Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Yoel 1:1-3:21
  • Yoel

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yoel
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Yoel

YOEL

1 Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ Petuel ba Yoel* ni:

 2 “Mpanyimfo, muntie,

Na asaase sofo nyinaa, monyɛ aso.

Saa ade yi, so ebi asi wɔ mo bere so

Anaa mo agyanom bere so pɛn?+

 3 Monka ho asɛm nkyerɛ mo mma,

Na mo mma nka nkyerɛ wɔn mma,

Na wɔn mma nso nka nkyerɛ awo ntoatoaso a edi hɔ.

 4 Nea ntutummɛ a wɔsɛe nneɛma di ma ɛkae no, ntutummɛ a wotu yuu adi;+

Nea ntutummɛ a wotu yuu di ma ɛkae no, ntutummɛ a wonni ntaban adi;

Nea ntutummɛ a wonni ntaban di ma ɛkae no, ntutummɛ a wodidi fuu adi.+

 5 Asabofo, munnyan+ na munsu!

Asanomfo nyinaa, muntwa adwo,

Efisɛ munni nsã* dɔkɔdɔkɔ bio.+

 6 Ɔman bi aba m’asaase so; emu nnipa ho yɛ den na wɔn dodow nni ano.+

Wɔn se te sɛ gyata se,+ na wɔwɔ gyata apantan.

 7 Wɔasɛe me bobe na wɔama me borɔdɔma ayɛ dunsin,

Wɔapompan ho ma ayɛ kwabokwabo, na wɔatow agu

Ama ne nnubaa ho ayɛ fitafita.

 8 Twa adwo sɛnea ɔbaabun* fura awerɛhow ntama*

Twa adwo wɔ ne mmabaabere mu kunu ho.

 9 Aduan afɔre+ ne nsã afɔre+ a wɔde ba Yehowa fi no, afei de wɔagyae;

Yehowa asomfo a wɔyɛ asɔfo no resu.

10 Afuw mu nneɛma asɛe, asaase no redi awerɛhow,+

Efisɛ hwiit* asɛe, bobesa foforo ayow, na ngo ase atu.+

11 Hwiit ne baali* nti, akuafo abotow,

Na bobefuw* mu adwumayɛfo twa adwo,

Efisɛ afuw mu nnɔbae asɛe.

12 Bobe akyenkyen,

Na borɔdɔma nso akisa.

Granate akutu* ne abɛ ne aprɛ dua

Ne wuram nnua nyinaa awuwu;+

Ahurusi adan aniwu wɔ nnipa mu.

13 Asɔfo, mumfura awerɛhow ntama* na munni awerɛhow;*

Afɔremuka asomfo, muntwa adwo.+

Me Nyankopɔn asomfo, mumfura awerɛhow ntama* anadwo mũ nyinaa,

Efisɛ obiara nni hɔ a ɔde aduan afɔre+ ne nsã afɔre+ ba mo Nyankopɔn fi bio.

14 Momma wɔnyɛ akɔnkyen.* Momma wɔnyɛ nhyiam titiriw.+

Mommoaboa mpanyimfo no ne asaase no sofo nyinaa ano

Mmra Yehowa mo Nyankopɔn fi,+ na munsu mfrɛ Yehowa na ɔmmoa mo.

15 “Ɛda no nti munnue!

Yehowa da no abɛn,+

Na ɛbɛba sɛ ɔsɛe a efi ade nyinaa so Tumfo no nkyɛn!

16 Aduan nyera mfii yɛn anim anaa?

Na anigye ne ahurusi nso mfii yɛn Nyankopɔn fi?

17 Aba* a wɔadua a wɔde sofi reyɛ ho adwuma no atwintwam.

Adekora adan ada mpan.

Aburopata adwiriw agu, efisɛ nnɔbae asɛe.

18 Nyɛmmoa mpo si apini!

Anantwikuw nnya adidibea, enti wɔnenam basabasa.

Na nguankuw hu amane.

19 O Yehowa, wo na mesu afrɛ wo,+

Efisɛ ogya ahyew sare so adidibea,

Na ogyaframa ahyew wuram nnua nyinaa.

20 Wuram mmoa mpo ani agyina wo,

Efisɛ nsubon no mu nsu ayoyow,

Na ogya ahyew sare so adidibea.”

2 “Mommɔ abɛn wɔ Sion!+

Monhyɛn ɔko torobɛnto wɔ me bepɔw kronkron so.

Momma asaase no sofo nyinaa ho mpopo,

Efisɛ Yehowa da no reba,+ na abɛn!

