HAGAI
1 Ɔhene Dario ahenni afe a ɛto so abien, bosome a ɛto so asia no da a edi kan no, Yehowa faa odiyifo Hagai* so+ ka kyerɛɛ Sealtiel ba Serubabel+ a ɔyɛ Yuda amrado, ne Yehosadak ba Yosua a ɔyɛ ɔsɔfo panyin no sɛ:
2 “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Ɔman yi ka sɛ, “Bere nnya nsoe sɛ yesi* Yehowa fi* no.”’”+
3 Na Yehowa asɛm san faa odiyifo Hagai+ so bae sɛ: 4 “Mo de, bere aso ama mo sɛ motena adan a mode nnua asiesie mu no mu bere a ofi yi abubu, ɛnte saa?+ 5 Enti nea asafo Yehowa aka ni, ‘Nea moreyɛ no, munnwen ho yiye.* 6 Mudua aba pii, nanso nnɔbae kakraa bi na mutwa.+ Mudidi, nanso mommee. Monom, nanso ɛnso mo. Mufura ntama, nanso mo ho nyɛ mo hyew. Ɔpaani de n’akatua gu kotoku a ase nyinaa atutu ntokuru mu.’”
7 “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Nea moreyɛ no, munnwen ho yiye.’*
8 “‘Momforo nkɔ bepɔw so nkobu nnua mmra,+ na munsi ofi no,+ na m’ani begye ho, na ɛbɛhyɛ me anuonyam,’+ Yehowa asɛm ni.”
9 “‘Mohwɛɛ nneɛma pii kwan, nanso kakraa bi na mo nsa kae; na bere a mode baa fie no, mihuw gui.+ Adɛn ntia?’ asafo Yehowa asɛm ni. ‘Efisɛ me fi abubu, nanso mo de, obiara di akɔneaba de hwɛ ne fi yiye.+ 10 Ɛno nti, ɔsoro amma mo obosu, na asaase nso amma mo nnɔbae. 11 Na mefrɛɛ ɔpɛ fitaa baa asaase so, ne mmepɔw so, ne hwiit,* ne bobesa foforo so, ne ngo so, ne asaase so afifide so, ne onipa so, ne nyɛmmoa so, ne mo nsa ano adwuma nyinaa so.’”
12 Sealtiel ba+ Serubabel,+ ne Yehosadak+ ba Yosua a ɔyɛ ɔsɔfo panyin, ne ɔmanfo a aka no nyinaa tiee Yehowa wɔn Nyankopɔn, na wotiee odiyifo Hagai nsɛm no, efisɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn na ɔsomaa no; na Yehowa nti, nkurɔfo no fii ase suroe.
13 Ɛnna Yehowa somafo Hagai de asɛm a Yehowa de asoma no no too ɔman no anim sɛ: “‘Meka mo ho,’+ Yehowa asɛm ni.”
14 Afei Yehowa kanyan+ Sealtiel ba Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado+ no, ɔkanyan Yehosadak ba Yosua+ a ɔyɛ ɔsɔfo panyin no, na ɔkanyan ɔmanfo a aka no nyinaa. Na wɔbae, na wofii ase yɛɛ asafo Yehowa wɔn Nyankopɔn fi no ho adwuma.+ 15 Ná ɛyɛ Ɔhene Dario+ ahenni afe a ɛto so abien, bosome a ɛto so asia no da a ɛto so 24.
2 Bosome a ɛto so ason no da a ɛto so 21 no, Yehowa faa odiyifo Hagai so+ kae sɛ: 2 “Mepa wo kyɛw, bisa Sealtiel ba Serubabel+ a ɔyɛ Yuda amrado+ no, ne Yehosadak+ ba Yosua+ a ɔyɛ ɔsɔfo panyin no, ne ɔmanfo a aka no sɛ: 3 ‘Mo mu hena na waka a ohuu sɛnea na ofi* yi anuonyam te kan no?+ Seesei nso muhu no dɛn? Sɛ mode toto kan de no ho a, munhu sɛ ɛnsɛ hwee koraa?’+
4 “‘Enti afei Serubabel, hyɛ wo ho den,’ Yehowa asɛm ni, ‘na Yehosadak ba ɔsɔfo panyin Yosua nso, hyɛ wo ho den.’
“‘Na asaase no sofo nyinaa nso, monhyɛ mo ho den,’+ Yehowa asɛm ni, ‘na monyɛ adwuma.’
“‘Efisɛ meka mo ho,’+ asafo Yehowa asɛm ni. 5 ‘Monkae ɛbɔ a mehyɛɛ mo bere a mufii Egypt no,+ na me honhom da so ka mo ho.*+ Munnsuro.’”+
6 “Efisɛ nea asafo Yehowa aka ni, ‘Ɛbɛsan aba bio sɛ, ɛrenkyɛ koraa, mɛwosow ɔsoro ne asaase ne ɛpo ne asaase a ɛso awo.’+
7 “‘Na mɛwosow aman nyinaa, na aman nyinaa mu nneɛma a ɛsom bo* bɛba;+ na mede anuonyam bɛhyɛ ofi yi ma,’+ asafo Yehowa asɛm ni.
8 “‘Dwetɛ yɛ me dea, na sika kɔkɔɔ nso yɛ me dea,’ asafo Yehowa asɛm ni.
9 “‘Anuonyam a ofi yi benya daakye no bɛsen kan de no,’+ asafo Yehowa na waka.
“‘Na mɛma asomdwoe aba ha,’+ asafo Yehowa asɛm ni.”
10 Dario ahenni afe a ɛto so abien, bosome a ɛto so akron no da a ɛto so 24 no, Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo Hagai+ sɛ: 11 “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Mepa wo kyɛw, bisa asɔfo no asɛm yi fa mmara no ho sɛ:+ 12 “Sɛ obi de nam kronkron gu n’ataade mu, na ɔde n’ataade no ka paanoo anaa forɔe anaa bobesa anaa ngo anaa aduan foforo biara a, ɛbɛyɛ kronkron anaa?”’”
Na asɔfo no buae sɛ: “Daabi!”
13 Ɛnna Hagai bisae sɛ: “Sɛ obi a efunu* ama ne ho agu fĩ de ne nsa ka saa nneɛma yi bi a, ade no ho begu fĩ anaa?”+
Na asɔfo no buae sɛ: “Ɛho begu fĩ.”
14 Enti Hagai kae sɛ: “‘Saa ara na nkurɔfo yi te, saa ara na ɔman yi te wɔ m’ani so,’ Yehowa asɛm ni, ‘na saa ara na wɔn nsa ano adwuma nyinaa te; biribiara a wɔde ba hɔ no ho agu fĩ.’
15 “‘Enti mepa mo kyɛw, efi saa da yi rekɔ, munnwen asɛm yi ho yiye:* Ansa na wɔde ɔbo reto ɔbo so wɔ Yehowa asɔrefi hɔ no,+ 16 na nneɛma te dɛn? Sɛ obi ba hwiit* a wɔaboa ano ho sɛ obenya susukuruwa 20 a, 10 pɛ na na onya; na sɛ obi ba amoa a wokyĩ nsã wom ho sɛ ɔrebɛsaw nsã susukuruwa 50 a, 20 pɛ na na onya.+ 17 Mede ɔhyew a ano yɛ den baa mo so, na memaa ɔyare tew sii mo mfuw so,+ na memaa asukɔtweaa baa mo so, ne mo nsa ano adwuma nyinaa so, nanso mo mu baako mpo ansan amma me nkyɛn,’ Yehowa asɛm ni.
18 “‘Mepa mo kyɛw, efi saa da yi rekɔ, munnwen asɛm yi ho yiye,* efi bosome a ɛto so akron no da a ɛto so 24, efi da a wɔtoo Yehowa asɔrefi no fapem no;+ munnwen eyi ho yiye:* 19 Aba bi da so ara wɔ adekoradan* no mu anaa?+ Na ebesi nnɛ, bobe ne borɔdɔma ne granate akutu* ne ngodua nnya nsow aba, ɛnte saa? Efi saa da yi rekɔ mehyira mo.’”+
20 Na bosome no da a ɛto so 24 no, Yehowa nam Hagai so kae ne mprenu so+ sɛ: 21 “Ka kyerɛ Yuda amrado Serubabel sɛ, ‘Merebɛwosow ɔsoro ne asaase.+ 22 Na mɛka ahenni ahengua abutuw, na masɛe amanaman no ahenni ahoɔden;+ na mebutuw teaseɛnam na mayi wɔn a wɔtete mu no ahwe, na apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn so bɛhwehwe ase, na obiara bewu ne nua sekan ano.’”+
23 “‘Saa da no,’ asafo Yehowa asɛm ni, ‘mɛfa wo, Sealtiel+ ba Serubabel,+ m’akoa,’ Yehowa asɛm ni; ‘na mede wo bɛyɛ sɛ ahyɛnsode kawa, efisɛ wo na mapaw wo,’ asafo Yehowa asɛm ni.”
Ɛkyerɛ, “Nea Wɔwoo No Afahyɛ Da.”
Anaa “yɛsan si.”
Anaa “asɔrefi.”
Anaa “momfa mo koma nsi mo akwan so.”
Anaa “momfa mo koma nsi mo akwan so.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “asɔrefi.”
Ebetumi nso akyerɛ, “bere a na me honhom gyina mo mu no.”
Anaa “nneɛma a ɛyɛ papa.”
Anaa “ɔkra.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “momfa mo koma nsi asɛm yi so.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “momfa mo koma nsi asɛm yi so.”
Anaa “momfa mo koma nsi eyi so.”
Anaa “amoa a wɔkora hwiit wom.”
Anaa “pomegranate.”