na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔmfa nnuru nsrasra no mma ne ho nyɛ fɛ,+ na wɔmma no nnuan pa. Na oyii mmabaa baason fii ahemfi hɔ maa no sɛ wɔnsom no. Afei nso, wɔde ɔne mmabaa a wɔsom no no kɔtenaa baabi pa wɔ mmea fi* hɔ. 10 Ester anka ne man anaa n’abusuafo ho asɛm biara,+ efisɛ na Mordekai+ aka akyerɛ no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔka kyerɛ obiara.+ 11 Da biara, na Mordekai kɔnantenantew mmea fi* adiwo no anim hwɛ sɛnea Ester ho te ne nea wɔde reyɛ no.
12 Wɔmaa ababaa biara huu da a ɔde ne ho bɛkɔ akɔkyerɛ Ɔhene Ahasweros, bere a wɔde nnuru asrasra no asiesie no abosome dumien sɛnea wɔakyerɛ sɛ wɔnyɛ mmea no. Saa kwan yi na na wɔfa so de nnuru srasra wɔn ma wɔn ho yɛ fɛ: ná wɔde kurobow+ ngo srasra wɔn abosome asia, na na wɔde balsam ngo+ ne nnuru foforo a ɛbɛma wɔn ho ayɛ fɛ nso srasra wɔn abosome asia. 13 Wɔyɛ eyinom wie a, afei de na ababaa no betumi akɔ ɔhene no anim. Sɛ ofi mmea fi* hɔ rekɔ ahemfi hɔ a, biribiara a obebisa no, wɔde ma no. 14 Ɔkɔ ɔhene nkyɛn anwummere, anɔpa na waba mmea fi* a ɛto so abien no mu, nea ɛhyɛ ɔhene somfo Saasgas* a ɔhwɛ ne mpenafo* so+ no nsa no. Ɔrenkɔ ɔhene no nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no ani gye ne ho paa na ɔhyɛ da bɔ ne din sɛ ɔmmra.+
15 Na bere a eduu Ester a ɔyɛ Mordekai papa nuabarima Abihail ba, a Mordekai de no yɛɛ ne ba+ so sɛ ɔba ɔhene nkyɛn no, wammisa biribiara, gye nea ɔhene somfo Hegai* a ɔhwɛ mmea so no kae no. (Saa bere yi nyinaa na obiara a obehu Ester no pɛ n’asɛm). 16 Wɔde Ester kɔɔ Ɔhene Ahasweros nkyɛn wɔ n’ahemfi hɔ bosome a ɛto so du a ɛne Tebet* no mu, n’ahenni afe a ɛto so ason+ mu. 17 Na ɔhene no dɔɔ Ester sen mmea a aka no nyinaa, na ɔpɛɛ n’asɛm gyee no toom* sen mmaabun a aka no nyinaa. Enti ɔde ahemmotiri* bɔɔ no, na ɔyɛɛ no ɔhemmaa+ de no sii Wasti anan.+ 18 Na ɔhene tow pon kɛse bi maa n’abirɛmpɔn ne ne nkoa; ɛyɛ apontow a ɔde hyɛɛ Ester anuonyam. Afei ɔde too gua sɛ amantam a ɛhyɛ n’ase no mufo mfa wɔn ho nni, na ɔhene kyekyɛɛ nneɛma pii sɛnea n’ahoɔden betumi.
19 Bere a wɔboaboaa mmaabun*+ ano ne mprenu so no, na Mordekai te ɔhene no pon ano. 20 Ester anka biribiara amfa n’abusuafo ne ne man ho+ sɛnea na Mordekai aka akyerɛ no no. Ester toaa so yɛɛ nea Mordekai kae nyinaa, te sɛ bere a na ɔte ne nkyɛn no.+
21 Saa nna no mu no, bere a na Mordekai te ɔhene pon ano no, Bigtan ne Teres a wɔyɛ ahemfi mpanyimfo a wɔhwɛ pon no ano no bo fuwii, na wɔbɔɔ pɔw sɛ wobekum* Ɔhene Ahasweros. 22 Nanso Mordekai tee ho asɛm, na ntɛm ara na ɔkɔka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester. Ɛnna Ester nso kaa ho asɛm kyerɛɛ ɔhene wɔ Mordekai din mu. 23 Enti wɔhwehwɛɛ asɛm no mu, na wohui sɛ ɛte saa, enti wɔsɛn mmarima baanu no wɔ dua so. Na wɔkyerɛw eyinom nyinaa wɔ wɔn abakɔsɛm nhoma mu wɔ ɔhene no anim.+
3 Eyi akyi no, Ɔhene Ahasweros maa Agagni+ Hamedata ba Haman dibea kɛse,+ na ɔhyɛɛ no anuonyam. Nea ɔyɛe ne sɛ, ɔmaa n’agua bɛyɛɛ kɛse sen abirɛmpɔn a wɔka ne ho nyinaa.+ 2 Ná ɔhene nkoa a wɔwɔ ɔhene pon ano nyinaa bɔ wɔn mu ase kotow Haman, efisɛ na ɔhene ahyɛ mmara sɛ wɔnyɛ no saa. Nanso Mordekai de, na ɔmmɔ ne mu ase mma no, na na ɔnkotow no. 3 Enti ɔhene nkoa a wɔwɔ pon ano no bisaa Mordekai sɛ: “Adɛn nti na wunni ɔhene mmara so?” 4 Da biara, na wɔne no ka ho asɛm, nanso wantie wɔn. Enti wɔne Haman kaa ho asɛm hwɛe sɛ, nea Mordekai reyɛ no, ɛsɛ sɛ wɔsosɔ so anaa,+ efisɛ na waka akyerɛ wɔn sɛ ɔyɛ Yudani.+
5 Na bere a Haman hui sɛ Mordekai mpɛ sɛ ɔbɔ ne mu ase ma no na ɔkotow no no, Haman bo fuwii paa.+ 6 Nanso ɛnyɛ Mordekai nko ara na na ɔpɛ sɛ okum no,* efisɛ na wɔakyerɛ no ɔman a Mordekai fi mu. Enti Haman fii ase hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so akunkum Yudafo no nyinaa, Mordekai nkurɔfo a ɛwɔ Ahasweros ahenni mu baabiara no nyinaa.