 2 Ɛyɛ esum ne kusukuukuu da,+

Omununkum ne kusuuyɛ da;+

Ɛte sɛ nea adekyee hann atɔ mmepɔw so.

Ɔman bi wɔ hɔ a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den;+

Ɛso bi mmae da,

Na wɔn akyi nso ebi remma bio,

Awo ntoatoaso nyinaa mu.

 3 Ogya hyew biribiara a edi wɔn anim,

Na wɔn akyi nso, ogyaframa sɛe ade.+

Asaase a ɛda wɔn anim no te sɛ Eden turo,+

Na wɔn akyi de, ɛyɛ sare pradadaa,

Na biribiara renka.

 4 Wɔte sɛ apɔnkɔ,

Na wotu mmirika sɛ apɔnkɔ a wɔde wɔn rekɔ ɔko.+

 5 Wɔyɛ dede sɛnea nteaseɛnam gyigye wɔ mmepɔw so;+

Wɔn dede no te sɛ ogya a ɛrehyew sare* paapae no.

Wɔte sɛ ɔman a ɛyɛ den a wɔaboa wɔn ano wɔ akono.+

 6 Wɔn nti, nkurɔfo ho bɛyeraw wɔn.

Obiara anim besinsiam.

 7 Wotu ba sɛ mmarima akatakyi.

Wɔforo ɔfasu sɛ asraafo a wɔrekɔ ɔko.

Obiara nam ne kwan so

Na wɔmman mfi wɔn kwan so.

 8 Obi nsum ne yɔnko.

Obiara nam ne kwan so tẽẽ.

Sɛ wɔn mu bi wu akono* mpo a,

Wɔn a wɔaka no mman.

 9 Wɔbɔ wura kurow mu. Wotu mmirika fa afasu so.

Wɔforo adan, na wɔfa mfɛnsere mu sɛ akorɔmfo.

10 Asaase hinhim wɔn anim, na ɔsoro wosow.

Owia ne ɔsram aduru sum,+

Na nsoromma agyae hyerɛn.

11 Yehowa bɛma ne nne so wɔ n’asraafodɔm anim,+ efisɛ ne dɔm no dɔɔso paa.+

Nea ɔka asɛm a ɛba mu* no yɛ otumfo;

Yehowa da no yɛ kɛse na ɛyɛ hu sɛ.+

Hena na obetumi agyina ano?”+

12 “Enti afei,” Yehowa asɛm ni, “mumfi mo koma nyinaa mu nsan mmra me nkyɛn;+

Momfa akɔnkyen*+ ne osu ne agyaadwo mmra.

13 Munsuan mo koma mu,+ na ɛnyɛ mo ntaade.+

Monsan mmra Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn,

Efisɛ ɔwɔ ayamhyehye* ne mmɔborɔhunu, ne bo mfuw ntɛm,+ ne dɔ a enni huammɔ nni ano,+

Na ɔsɛe a ɔde reba no, obegyae ma aka.*

14 Hena na onim sɛ ebia ɔbɛsan na wagyae ma aka,+

Na wahyira wo,

Na wode aduan afɔre ne nsã afɔre ama Yehowa wo Nyankopɔn?

15 Mommɔ abɛn wɔ Sion.

Momma wɔnyɛ akɔnkyen. Momma wɔnyɛ nhyiam titiriw.+

16 Mommoaboa ɔman no ano. Montew asafo no ho.+

Mommoa mpanyimfo no ano. Mommoaboa mmofra ne wɔn a wonum nufu no ano.+

Momma ayeforokunu mpue mfi ne pia mu na ayeforo mpue mfi n’ayeforo dan mu.

17 Momma asɔfo no, Yehowa asomfo no nsũ,

Wonsu wɔ abantenten no ne afɔremuka no ntam+ sɛ:

‘O Yehowa, hu wo man mmɔbɔ,

Na mma nkurɔfo nnserew wo man;*

Mma amanaman no nnni wɔn so.

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔka sɛ: “Wɔn Nyankopɔn no wɔ he?”’+

18 Afei Yehowa bedi ama ne man

Na wahu ne nkurɔfo mmɔbɔ.+

19 Yehowa bebua ne man sɛ:

‘Hwɛ, mede aduan ne bobesa foforo ne ngo rebrɛ mo,

Na mobɛmee paa;+

Meremma amanaman no nni mo ho fɛw bio.+

20 Mɛpam nea ofi atifi fam no afi wo ho akɔ akyirikyiri.

Asaase wosee a obiara nte so no, ɛso na mɛbɔ no ahwete;

Mede ne dɔm a wodi anim* bɛkyerɛ apuei fam po*

Na mede dɔm a wodi akyiri akyerɛ atɔe fam po.*

Ne ho pampan bɛkɔ akodu ɔsoro,

Na ɔsoro ara na ne ho nka bɛkɔ akodu;+

Onyankopɔn bɛyɛ ade kɛse.’

