SOLOMON DWOM
(NNWOM MU DWOM)
1 Nnwom mu dwom;* ɛyɛ Solomon dwom:+
Wo din te sɛ ngohuam a wɔrehwie.+
Ɛno nti na mmabaa dɔ wo no.
4 Fa me di w’akyi;* ma yentu mmirika.
Ɔhene de me aba ne mpia mu!
Ma yɛn ani nnye na yenni ahurusi.
Ma yɛnkamfo wo dɔ nsen nsã.*
Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔdɔ* wo saa.
5 O Yerusalem mma mmea, meyɛ ɔbea tuntum, nanso me ho yɛ fɛ,
6 Monnhwɛ me hãã, esiane sɛ mibiri nti,
Esiane sɛ owia ahye me nti.
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbea a ɔde ade akata n’anim,*
Na mikyinkyin wo nnamfonom nguan mu?”
8 “O mmea mu hoɔfɛfo, sɛ wunnim hɔ a,
Kodi nguan no anammɔn akyi
Na ma wo mpɔnkye mma nnidi wɔ nguanhwɛfo no ntamadan ho.”
9 “Me komam hemmaa, m’ani so de, wote sɛ ɔpɔnkɔbere* a ɔtwe Farao nteaseɛnam.+
15 “Hwɛ, me komam hemmaa, wo ho yɛ fɛ!
Mise, ahoɔfɛ aguare wo! W’ani te sɛ aburuburuw ani.”+
16 “Aa! Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ, na wo ho nso twa.+
Ahaban momono frɔmfrɔm na ɛyɛ yɛn mpa.
3 “Sɛnea aprɛ dua te wɔ kwae mu nnua mu no,
Saa ara na me dɔfo te wɔ mmerante mu.
M’ani agyina sɛ mɛtena ne nwini mu,
Na n’aduaba yɛ me dɛ.
Monnkanyan ɔdɔ wɔ me mu kosi sɛ ne bere bɛso.+
8 Mete sɛ me dɔfo reba!
Hwɛ! Ɔno na ɔreba no,
Ɔreforo mmepɔw, na ɔrehuruw tra nkoko.
9 Me dɔfo te sɛ ɔtwe, ɔte sɛ ɔwansan ba.+
Hwɛ, ɔno na ogyina yɛn dan akyi no,
Ɔrehwɛ mfɛnsere mu,
Ɔde n’ani afa nkantankantan mu.
10 Me dɔfo kasae, ɔka kyerɛɛ me sɛ:
‘Me komam hemmaa, sɔre ɛ,
Ahoɔfɛdua, bra ma yɛnkɔ.
Osutɔbere atwam; ɛkɔ.
Me komam hemmaa, sɔre bra ɛ.
Ahoɔfɛdua, bra ma yɛnkɔ.
14 O m’aburuburuw a wowɔ ɔbotan mu,+
Wo a wohyɛ bepɔw mu,
Ma minhu wo, na mente wo nne ɛ,+
Na wo nne yɛ dɛ, na wo ho twa.’”+
15 “Monkyere sakraman no mma yɛn,
Sakraman nketewa a wɔresɛe yɛn bobefuw* no,
Efisɛ yɛn bobe no agu nhwiren.”
16 “Me dɔfo wɔ hɔ ma me, na me nso mewɔ hɔ ma no.+
Ɔrehwɛ ne nguan+ wɔ nhwiren* mu.+
17 O me dɔfo, san bra ntɛm
Te sɛ ɔtwe+ anaa ɔwansan mma+ a wɔwɔ mpaapaemu mmepɔw* so,
Ansa na mframa abɔ brɛoo,* ansa na sunsuma ayera.
Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.+
Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.
3 Awɛmfo a wɔnenam kurom no huu me.+
Ɛnna mibisaa wɔn sɛ, ‘Moahu nea medɔ no no?’*
Monnkanyan ɔdɔ wɔ me mu kosi sɛ ne bere bɛso.”+
7 “Hwɛ! Ɛyɛ Solomon mpa.
Mmarima akatakyi 60 atwa ho ahyia,
Israel mmarima akatakyi.+
8 Asekan hyehyɛ wɔn nyinaa ho,
Wɔn nyinaa aben wɔ ɔko mu.