7 Ɔhene Ahasweros ahenni afe a ɛto so 12,+ bosome a edi kan a ɛne Nisan* mu no, wɔbɔɔ Pur+ (kyerɛ sɛ, Ntonto) wɔ Haman anim de hwɛɛ ɛda ne bosome a wɔde bɛyɛ, na esii bosome a ɛto so 12, kyerɛ sɛ, Adar.*+ 8 Afei Haman ka kyerɛɛ Ɔhene Ahasweros sɛ: “Nkurɔfo bi wɔ hɔ a wɔabɔ ahwete amantam a ɛhyɛ w’ase no nyinaa mu.+ Wɔn mmara yɛ soronko koraa, ɛnte sɛ aman a aka no de, na wɔmfa ɔhene mmara nyɛ hwee. Sɛ ɔhene gyaa wɔn saa a, ɛremmoa no. 9 Sɛ ɛbɛyɛ yiye ama ɔhene a, anka ma wɔnhyɛ mmara* sɛ wonkunkum wɔn. Metua dwetɛ dwetikɛse* 10,000 ama mpanyimfo no ama wɔde agu ɔhene foto mu.”*
10 Ɛnna ɔhene yii n’ahyɛnsode kawa fii ne nsa,+ na ɔde maa Agagni+ Hamedata ba Haman,+ Yudafo tamfo no. 11 Na ɔhene ka kyerɛɛ Haman sɛ: “Wɔde dwetɛ ne nkurɔfo no ahyɛ wo nsa; yɛ wɔn sɛnea wopɛ biara.” 12 Afei bosome a edi kan no da a ɛto so 13 no, wɔfrɛfrɛɛ ɔhene akyerɛwfo.+ Wɔkyerɛw+ nea Haman kae no nyinaa kɔmaa ɔhene asoafo ne amradofo a wɔhwɛ amantam ahorow no so, ne abirɛmpɔn a wɔwɔ aman no mu no. Wɔkyerɛw no sɛnea ɔman biara nkyerɛwee ne wɔn kasa te. Wɔkyerɛwee wɔ Ɔhene Ahasweros din mu, na wɔde ɔhene ahyɛnsode kawa tim so.+
13 Wɔsomaa nkurɔfo ma wɔde nkrataa no kɔɔ ɔhene no amantam no nyinaa mu, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhyew Yudafo no nyinaa ase, wonkunkum wɔn, na wɔnsɛe wɔn; mmerante ne nkwakoraa, mmofra ne mmea nyinaa, wonkunkum wɔn da koro, bosome a ɛto so 12 a ɛne Adar no da a ɛto so 13 no,+ na wɔmfa wɔn agyapade nyinaa.+ 14 Ná krataa no mu nsɛm bɛyɛ mmara wɔ ɔmantam biara mu, na na wɔbɛbɔ no dawuru wɔ aman no nyinaa mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wobesiesie wɔn ho ama saa da no. 15 Abɔfo no de ahoɔhare kɔe+ sɛnea ɔhene kae no, na wɔhyɛɛ mmara no wɔ Susan*+ abankɛse mu.* Na ɔhene ne Haman tenaa ase nom nsã, nanso na Susan* kurow no mu ayɛ bagyabagya.
4 Bere a Mordekai+ tee nea asi nyinaa no,+ osuan n’ataade mu, na ofuraa awerɛhow ntama* de nsõ guu ne ho. Afei opue kogyinaa kurow no mfinimfini, na osui paa; osui yayaayaw. 2 Ɔkɔe koduu ɔhene no pon ano, nanso wantra, efisɛ na ɛnsɛ sɛ obiara de awerɛhow ntama wura ɔhene pon no mu. 3 Na ɔmantam biara+ a wɔtee ɔhene asɛm ne ne mmara no wɔ hɔ no, Yudafo a ɛwɔ hɔ no dii awerɛhow paa, wɔyɛɛ akɔnkyen,*+ na wosu teɛteɛɛm. Wɔn mu pii dedaa awerɛhow ntama* so ne nsõ mu.+ 4 Bere a Ester mmaawa ne n’asomfo* no bɛka kyerɛɛ no no, asɛm no haw ɔhemmaa paa. Ɛnna ɔsoma ma wɔde ntaade kɔmaa Mordekai sɛ ɔnhyɛ na onyi awerɛhow ntama* no, nanso wannye. 5 Ɛnna Ester frɛɛ Hatak, ɔhene asomfo* no baako a ɔhene ayi no sɛ ɔnsom no no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ onkobisa Mordekai nea enti a ɔreyɛ saa ne nea asi.
6 Enti Hatak kɔɔ Mordekai nkyɛn wɔ kurow no abɔnten so wɔ ɔhene pon no anim. 7 Na Mordekai kaa nea ato no nyinaa kyerɛɛ no, na sika dodow+ a Haman ahyɛ bɔ sɛ obetua agu ɔhene foto mu sɛ wɔmfa nsɛe Yudafo no nso, ɔka kyerɛɛ no.+ 8 Afei nso, mmara a wɔkyerɛwee wɔ krataa so a wɔhyɛe wɔ Susan*+ sɛ wɔnhyew wɔn ase no, ɔde bi maa no. Ɔkae sɛ ɔmfa nkyerɛ Ester, na ɔnkyerɛkyerɛ mu nkyerɛ no, na ɔnka nkyerɛ no sɛ+ ɔnkɔ ɔhene anim nkɔsrɛ no sɛ onhu wɔn mmɔbɔ, na ɔmpa kyɛw mma ne manfo.
9 Afei Hatak san bae, na ɔbɛkaa nea Mordekai kae no kyerɛɛ Ester. 10 Ɛnna Ester somaa Hatak sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Mordekai+ sɛ: 11 “Ɔhene nkoa ne nnipa a ɛwɔ ɔhene no amantam mu nim sɛ, sɛ ɔhene mfrɛɛ wo na wokɔ n’anim wɔ ahemfi hɔ+ a, ɔbarima oo, ɔbea oo, mmara baako pɛ na ɛwɔ hɔ: Wobekum wo; sɛ wubenya wo ti adidi mu a, gye sɛ ɔhene de ne sika kɔkɔɔ poma kyerɛ wo so ansa.+ Nanso nnafua 30 ni, ɔhene mfrɛɛ me sɛ memmra ne nkyɛn.”
12 Bere a wɔkɔkaa Ester asɛm no kyerɛɛ Mordekai no, 13 ɔde mmuae kɔmaa Ester sɛ: “Mma w’adwene nnyɛ wo sɛ wote ahemfi nti nea ɛbɛba Yudafo a aka nyinaa so no, ebi rentumi nka wo. 14 Sɛ woanka ho hwee saa bere yi a, Yudafo benya ogye ne mmoa afi baabi foforo,+ na wo ne wo papa fifo de, mubewuwu. Na hena na onim, ebia eyi* nti na woabɛyɛ ɔdehye yi.”+
15 Ɛnna Ester soma kɔka kyerɛɛ Mordekai sɛ: 16 “Kɔ na kɔboaboa Yudafo a wɔwɔ Susan* nyinaa ano, na monyɛ akɔnkyen+ mma me. Munnnidi na monnnom nnansa,+ awia ne anadwo. Me nso me ne me mmaawa bɛyɛ akɔnkyen. Mmara mma kwan sɛ mekɔ ɔhene anim, nanso mɛkɔ; miwu a, na mawu.” 17 Enti Mordekai siim kɔe, na ɔkɔyɛɛ nea Ester kae sɛ ɔnyɛ nyinaa.
5 Ɛda a ɛto so abiɛsa no,+ Ester hyɛɛ n’ahemmaa ataade na okogyinaa ahemfi no adiwo, baabi a ɛne ɔhene fi no di nhwɛanim no. Saa bere no, na ɔhene no te n’ahengua so wɔ ɔhene fi hɔ, na na n’ani kyerɛ ɔpon no ano. 2 Bere a ɔhene no huu Ɔhemmaa Ester sɛ ogyina adiwo hɔ ara pɛ, onyaa ɔhene anim anuonyam, enti ɔhene no de sika kɔkɔɔ poma a okura no kyerɛɛ Ester so.+ Ɛnna Ester twiw bɛnee, na ɔde ne nsa kaa poma no ti.
3 Na ɔhene no bisaa no sɛ: “Ɛyɛ asɛm bɛn, Ɔhemmaa Ester? Ɛdɛn na menyɛ mma wo? Sɛ m’ahenni no fã mpo na wopɛ a, mede bɛma wo!” 4 Ɛnna Ester kae sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ yiye ama ɔhene a, anka ɔhene ne Haman+ mmra ɔpon a meretow ama wo nnɛ no ase.” 5 Enti ɔhene ka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ: “Monka nkyerɛ Haman sɛ ɔmmra seesei ara sɛnea Ester aka no.” Na ɔhene ne Haman kɔɔ ɔpon a Ester atow no ase.
6 Bere a wɔwɔ nsã apontow no ase no, ɔhene no bisaa Ester sɛ: “Ɛdɛn na wopɛ? Mɛyɛ ama wo! Ɛdɛn na menyɛ mma wo? Sɛ m’ahenni fã mpo na wopɛ a, mede bɛma wo!”+ 7 Ɛnna Ester kae sɛ: “M’adesrɛ ne m’abisade ne sɛ, 8 Sɛ manya ɔhene anim anuonyam, na sɛ ɛbɛyɛ yiye ama ɔhene sɛ ɔbɛyɛ m’adesrɛ ne m’abisade ama me a, anka ɔhene ne Haman mmra ɔpon a mɛtow ama wɔn ɔkyena no ase, na ɔkyena mede m’abisade no bɛto ɔhene anim.”
9 Saa da no, Haman de anigye na epuei, na na ne koma atɔ ne yam. Nanso bere a Haman huu Mordekai wɔ ɔhene pon ano hɔ, a ohui sɛ Mordekai ansɔre na ne ho ampopo wɔ n’anim no, Haman bo fuw Mordekai.+ 10 Nanso Haman hyɛɛ ne ho so, na ɔkɔɔ ne fi. Afei ɔsoma kɔfrɛɛ ne nnamfo ne ne yere Seres+ bae. 11 Na Haman dwaa n’anom kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa n’anuonyam ne n’ahode ne ne mma dodow+ ne sɛnea ɔhene abɔ n’aba so, ne sɛnea ɔhene ama no so asen abirɛmpɔn ne ɔhene nkoa a aka no+ kyerɛɛ wɔn.
12 Haman toaa so kae sɛ: “Ɛnyɛ ɛno nko ara oo; Ɔhemmaa Ester too pon, na me nko ara na ɔfrɛɛ me kaa ɔhene ho kɔɔ ase.+ Ɔkyena koraa, wasan afrɛ me sɛ memmɛka ɔne ɔhene ho.+ 13 Nanso eyinom nyinaa mma me koma ntɔ me yam bere a m’ani da so tua Yudani Mordekai sɛ ɔte ɔhene pon ano no.” 14 Ɛnna ne yere Seres ne ne nnamfo no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma wɔmpɛ dua a ne tenten yɛ basafa 50* nsi hɔ. Na anɔpa ka kyerɛ ɔhene ma wɔnsɛn Mordekai wɔ so.+ Afei wo ne ɔhene nkɔ, na munkogye mo ani wɔ apontow no ase.” Asɛm no yɛɛ Haman dɛ, enti ɔma wɔde dua no sii hɔ.
6 Saa anadwo no, ɔhene antumi anna.* Enti ɔsoma ma wɔkɔfaa nhoma a wɔakyerɛw wɔn bere so abakɔsɛm wom+ no bae. Na wɔkenkan kyerɛɛ ɔhene. 2 Wohui sɛ wɔakyerɛw nea Mordekai bɛka faa Bigtana ne Teres ho no wom, ahemfi mpanyimfo baanu a wɔhwɛ ɔpon ano a wɔbɔɔ pɔw sɛ wobekum* Ɔhene Ahasweros+ no. 3 Ɛnna ɔhene bisae sɛ: “Ɛdɛn na yɛayɛ de ahyɛ Mordekai anuonyam, na ɛdɛn na yɛayɛ de abɔ n’aba so wɔ nea ɔyɛe no ho?” Ɛnna ɔhene asomfo no kae sɛ: “Yɛnyɛɛ hwee mmaa no.”
4 Akyiri yi ɔhene bisae sɛ: “Hena na ɔwɔ adiwo hɔ?” Saa bere no, na Haman aba ahemfi no adiwo hɔ+ sɛ ɔrebɛka akyerɛ ɔhene ama wɔasɛn Mordekai wɔ dua a ɔno Haman ayɛ ama no no so.+ 5 Ɔhene asomfo no kae sɛ: “Haman+ na ogyina adiwo hɔ.” Ɛnna ɔhene kae sɛ: “Momma ɔmmra mu.”
6 Bere a Haman wuraa mu no, ɔhene bisaa no sɛ: “Ɛdɛn na yɛnyɛ mma ɔbarima a ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ no anuonyam?” Ɛnna Haman kae ne komam sɛ: “Minnye nni sɛ obi wɔ hɔ a ɔhene bɛpɛ sɛ ɔhyɛ no anuonyam sen me.”+ 7 Enti Haman ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔbarima a ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ no anuonyam no, 8 ma wɔmfa ahentaade+ a ɔhene hyɛ ne ɔpɔnkɔ a ɔhene tena so a ahemmotiri bɔ ne ti mmra. 9 Afei ma wɔmfa ataade no ne ɔpɔnkɔ no nhyɛ ɔhene abirɛmpɔn atitiriw no baako nsa, na wɔmfa ataade no nhyɛ ɔbarima a ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ no anuonyam no, na wɔmfa no ntena ɔpɔnkɔ no so mfa kurow no mmɔnten so. Ma wɔnka nni n’anim sɛ: ‘Sɛɛ na wɔyɛ ɔbarima a ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ no anuonyam no!’”+ 10 Ɛhɔ ara na ɔhene ka kyerɛɛ Haman sɛ: “Yɛ no ntɛm! Fa ataade ne ɔpɔnkɔ no, na yɛ nea woaka no pɛpɛɛpɛ ma Yudani Mordekai a ɔte ɔhene pon ano no. Nea woaka no, yɛ ne nyinaa.”
11 Enti Haman faa ataade ne ɔpɔnkɔ no, na ɔde ataade no hyɛɛ Mordekai,+ na ɔde no tenaa ɔpɔnkɔ no so faa kurow no mmɔnten so, na ɔka dii n’anim sɛ: “Sɛɛ na wɔyɛ ɔbarima a ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ no anuonyam!” 12 Eyi akyi no, Mordekai san kɔɔ ɔhene pon no ano. Haman de, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ ne fi. Ɔrekɔ nyinaa, na wakata ne ti redi awerɛhow. 13 Bere a Haman kaa nea ato no nyinaa kyerɛɛ ne yere Seres+ ne ne nnamfo nyinaa no, n’anyansafo ne ne yere Seres ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ Mordekai a woafi ase redi nkogu wɔ n’anim yi yɛ Yudani* a, ɛnde worentumi nni no so nkonim; nea ɛbɛyɛ biara wubedi nkogu wɔ n’anim.”
14 Bere a wogu so ne no rekasa no, ɔhene mpanyimfo bae, na wɔyɛɛ ntɛm de Haman kɔɔ ɔpon a na Ester atow no ase.+
7 Enti ɔhene ne Haman+ baa Ɔhemmaa Ester apontow no ase. 2 Ɔhene san bisaa Ester da a ɛto so abien wɔ nsã apontow no ase sɛ: “Ɛdɛn na wopɛ, Ɔhemmaa Ester? Mɛyɛ ama wo. Ɛdɛn na menyɛ mma wo? Sɛ m’ahenni no fã mpo na wopɛ a, mede bɛma wo!”+ 3 Ɛnna Ɔhemmaa Ester kae sɛ: “O ɔhene, sɛ manya w’anim anuonyam, na sɛ ɛbɛyɛ yiye ama ɔhene a, m’adesrɛ ne sɛ, mma me nkwa* mmfi me nsa, na m’abisade nso ne sɛ, mma me manfo nkwa mmfi wɔn nsa.+ 4 Efisɛ wɔatɔn yɛn,+ me ne me manfo sɛ wɔnhyew yɛn ase, wonkunkum yɛn, na wɔnsɛe yɛn.+ Sɛ wɔtɔn yɛn sɛ nkoa ne mfenaa mpo a, anka merenka hwee. Nanso amanehunu a ɛde bɛba no nye koraa, efisɛ ɛbɛma ɔhene ahwere ade kɛse.”
5 Na Ɔhene Ahasweros bisaa Ɔhemmaa Ester sɛ: “Hena na wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛte saa? Ɔwɔ he?” 6 Ɛnna Ester kae sɛ: “Ɔtamfo a watu n’ani asi yɛn so no ne onipabɔnefo Haman yi.”
Na Haman koma tui, ɔhene ne ɔhemmaa no nti. 7 Ɛnna ɔhene no de abufuw sɔre fii nsã apontow no ase, na ɔkɔɔ ahemfi turo no mu. Na Haman sɔree sɛ ɔrepa Ɔhemmaa Ester kyɛw sɛ ɔmfa ne ho nkyɛ no, efisɛ ohui sɛ ɔhene ani abere sɛ ɔbɛtwe n’aso. 8 Bere a ɔhene no fii ahemfi turom hɔ baa ofi a nsã apontow no rekɔ so wom no mu no, ohui sɛ Haman butuw Ester ho wɔ mpa no so. Ɛnna ɔhene no teɛɛm sɛ: “Ei! Ɔresan nso abɛto ɔhemmaa no mmonnaa wɔ me ara me fi?” Ɔhene kaa saa pɛ na wɔkataa Haman anim. 9 Ɛnna Harbona,+ ɔhene mpanyimfo no baako kae sɛ: “Haman koro yi ara ayɛ dua bi sɛ wɔnsɛn Mordekai wɔ so,+ Mordekai a n’asɛm gyee ɔhene nkwa no.+ Dua no si Haman fi, na ne tenten yɛ basafa 50.”* Ɛnna ɔhene kae sɛ: “Monkɔsɛn no wɔ so.” 10 Enti wɔkɔsɛn Haman wɔ dua a ɔyɛ maa Mordekai no so, na ɔhene no bo dwoe.
8 Saa da no, Ɔhene Ahasweros de Yudafo tamfo+ Haman+ fi maa Ester; na Mordekai begyinaa ɔhene anim, efisɛ na Ester aka sɛ ɔyɛ ne busuani.+ 2 Afei ɔhene yii n’ahyɛnsode kawa+ a ogye fii Haman hɔ no, na ɔde maa Mordekai. Na Ester de Haman fi hyɛɛ Mordekai nsa.+
3 Bio nso, Ester ne ɔhene san kɔkasae. Ester butuw ne nan ase, na osui, na ɔpaa no kyɛw sɛ amanehunu a Agagni Haman ama Yudafo no afa mu ne ɛpɔw a ɔbɔe wɔ wɔn ho no, onyi mfi hɔ.+ 4 Na ɔhene de ne sika kɔkɔɔ poma no kyerɛɛ Ester so,+ na Ester sɔre gyinaa ɔhene no anim. 5 Ester kae sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ yiye ama ɔhene, na sɛ manya ɔhene anim anuonyam, na eye wɔ ɔhene ani so, na n’ani gye me ho ampa a, ɛnde nkrataa a Agagni+ Hamedata ba Haman,+ onipabɔnefo no kyerɛwee sɛ wɔnsɛe Yudafo a ɛwɔ ɔhene amantam no nyinaa mu no, ma wɔnkyerɛw krataa nkotwa mu. 6 Na ɛbɛyɛ dɛn koraa na matumi ahwɛ amanehunu a ɛbɛba me manfo so? Na sɛ wɔrekunkum m’abusuafo a, ɛbɛyɛ dɛn na matumi ahwɛ?”
7 Enti Ɔhene Ahasweros ka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester ne Yudani Mordekai sɛ: “Hwɛ! Mede Haman fi ama Ester,+ na mama wɔasɛn Haman wɔ dua+ so, ɛpɔw a ɔbɔe sɛ ɔbɛhaw* Yudafo no nti. 8 Enti seesei, biribiara a wuhu sɛ ɛbɛboa Yudafo no, kyerɛw wɔ me din mu, na fa ɔhene ahyɛnsode kawa no tim so. Efisɛ mmara a wɔakyerɛw wɔ ɔhene din mu de ɔhene ahyɛnsode kawa atim so no, obiara rentumi nsesa no.”+
9 Enti saa bere no, bosome a ɛto so abiɛsa a ɛne Siwan,* da a ɛto so 23 no, wɔfrɛfrɛɛ ɔhene akyerɛwfo bae, na wɔkyerɛw nea Mordekai kae nyinaa kɔmaa Yudafo no, ne ɔhene asoafo,+ ne amradofo, ne amantam no mu abirɛmpɔn,+ efi India kosi Etiopia, amantam 127. Ɔmantam biara, wɔkyerɛw krataa no sɛnea wɔn nkyerɛwee te, na ɔman biara nso, wɔkyerɛw no sɛnea wɔn kasa te, na Yudafo no nso, wɔkyerɛw no sɛnea wɔn nkyerɛwee ne wɔn kasa te.
10 Ɔkyerɛw nkrataa no wɔ Ɔhene Ahasweros din mu, na ɔde ɔhene ahyɛnsode kawa tintim so,+ na wɔde nkrataa no somaa nkurɔfo ma wɔkɔkyekyɛe. Wɔtenatenaa apɔnkɔ a wɔde wɔn yɛ ɔhene adwuma so, apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare a wɔde wɔn kɔkyekyɛ nkrataa no. 11 Nkrataa no mu no, ɔhene maa Yudafo a ɛwɔ nkurow nkurow no nyinaa mu kwan sɛ wɔmmoaboa wɔn ho ano na wɔnko mpere wɔn nkwa.* Ɔmaa wɔn kwan sɛ, sɛ ɛdɔm bi fi ɔman anaa ɔmantam bi mu ba bɛtow hyɛ Yudafo no so a, Yudafo no nhyew wɔn ase, wonkunkum wɔn, na wɔnsɛe wɔn, wɔne mmea ne mmofra nyinaa, na wɔmfa wɔn agyapade.+ 12 Wɔhyɛɛ da bi a na wɔde bɛyɛ eyi wɔ amantam a ɛhyɛ Ɔhene Ahasweros ase no nyinaa mu. Bosome a ɛto so 12 a ɛne Adar* no da a ɛto so 13 na woyi sii hɔ.+ 13 Krataa no mu nsɛm no, na wɔbɛma ayɛ mmara wɔ amantam no nyinaa mu, na na wɔbɛbɔ no dawuru wɔ aman no nyinaa mu, sɛnea ɛbɛyɛ a Yudafo no bɛyɛ krado saa da no na wɔatua wɔn atamfo so ka.+ 14 Ɔhene asɛm no nti, abɔfo no de mmirika ne ahoɔhare siim kɔe. Wɔtenatenaa apɔnkɔ a wɔde wɔn yɛ ɔhene adwuma so, apɔnkɔ a wɔde wɔn kɔkyekyɛ nkrataa no. Susan*+ abankɛse mu* nso, wɔhyɛɛ mmara no bi wɔ hɔ.
15 Afei Mordekai fii ɔhene no anim kɔe, na na ɔhyɛ ahentaade bruu ne fitaa. Ná sika kɔkɔɔ ahenkyɛw fɛfɛɛfɛ hyɛ no, na na ɔsan hyɛ ataade nguguso papa a wɔde ntama afasebiri ayɛ.+ Na Susan* kurow no mufo dii ahurusi. 16 Na Yudafo no nyaa anidaso,* wɔn ani gyei, wodii ahurusi, na wonyaa anuonyam. 17 Amantam no ne nkurow no nyinaa, baabiara a wɔtee ɔhene asɛm ne ne mmara no, Yudafo a wɔwɔ hɔ no ani gyei, wɔbɔɔ ose, na wɔtow pon dii ahurusi. Na asaase no so aman no mu nnipa pii kae sɛ wɔyɛ Yudafo,+ efisɛ na Yudafo no ho hu atɔ wɔn so.
9 Bere a bosome a ɛto so 12, kyerɛ sɛ, Adar* bosome no da a ɛto so 13+ dui sɛ wɔde ɔhene asɛm ne ne mmara yɛ adwuma,+ ɛda a na Yudafo atamfo ani da so sɛ wobedi wɔn so no, nneɛma dan maa Yudafo no mmom dii wɔn atamfo no so.+ 2 Yudafo no boaboaa wɔn ho ano wɔ wɔn nkurow mu wɔ amantam a ɛhyɛ Ɔhene Ahasweros ase no nyinaa mu+ sɛ wɔrekɔtow ahyɛ wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔn bɔne no so, na obiara antumi annyina wɔn anim, efisɛ na wɔn ho hu atɔ nnipa no nyinaa so.+ 3 Na amantam no mu abirɛmpɔn ne ɔhene asoafo+ ne amradofo ne ɔhene adwumayɛfo nyinaa boaa Yudafo no, efisɛ na wosuro Mordekai. 4 Saa bere no, na Mordekai anya tumi+ kɛse wɔ ahemfi hɔ, na ne din duu amantam no nyinaa mu, efisɛ yɛ ara na na Mordekai tumi reyɛ kɛse.
5 Yudafo no de sekan kunkum wɔn atamfo no sɛee wɔn nyinaa, na wɔde nea wɔpɛ biara yɛɛ wɔn atamfo no.+ 6 Yudafo no kunkum mmarima 500 wɔ Susan*+ abankɛse* no mu. 7 Afei nso, wokunkum Parsandata ne Dalfon ne Aspata 8 ne Porata ne Adalia ne Aridata 9 ne Parmasta ne Arisai ne Aridai ne Waisata 10 a wɔyɛ Hamedata ba Haman, Yudafo tamfo no+ mma mmarima du no. Nanso bere a wokunkum wɔn wiei no, wɔamfa wɔn agyapade biara.+
11 Saa da no, nnipa dodow a wokunkum wɔn Susan* abankɛse mu* no, wɔkɔka kyerɛɛ ɔhene.
12 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester sɛ: “Yudafo no akunkum mmarima 500 wɔ Susan* abankɛse mu,* na wɔakunkum Haman mma du no nso. Ɔhene amantam a aka no nso ɛ? Dɛn na wɔayɛ wɔ hɔ?+ Seesei dɛn na wopɛ? Mɛyɛ ama wo. Dɛn na menyɛ nka ho mma wo? Ka, na mɛyɛ ama wo.” 13 Ɛnna Ester kae sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ yiye ama ɔhene a,+ anka ma Yudafo a wɔwɔ Susan* no kwan na ɔkyena nso wɔnyɛ nea mmara ma wɔyɛe nnɛ no bi,+ na wɔmfa Haman mma du no nso nsensɛn dua so.”+ 14 Enti ɔhene kae sɛ wɔnyɛ saa, na wɔhyɛɛ mmara wɔ Susan,* na wɔsensɛn Haman mma du no.
15 Na Yudafo a wɔwɔ Susan* no san boaboaa wɔn ho ano bosome Adar da a ɛto so 14 no,+ na wokunkum mmarima 300 wɔ Susan,* nanso wɔamfa wɔn agyapade biara.
16 Na Yudafo a aka a wɔwɔ ɔhene amantam mu no boaboaa wɔn ho ano, na wɔko peree wɔn nkwa.*+ Woyii wɔn atamfo no fii hɔ;+ wokunkum wɔn a wɔtan wɔn no 75,000, nanso wɔamfa wɔn agyapade biara. 17 Wɔyɛɛ eyi Adar bosome no da a ɛto so 13 no. Na da a ɛto so 14 no wɔhomee, na ɛbɛyɛɛ apontow ne anigye da.
18 Yudafo a wɔwɔ Susan* no boaboaa wɔn ho ano da a ɛto so 13+ ne da a ɛto so 14+ no, na da a ɛto so 15 no, wɔhomee na ɛyɛɛ apontow ne anigye da. 19 Ɛno nti na Yudafo a wɔtete nkurow nketewa mu no yii Adar bosome no da a ɛto so 14 no sii hɔ sɛ anigye ne apontow ne ahurusi da,+ ne ɛda a wɔde kyekyɛ aduan.+
20 Mordekai+ kyerɛw nea ɛkɔɔ so no, na ɔde nkrataa kɔmaa Yudafo a ɛwɔ amantam a ɛhyɛ Ɔhene Ahasweros ase no biara mu, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri nyinaa. 21 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkae Adar bosome no da a ɛto so 14 ne da a ɛto so 15 no, na wɔnhyɛ ho fã afe biara, 22 efisɛ saa nna no, Yudafo no home fii wɔn atamfo nsam, na saa bosome no, wɔn awerɛhow dan anigye na wɔn su+ dan ahurusi. Ɔkae sɛ wɔnhyɛ saa nna no ho fã sɛ apontow ne anigye da ne bere a wɔkyekyɛ aduan, ne bere a wɔkyɛ ahiafo ade.
23 Enti Yudafo no gye toom sɛ afahyɛ a wɔahyɛ ase no, wɔbɛtoa so, na wɔbɛyɛ nea Mordekai kyerɛw brɛɛ wɔn no. 24 Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na Agagni+ Hamedata ba Haman,+ Yudafo nyinaa tamfo no abɔ pɔw sɛ ɔbɛsɛe Yudafo no,+ na na wabɔ Pur+ anaa Ntonto sɛ wɔbɛma wɔn ani so atan wɔn na wasɛe wɔn. 25 Nanso bere a Ester kɔɔ ɔhene anim no, ɔhene ma wɔkyerɛw mmara sɛ:+ “Ma ɛpɔw a wabɔ sɛ ɔbɛsɛe Yudafo no+ mmɔ ɔno ara ne ti so.” Na wɔsɛn Haman ne ne mma wɔ dua so.+ 26 Ɛno nti na wɔfrɛɛ saa nna yi Purim, a efi edin Pur*+ mu no. Enti nea wɔakyerɛw wɔ krataa yi mu, ne nea esisii a wohui, ne nea aba wɔn so no nyinaa nti, 27 Yudafo no yɛɛ mmara maa wɔn ho ne wɔn asefo ne wɔn a wɔde wɔn ho bɛba abɛbɔ wɔn no nyinaa+ sɛ, afe biara, sɛ bere a wɔahyɛ no so a, sɛnea ɛte biara wɔbɛhyɛ saa nna abien no ho fã, na nea wɔakyerɛw afa ho no nso, wɔbɛyɛ. 28 Saa nna yi, na ɛsɛ sɛ awo ntoatoaso biara, abusua biara, ɔmantam biara, ne kurow biara kae, na wɔhyɛ ho fã. Purim nna no, na ɛnsɛ sɛ Yudafo gyae di, na wɔn asefo nso, na ɛnsɛ sɛ wogyae di.
29 Na Abihail ba Ɔhemmaa Ester ne Yudani Mordekai kyerɛw krataa a ɛto so abien faa Purim no ho, na wɔde tumi a wɔwɔ nyinaa taa krataa no akyi. 30 Na wɔde nkrataa kɔmaa Yudafo a ɛwɔ amantam 127+ a ɛhyɛ Ahasweros ase no mu nyinaa.+ Asomdwoesɛm ne nokwasɛm na na ɛwɔ nkrataa no mu. 31 Wɔde nkrataa no mu nsɛm sii so dua sɛ, sɛ bere so sɛ wɔhyɛ Purim nna no ho fã a, wɔnhyɛ fã no sɛnea Yudani Mordekai ne Ɔhemmaa Ester kyerɛe no.+ Afei nso, wɔnhyɛ fã no sɛnea wɔn ankasa yɛɛ mmara maa wɔne wɔn asefo* sɛ wɔbɛhyɛ fã no,+ na wɔmfa akɔnkyen*+ ne nkotosrɛ+ nka ho. 32 Na nsɛm a ɛfa Purim+ no ho no, ahyɛde a Ester de mae no hyɛɛ mu den, na wɔkyerɛwee wɔ nhoma mu.