21 O asaase, nsuro.

Ma w’ani nnye na di ahurusi, na Yehowa bɛyɛ ade kɛse.

22 Wuram mmoa, munnsuro,

Efisɛ sare so adidibea bɛyɛ frɔmfrɔm,+

Na nnua bɛsow aba.+

Borɔdɔma dua ne bobe bɛsow aba a ɛsɛ sɛ ɛsow nyinaa.+

23 Sion mma, momma mo ani nnye, na munni Yehowa mo Nyankopɔn mu ahurusi,+

Na ɔbɛma mo osu a edi kan* sɛnea ɛsɛ,

Na ɔbɛma osu atɔ ama mo

Ma moanya osu a edi kan ne osu a etwa to* sɛnea na ɛte kan no.+

24 Hwiit* a wɔaporow bɛyɛ awiporowbea ma,

Na bobesa foforo ne ngo bebu so wɔ amoa a wokyi nsã wom mu.+

25 Na mfe dodow a ntutummɛ a wotu yuu, ntutummɛ a wonni ntaban, ntutummɛ a wodidi fuu, ne ntutummɛ a wɔsɛe nneɛma,

M’asraafodɔm kɛse a mesomaa wɔn baa mo mu no+ dii mo nnɔbae no,

Mɛhyɛ ananmu.

26 Mubedidi amee,+

Na mubeyi Yehowa mo Nyankopɔn din ayɛ;+

Ɔno na wayɛ anwonwade ama mo;

Me man ani renwu bio da.+

27 Na mubehu sɛ mewɔ Israel mu;+

Mene Yehowa mo Nyankopɔn,+ na obiara nni hɔ bio.

Me man ani renwu bio da.

28 Ɛno akyi no, mehwie me honhom+ agu ɔhonam ahorow nyinaa so,

Na mo mma mmarima ne mo mma mmea bɛhyehyɛ nkɔm,

Mo mpanyimfo nso bɛsoso adae,

Na mo mmerante benya anisoadehu.+

29 Mehwie me honhom agu me nkoa ne me mfenaa mpo so

Wɔ saa nna no mu.

30 Na mɛma anwonwade aba ɔsoro ne asaase so;

Mogya ne ogya ne wusiw kumɔnn bɛba.+

31 Owia beduru sum na ɔsram adan mogya+

Ansa na Yehowa da kɛse a ɛyɛ hu no aba.+

32 Na obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, obenya nkwa.+

Na sɛnea Yehowa kae no, ebinom befi mu aka wɔ Sion Bepɔw so ne Yerusalem;+

Wɔn na wobenya wɔn ti adidi mu, na Yehowa afrɛ wɔn.”

3 “Hwɛ! Nna no mu,

Sɛ mede Yuda ne Yerusalemfo a wɔakodi obi man so no san ba saa bere no a,+

 2 Mɛboaboa amanaman nyinaa nso ano,

Na mede wɔn asian aba Yehosafat* Bon mu.*

Me man ne m’agyapade Israel nti,

Mebu wɔn atɛn wɔ hɔ,+

Efisɛ wɔabɔ wɔn ahwete amanaman no mu,

Na wɔakyɛ m’asaase afa.+

 3 Wɔbɔɔ me man so ntonto,+

Wɔtɔn mmarimaa de kɔfaa tuutuufo,

Na wɔtɔn mmeawa gyee nsã* nomee.

 4 Tiro ne Sidon ne Filistia nkurow nyinaa,

Dɛn na mowɔ tia me?

Mayɛ mo biribi na moreyɛ bi atua me ka anaa?

Sɛ moretua me biribi so ka a,

Ɛnde mɛyɛ ntɛm adan mo akatua no aba mo so.+

 5 Moafa me dwetɛ ne me sika kɔkɔɔ,+

Na mode m’akorade a ɛsom bo akogu mo abosomfi;

 6 Yuda ne Yerusalemfo nso, moatɔn wɔn ama Greecefo+

Sɛnea ɛbɛyɛ a mubetu wɔn afi wɔn asaase so akɔ akyirikyiri;

 7 Ɛno nti mɛma wɔafi beae a motɔn wɔn kɔe no aba,+

Na mɛdan mo akatua no aba mo so.