Obiara sekan bɔ n’asen,
Sekan a ɔde wɛn, anadwo nneɛma a ɛyɛ hu nti.”
10 Ɔde dwetɛ ayɛ ne nan,
Na ɔde sika kɔkɔɔ ayɛ ne nnyinaso.
N’agua yɛ ntama afasebiri;
Yerusalem mma mmea
Adura emu nso fɛfɛɛfɛ.”
11 “O Sion mma mmea, mumpue.
Monkɔhwɛ Ɔhene Solomon
Sɛ wahyɛ ayeforo kyɛw* a ne maame+ yɛ maa no
Ɛda a ɔwaree no,
Ɛda a ne koma dii ahurusi no.”
4 “Hwɛ, me komam hemmaa, wo ho yɛ fɛ!
Mise, ahoɔfɛ aguare wo!
W’ani te sɛ aburuburuw ani wɔ wo nkataanim mu.
Wo nwi yɛ fɛ te sɛ mpɔnkye a wɔabom yuu
A wɔresian Gilead mmepɔw.+
2 Wo se yɛ fɛ te sɛ nguankuw a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforo
A wɔaguare wɔn seesei ara,
Nguan a wɔn nyinaa awowo nta
A obiara ba nwui.
3 W’ano yɛ fɛ te sɛ hama kɔkɔɔ,
Na w’anom kasa yɛ dɛ.
4 Wo kɔn+ te sɛ Dawid abantenten,+
Abantenten a wɔde abo ahyehyɛ,
Abantenten a akyɛm apem sensɛn ho,
Mmarima akatakyi akyɛm nyinaa.+
Sian fi Amana* atifi,
Sian fi Senir atifi; fi Hermon+ atifi sian,
Fi agyata buw no mu, na fi asebɔ mmepɔw no so sian.
9 Me nuabea, m’ayeforo, woawia me koma,+
Wode w’ani ahwɛ me baako pɛ de awia me koma;
Ade baako a ɛda wo kɔnmuade ano nti, me koma anan.
10 Wo dɔ yɛ fɛ,+ me nuabea, m’ayeforo!
11 M’ayeforo, ɛwo sosɔ fi w’ano.*+
Ɛwo ne nufusu wɔ wo tɛkrɛma ase,+
Na wo ntaade mu yɛ huam te sɛ Lebanon hua.
12 Me nuabea no, m’ayeforo no, ɔte sɛ turo a wɔato mu,
Turo a wɔato mu, asuti a wɔatua ano.
13 Wo nkorabata* asow granate akutu dɔsɔɔ; ɛte sɛ paradise.*
Nnuaba pa nko ara na ɛwom; lele ne nardo,
14 Nardo+ ne safron, sibiri huamhuam*+ ne sinamon,+
Ne ɛhyɛ* nnua nyinaa, kurobow ne pɛprɛ,+
Ne nnuhuam mu nnuhuam nyinaa.+
16 Atifi mframa, sɔre ɛ;
Anaafo mframa, bra.
Bɛhome* gu me turo so.
Ma ne huam nnye baabiara.”
“Ma me dɔfo mmra ne turom
Na ommedi emu nnuaba pa.”
Matetew me kurobow ne m’aduhuam.+
“Nnamfo pa, munnidi!
Monnom ɔdɔ na ɛmmow mo!”+
Mate sɛ me dɔfo rebɔ pon mu!”
‘Bue me, me nuabea, me komam hemmaa,
M’aburuburuw, wo ho twa!*
Obosu ama me tirim afɔw,
Anadwo bosu afɔw me ti nwi.’+
3 Mayi m’ataade.
Mensan nhyɛ bio anaa?
Mahohoro me nan ho.
Mensan nyɛ ho fĩ bio anaa?
4 Ɛnna me dɔfo twee ne nsa fii ɔpon tokuru no mu,
Ne nti, me yam nkosua nyinaa bobɔe.
5 Mesɔree sɛ merekobue me dɔfo;
Me nsa ho kurobow sosɔe,
Kurobow nsunsu a ɛwɔ me nsateaa ho sosɔe,
Ɛsosɔ guu korɔkorɔ no ho.
6 Ɛnna mibuee ɔpon no sɛ me dɔfo mmra mu,
Nanso na me dɔfo adan ne ho; ná ɔkɔ.
Bere a mihui sɛ ɔkɔ no,
ebubuu me.*
Mehwehwɛɛ no, nanso
manhu no.+
Mefrɛɛ no, nanso wannye me so.
7 Awɛmfo a wɔnenam kurow no mu huu me.
Wɔbobɔɔ me, wopirapiraa me.
Awɛmfo a wɔwɛn afasu no yii me nkataanim.
8 O Yerusalem mma mmea, meka ntam gu mo so sɛ:
Sɛ muhu me dɔfo a,
Monka nkyerɛ no sɛ, ɔdɔ abɔ me yare.”
9 “O mmea mu hoɔfɛfo,
Dɛn koraa na wo dɔfo de kyɛn ɔdɔfo foforo biara?
Dɛn koraa na wo dɔfo de kyɛn ɔdɔfo foforo biara
A enti woaka ntam a ɛnte sɛɛ agu yɛn so yi?”
11 Ne ti yɛ sika kɔkɔɔ, sika kɔkɔɔ amapa.
Ne ti nwi te sɛ berɛw a ɛredi ahim,*
Ɛyɛ tumm sɛ kwaakwaadabi.
12 N’ani te sɛ mmuruburuw a wɔwɔ nsu ho,
Mmuruburuw a wɔreguare nufusu mu,
Mmuruburuw a wosisi nsu ano.*
N’ano yɛ nhwiren;* ɛsosɔ kurobow.*+
14 Ne nsateaa yɛ sika kɔkɔɔ a wɔde sikaberebo
ahyehyɛ mu,
Ne yafunu yɛ asonse* a wɔatwiw ho a wɔde hoabo adura ho.
15 Ne nan yɛ abohemmaa adum a ne nnyinaso yɛ sika kɔkɔɔ amapa.
N’ahoɔfɛ te sɛ Lebanon; ɔda mu fua te sɛ Lebanon sida nnua.+
Yerusalem mma mmea, oyi ne me dɔfo; ɔdɔ-yɛ-wu.”
6 “O mmea mu hoɔfɛfo,
Ɛhe na wo dɔfo kɔ?
Ɛhe na wo dɔfo de n’ani akyerɛ?
Ma yɛne wo nyinaa nkɔhwehwɛ no.”
Ɔrehwɛ ne nguan wɔ nhwiren* mu.”+
4 “Me komam hemmaa,+ wo ho yɛ fɛ te sɛ Tirsa,*+
Wo ho twa te sɛ Yerusalem,+
Wote sɛ asraafodɔm a wɔahyia wɔ wɔn frankaa ase; mihu wo a, na mabɔ birim.+
Wo nwi yɛ fɛ te sɛ mpɔnkye a wɔabom yuu
A wɔresian Gilead mmepɔw.+
9 Nanso baako pɛ na ɔyɛ m’aburuburuw+ a ne ho twa.*
Ɔno na ɔda ne maame koma so,
Ɔyɛ ne maame a ɔwoo no no dɔba.*
Mmabaa hu no, na woyi no ayɛ;
Ahemmaa ne mpenafo hu no, na wɔkamfo no.
10 ‘Ɔbea bɛn na ɔhyerɛn* sɛ adekyee,
A ne ho yɛ fɛ te sɛ ɔsram a atwa puruw yi?
Ɔhyerɛn sɛ owia;
Ɔte sɛ asraafodɔm a wɔahyia wɔ wɔn frankaa ase; wuhu no a, na woabɔ birim.’”+
Kɔhwɛɛ nnua a afefɛw wɔ subon mu,
Mekɔhwɛe sɛ bobe afefɛw anaa,
Mekɔhwɛe sɛ granate akutu nnua agu nhwiren anaa.
13 “O Sulamni ababaa, san bra, san bra!
San bra, san bra ɛ!
Bra ma yɛnhwɛ w’ahoɔfɛ!”
“Adɛn nti na mohwɛ Sulamni ababaa no saa?”+
“Ɔte sɛ akuw abien asaw!”*
7 “O ababaa, ɔdehye,
Wo nan ne mpaboa, ɛyɛ fɛ sɛ!
Wo srɛ yɛ fɛ te sɛ agude,
Ɛte sɛ odwumfo nsa ano adwuma.
2 Wo funuma te sɛ kora kurukuruwa.
Nsã* a wɔafra rempa mu da.
Wo yafunu te sɛ hwiit a esum hɔ,
A nhwiren* atwa ho ahyia.
4 Wo kɔn+ te sɛ abantenten a wɔde asonse* asi.+
Wo hwene te sɛ Lebanon abantenten
A ɛhwɛ Damasko.
Nwi a egu wo kɔn akyi nti, ɔhene nte wo ho gyae.
6 Wo ho yɛ fɛ, na wo ho yɛ anika,
O ababaa a medɔ wo; wokyɛn afɛfɛde nyinaa!
8 Mekae sɛ, ‘Mɛforo abɛ dua no,
Na makoso ne mpopa mu.’
“Ma ɛnkɔ yɔɔ mma me dɔfo,
Na ɛnsɔn ngu wɔn a wɔada anom brɛoo.
12 Ma yɛnsɔre anɔpatutuutu na yɛnkɔ bobefuw* mu,
Ma yɛnkɔhwɛ sɛ bobe afefɛw anaa,
Ma yɛnkɔhwɛ sɛ agu nhwiren anaa,+
Ɛhɔ na mɛkyerɛ wo me dɔ.+
Foforo ne dedaw nyinaa,
Mede asie ama wo, O me dɔfo.
8 “Minyae a, anka wote sɛ me nuabarima,
Me nuabarima a onum me maame nufu.
Anka mihu wo wɔ abɔnten a, mefew w’ano,+
Na obiara remmu me animtiaa.
4 O Yerusalem mma mmea, meka ntam gu mo so sɛ:
Monnkanyan ɔdɔ wɔ me mu kosi sɛ ne bere bɛso.”+
5 “Hena na ofi sare so reba,
A ne ti da ne dɔfo so yi?”
“Aprɛ dua ase na minyan wo.
Ɛhɔ na awo kaa wo maame.
Ɛhɔ na awo kaa nea ɔwoo wo no.
6 Fa me yɛ ahyɛnsode to wo koma so,
Na fa me si wo basa so sɛ ahyɛnsode,
Efisɛ ɔdɔ ho yɛ den te sɛ owu,+
Na sɛ obi de ne koma ma obi a, ɛte sɛ nea Ɔdamoa* kura ade mu; ennyaa mu da.
Ɛte sɛ ogya a ɛredɛw brambrambram, Yah* gyaframa.+
Sɛ ɔbarima bi de ne fi agyapade nyinaa mpo ma sɛ ɔde bɛtɔ ɔdɔ a,
Wobebu no* adehunu koraa.”
Da a obi bebisa n’ase no,
Ɛdɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabea yi?”
9 “Sɛ ɔyɛ ɔfasu a,
Yɛde dwetɛ besi abantenten asi no so,
Na sɛ ɔyɛ ɔpon a,
Yɛde sida dua ntaaboo bɛbram ne ho.”
10 “Meyɛ ɔfasu,
Na me nufu te sɛ abantenten.
Enti n’ani so de,
Mete sɛ obi a n’asom adwo no.
11 Ná Solomon wɔ bobefuw* bi+ wɔ Baal-Hamon.
Ɔde bobefuw no maa ahwɛfo.
Na sɛ wɔtew so aba a, wɔn mu biara de nnwetɛbona apem ba.
12 Mewɔ me bobefuw; ɛyɛ me ara me dea.
Nnwetɛbona apem* no yɛ wo de, O Solomon,
Na ahanu yɛ wɔn a wɔhwɛ bobefuw aba no so no de.”
Ma me nso mente wo nne.”+
Anaa “Dwom a ɛsen biara.”
Anaa “bobesa.”
Nt., “Twe me di w’akyi.”
Anaa “bobesa.”
Kyerɛ sɛ, mmabaa no.
Anaa “bobeturo.”
Anaa “Wo a me kra dɔ wo.”
Anaa “ɔbea a ɔde awerɛhow ntama akata n’anim.”
Anaa “me pɔnkɔbere.”
Ebetumi nso akyerɛ, “W’afono yɛ fɛ wɔ mmɛsa mu.”
Anaa “abotiri.”
Nt., “nardo.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Dua bi a wɔyam n’ahaban de yeyɛ nsa ne nan ho ma ɛyɛ kɔkɔɔ. Wotumi nso de hyɛ nneɛma foforo ma ɛyɛ kɔɔ.
Anaa “fi kɛse.”
Anaa “yɛn mpuran.”
Anaa “Sukooko.”
Anaa “sukooko.”
Nt., “nsã dan.”
Anaa “ɔwansanbere.”
Anaa “osutɔbere.”
Anaa “bobeturo.”
Anaa “sukooko.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Beter mmepɔw.” Anaa “mmepɔw a emu apaapae.”
Nt., “ɛda no ahome.” Anaa “onwini adwo.”
Anaa “nea me kra dɔ no no.”
Anaa “nea me kra dɔ no no.”
Anaa “nea me kra dɔ no no.”
Anaa “nea me kra dɔ no no.”
Anaa “pia.”
Anaa “ɔwansanbere.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛyɛ ade bi a ntama kata ho a wɔde soa ɔhene anaa onipa titiriw bi.
Anaa “nhwiren abotiri.”
Anaa “W’asontɔrem.”
Anaa “pomegranate.”
Anaa “sukooko.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “koko.”
Nt., “ɛda no ahome.” Anaa “onwini adwo.”
Anaa “Mmepɔw a Ɛne Lebanon Mmepɔw Di Nhwɛanim no.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “w’ano sosɔ sɛ ɛwokyɛm.”
Ebetumi nso akyerɛ, “honam.”
Anaa “turo.”
Ɛyɛ afifide bi a ɛyɛ huam. Nanso obiara nhyɛ da nnim afifide pɔtee a ɛyɛ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Bɛbɔ brɛoo.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “dɛm biara nni wo ho.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Bere a ɔrekasa no, me ho mmoa nyinaa guanee.”
Anaa “ɔyɛ kɔkɔɔ.”
Ebetumi nso akyerɛ, “adobɛ aba.”
Anaa “asukɔn so.”
Anaa “sukooko.”
Anaa “kurobow nsunsu.”
Anaa “asono se.”
Nt., “ne dodom.”
Anaa “sukooko.”
Anaa “sukooko.”
Anaa “Anika Kurow.”
Anaa “W’asontɔrem.”
Anaa “pomegranate.”
Tete mmere mu no, na wɔyɛ mmea a wɔto aware so, kyerɛ sɛ, mmea a nkurɔfo aware wɔn aka wɔn yere ho.
Anaa “dɛm biara nni ne ho.”
Nt., “nea asɛm biara nni ne ho.”
Nt., “ɔhwɛ fam.”
Ná dua a wɔreka ho asɛm yi wɔ Israel, na ɛte sɛ atea.
Anaa “me kra.”
Anaa “ayamyefo.”
Anaa “Ɔte sɛ Mahanaim asaw!”
Anaa “Bobesa.”
Anaa “sukooko.”
Anaa “asono se.”
Nt., “wo ti.”
Nt., “wo dodom.”
Anaa “bobesa.”
Dua bi a wɔyam n’ahaban de yeyɛ nsa ne nan ho ma ɛyɛ kɔkɔɔ. Wotumi nso de hyɛ nneɛma foforo ma ɛyɛ kɔɔ.
Anaa “bobeturo.”
Anaa “pomegranate.”
Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ntɔmmɔ anaa santom a ɛsow aba. Ná nkurɔfo susuw sɛ ɛma awo.
Anaa “bobesa.”
Anaa “Pomegranate.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
“Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tiaa.
Ebetumi nso akyerɛ, “ɔbarima no.”
Anaa “bobeturo.”
Nt., “Apem no.”