10 Ɔhene Ahasweros de nnipa a wɔwɔ asaase no so ne nsupɔw so no yɛɛ nkoadwuma.
2 Na nneɛma akɛse a ɔde ne tumi yɛe, ne sɛnea ɔhene pagyaw+ Mordekai+ ma onyaa dibea kɛse no ho nsɛm nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Media ne Persia+ ahemfo no abakɔsɛm nhoma+ mu. 3 Na Yudani Mordekai bɛyɛɛ Ɔhene Ahasweros abadiakyiri. Ɔbɛyɛɛ onipa kɛse wɔ Yudafo mu, na ne nuanom nyinaa de nidi maa no. Ɔyɛɛ adwuma de boaa ne manfo, na ɔyɛɛ nea ɛbɛma asi wɔn asefo nyinaa yiye.*
Wogye di sɛ ɔno ara ne Xerxes I, Dario Ɔkɛse (Dario Hystaspis) ba no.
Anaa “Kus.”
Anaa “Susa.”
Anaa “ahemfi.”
Anaa “ɔhene somfo Hegai a wɔasa no.”
Anaa “ahemfi.”
Anaa “bobesa nkuruwa.”
Anaa “mma obiara nnsiw obi kwan.”
Nt., “ɔhene koma ani agye.”
Anaa “abotiri.”
Anaa “wonim ɛsa a wɔatwa ato hɔ wɔ asɛnni mu no.” Nt., “mmere no.”
Anaa “wura.”
Anaa “mmea mu.”
Anaa “Susa.”
Anaa “ahemfi.”
Anaa “ɔhene somfo Hegai a wɔasa no.”
Anaa “Susa.”
Anaa “ahemfi.”
Ebetumi ayɛ Kis anaa Mordekai.
Wɔfrɛ no Yehoiakin wɔ 2Ah 24:8.
Ɛkyerɛ, “Ohuam Dua.”
Anaa “Susa.”
Anaa “ahemfi.”
Anaa “onyaa ɔdɔ a enni huammɔ maa no.”
Anaa “mmea mu.”
Anaa “mmea mu.”
Anaa “mmea mu.”
Anaa “mmea mu.”
Anaa “ɔhene somfo Saasgas a wɔasa no.”
Tete mmere mu no, na wɔyɛ mmea a wɔto aware so, kyerɛ sɛ, mmea a nkurɔfo aware wɔn aka wɔn yere ho.
Anaa “ɔhene somfo Hegai a wɔasa no.”
Hwɛ Nkh. B15.
Anaa “onyaa ɔdɔ a enni huammɔ maa no.”
Anaa “abotiri.”
Anaa “mmabaa.”
Nt., “wɔn nsa bɛka.”
Nt., “ɔpɛ sɛ ɔde ne nsa ka no.”
Hwɛ Nkh. B15.
Hwɛ Nkh. B15.
Anaa “wɔnkyerɛw mmara.”
Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.
Ebetumi nso akyerɛ, “Metua dwetikɛse 10,000 agu ɔhene foto mu ama wɔn a wɔyɛ adwuma yi.”
Anaa “Susa.”
Anaa “ahemfi.”
Anaa “Susa.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “wodii mmuada.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “n’asomfo a wɔasa wɔn.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “asomfo a wɔasa wɔn.”
Anaa “Susa.”
Anaa “amanehunu bere sɛɛ.”
Anaa “Susa.”
Bɛyɛ mita 22.3 (anm. 73). Hwɛ Nkh. B14.
Nt., “ɔhene nna guanee.”
Nt., “wɔn nsa bɛka.”
Nt., “fi Yudafo aba mu.”
Anaa “kra.”
Bɛyɛ mita 22.3 (anm. 73). Hwɛ Nkh. B14.
Nt., “ɔde ne nsa bɛka.”
Hwɛ Nkh. B15.
Anaa “kra.”
Hwɛ Nkh. B15.
Anaa “Susa.”
Anaa “ahemfi.”
Anaa “Susa.”
Nt., “hann.”
Hwɛ Nkh. B15.
Anaa “Susa.”
Anaa “ahemfi.”
Anaa “Susa.”
Anaa “ahemfi.”
Anaa “Susa.”
Anaa “ahemfi.”
Anaa “Susa.”
Anaa “Susa.”
Anaa “Susa.”
Anaa “Susa.”
Anaa “ko maa wɔn kra.”
Anaa “Susa.”
“Pur” kyerɛ “Ntonto.” “Purim” yɛ “Pur” dodow kabea, na ɛno na ɛbɛyɛɛ edin a wɔde frɛɛ Yudafo afahyɛ a na wodi no bosome a ɛto so 12 wɔ wɔn som mu kalenda so no. Hwɛ Nkh. B15.
Anaa “sɛnea wɔn ankasa de mmara kyekyeree wɔne wɔn asefo kra.”
Anaa “mmuada.”
Nt., “na ɔkaa asomdwoe maa wɔn asefo nyinaa.”