 8 Mɛtɔn mo mma mmarima ne mo mma mmea ahyɛ Yudafo nsa,+

Na wɔn nso bɛtɔn wɔn ama Sabafo, ɔman a ɛwɔ akyirikyiri,

Yehowa na waka.

 9 Mommɔ dawuru wɔ amanaman mu sɛ:+

‘Munsiesie mo ho nkɔko!* Monkanyan mmarima akatakyi!

Momma mmarima a wɔkɔ ɔsa nyinaa ntwiw mmɛn, momma wɔmmra!+

10 Momfa mo nsɔw nyɛ sekan a wɔde kɔ ɔko, na momfa mo kantankrankyi* nyɛ mpeaw.

Nea ɔyɛ mmerɛw no, ma ɔnka sɛ: “Me ho yɛ den.”

11 Aman a moatwa ahyia nyinaa, mommɛboa; mommoaboa mo

ho ano.’”+

O Yehowa, fa w’ahoɔdenfo* no bra hɔ.

12 “Momma amanaman no nsɔre mmra Yehosafat Bon mu,*

Na ɛhɔ na mɛtena abu amanaman a atwa ahyia nyinaa atɛn.+

13 “Montow kantankrankyi, na nnɔbae no awo* sɛ wotwa.

Mommra mmetiatia so, efisɛ amoa a wokyĩ nsã wom no ayɛ ma.+

Ade a wokyĩ nsã gu mu no ayɛ ma abu so; wɔn bɔne adɔɔso.

14 Nnipadɔm, nnipadɔm wɔ atemmu bon no mu,*

Na Yehowa da no abɛn wɔ atemmu bon no mu.*+

15 Owia ne ɔsram beduru sum,

Na nsoromma renhyerɛn bio.

16 Yehowa bɛbobom afi Sion,

Na ɔbɛma ne nne so afi Yerusalem.

Ɔsoro ne asaase bɛwosow,

Nanso Yehowa bɛyɛ guankɔbea ama ne man,+

Na ɔbɛyɛ abannennen ama Israelfo.

17 Mubehu sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn a mete Sion, me bepɔw kronkron so no.+

Yerusalem bɛyɛ beae kronkron,+

Na ahɔho* rentwam mfa hɔ bio.+

18 Saa da no, nsã* dɔkɔdɔkɔ bɛsosɔ afi mmepɔw so;+

Nufusu bɛsen afi nkoko so,

Na nsu bɛsen Yuda nsubon nyinaa mu.

Nsu bepue afi Yehowa fi,+

Na ɛbɛma Ɔkanto Nnua Bon* no anya nsu pii.

19 Egypt de, ɛbɛdan asaase a obiara nte so,+

Na Edom nso adan sare pradadaa,+

Efisɛ wɔde atirimɔdensɛm dii Yudafo,+

Na wohwiee mogya a edi bem gui wɔ wɔn asaase so.+

20 Nanso Yuda de, nnipa bɛtena hɔ daa,

Na Yerusalem nso bɛtena hɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.+

21 Wɔn mogya a mammu no bem no, mebu no bem,+

Na Yehowa bɛtena Sion.”+

Ɛkyerɛ, “Yehowa Ne Onyankopɔn.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “ababaa.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.

Anaa “bobeturo.”

Anaa “Pomegranate.”

Nt., “mommɔ abɔso.”

Anaa “mommɔ abubuw.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “wonni mmuada.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Borɔdɔma a awo.”

Eyi yɛ hwiit anaa baali dua a aka wɔ afuw mu bere a wɔatwa aduan no awie.

Anaa “akode ano.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Nea ɔma Onyankopɔn asɛm ba mu.”

Anaa “Momfa mmuadadi.”

Anaa “ɔyɛ ɔdomfo.”

Anaa “obenu ne ho wɔ ho.”

Nt., “w’agyapade.”

Nt., “n’anim.”

Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awu.

Kyerɛ sɛ, Mediterranea Po.

Ná efi ase fi October mfinimfini hɔ baabi. Hwɛ Nkh. B15.

Ná efi ase fi April mfinimfini hɔ baabi. Hwɛ Nkh. B15.

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Ɛkyerɛ, “Yehowa Ne Ɔtemmufo.”

Anaa “Asaasetraa no so.”

Anaa “bobesa.”

Nt., “Montew ɔko ho!”

Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dade bi a ɛyɛ nnam a ɛhyɛ dua ano. Ɛte sɛ kookoo sosɔw.

Anaa “wo nnɔmmarima.”

Anaa “Asaasetraa no so.”

Anaa “ahoa; aguan.”

Anaa “asaasetraa no so.”

Anaa “asaasetraa no so.”

Anaa “ananafo.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “Subon.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena