Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Malaki 1:1-4:6
  • Malaki

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Malaki
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Malaki

MALAKI

1 Atemmusɛm:

Asɛm a Yehowa nam Malaki* so ka kyerɛɛ Israel ni:

2 “Makyerɛ sɛ medɔ mo,”+ Yehowa asɛm ni.

Nanso mubisa sɛ: “Ɛdɛn na wode akyerɛ sɛ wodɔ yɛn?”

“Ɛnyɛ Yakob nua ne Esau?”+ Yehowa asɛm ni. “Medɔɔ Yakob, 3 na Esau de, metan no.+ Memaa ne mmepɔw dan amamfo,+ na mede n’agyapade maa sare so sakraman.”+

4 “Edom reka sɛ, ‘Wɔabubu yɛn, nanso yɛbɛsan akɔ akɔkyekye nea asɛe no.’ Enti nea asafo Yehowa aka ni: ‘Wɔbɛkyekye, nanso medwiriw agu. Na nkurɔfo bɛfrɛ wɔn “amumɔyɛ asaase” ne “ɔman a Yehowa abu wɔn fɔ afebɔɔ.”+ 5 Mo ara mode mo ani behu, na mobɛka sɛ: “Wɔmma Yehowa so wɔ Israel asaase nyinaa so.”’”

6 “‘Ɔba di n’agya ni,+ na akoa di ne wura ni. Enti sɛ meyɛ agya a,+ nidi a ɛfata me no wɔ he?+ Na sɛ meyɛ owura* a, osuro* a ɛfata me no wɔ he?’ Nea asafo Yehowa reka akyerɛ mo ni, mo, asɔfo a mubu me din animtiaa no.+

“‘Nanso mubisa sɛ: “Ɛdɛn na yɛayɛ de abu wo din animtiaa?’”

7 “‘Ɛne sɛ mode aduan* a ɛho agu fĩ ba m’afɔremuka so.’

“‘Na mubisa sɛ: “Ɛdɛn na yɛayɛ de agu wo ho fĩ?”’

“‘Ɛne sɛ moka sɛ: “Yehowa pon+ yɛ adehunu.” 8 Sɛ mode aboa a n’aniwa abɔ bɛbɔ afɔre a, moka sɛ: “Ɛnyɛ bɔne.” Na sɛ mode aboa a ɔyɛ apakye anaa aboa a ɔyare ba a, moka sɛ: “Ɛnyɛ bɔne.”’”+

“Wopɛ a, fa kɔma w’amrado hwɛ. Wugye di sɛ ɔbɛpɛ w’asɛm, anaa ɔbɛhwɛ w’anim?” asafo Yehowa asɛm ni.

9 “Enti afei, mepa mo kyɛw, monsrɛ Onyankopɔn* na onhu yɛn mmɔbɔ. Sɛ saa nneɛma yi na ɛwɔ mo nsam a mode rebɛbɔ afɔre a, ɔbɛhwɛ mo anim anaa?” asafo Yehowa asɛm ni.

10 “Mo mu hena na obeyi ne yam atoto apon* no mu?+ Efisɛ m’afɔremuka so gya mpo, mosɔ a, mugye biribi.+ M’ani nnye mo ho, na mo nsam akyɛde afɔre biara nni hɔ a m’ani gye ho,”+ asafo Yehowa asɛm ni.

11 “Efi apuei kosi atɔe,* me din bɛyɛ kɛse wɔ aman nyinaa mu.+ Na wɔbɛhyew afɔrebɔde wɔ baabiara, na wɔabɔ afɔre de ahyɛ me din anuonyam sɛ akyɛde a ɛho tew, efisɛ me din bɛyɛ kɛse wɔ aman nyinaa mu,”+ asafo Yehowa asɛm ni.

12 “Nanso mubu no animtiaa*+ ka sɛ, ‘Yehowa pon ho agu fĩ; aba a ɛwɔ so, kyerɛ sɛ, ɛso aduan yɛ adehunu.’+ 13 Mosan ka sɛ, ‘Hwɛ! Ɔbrɛ bɛn ni!’ Mohwɛ a, na moanyinyan mo anim,” asafo Yehowa asɛm ni. “Mode mmoa a moakowia, ne mmoa a wɔyɛ mpakye, ne mmoa a wɔyare na ɛba. Yiw, akyɛde a ɛtete saa na mode brɛ me! Eyi na mopɛ sɛ migye wɔ mo nsam anaa?”+ Yehowa asɛm ni.

14 “Nnome nka onitefo a ɔwɔ odwennini a ɔte apɔw wɔ ne nguan mu, nanso sɛ ɔhyɛ bɔ a ɔde nea wadi dɛm na ɛbɔ afɔre ma Yehowa. Meyɛ Ɔhenkɛse,+ na me din bɛma amanaman no abɔ hu,”+ asafo Yehowa asɛm ni.

2 “Afei mo, asɔfo, nea mereka akyerɛ mo ni.+ 2 Sɛ moantie na moamma anna mo koma so sɛ mobɛhyɛ me din anuonyam a, ɛnde mɛma nnome aba mo so,+ na mɛma mo nhyira adan nnome.+ Nea ɛwom mpo ne sɛ, mama mo nhyira adan nnome dedaw, efisɛ moamma anna mo koma so,” asafo Yehowa asɛm ni.

3 “Hwɛ! Mo nti mɛsɛe aba a moagu no,*+ na mɛbɔ tiafi apete mo anim, mo afahyɛ tiafi no. Na wɔbɛsoa mo akɔ hɔ.* 4 Afei mubehu sɛ me na mede ahyɛde yi ama mo, sɛnea ɛbɛyɛ a apam a me ne Lewi ayɛ no begyina daa,”+ asafo Yehowa asɛm ni.

5 “Apam a me ne no yɛe no, ɛma onyaa nkwa ne asomdwoe, sɛnea ɛbɛyɛ a obesuro me.* Osuroo me, ampa, onyaa obu kɛse maa me din. 6 Ná nokware mmara* wɔ n’anom,+ na wamfa n’ano anka biribiara a ɛnteɛ. Ɔne me nantewee asomdwoe ne trenee mu,+ na ɔmaa nnipa pii twee wɔn ho fii bɔne ho. 7 Efisɛ ɛsɛ sɛ ɔsɔfo ano bɔ nimdeɛ ho ban, na nnipa hwehwɛ mmara* fi n’anom.+ Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɔyɛ asafo Yehowa somafo.

8 “Nanso mo de, moaman afi ɔkwan no so. Moama mmara* no ato nnipa pii hintidua.+ Moasɛe Lewi apam no,”+ asafo Yehowa asɛm ni. 9 “Eyi nti, me nso mɛma mo anim agu ase na mabrɛ mo ase wɔ nnipa nyinaa anim, efisɛ moamfa m’akwan so, na moyɛɛ animhwɛ wɔ asɛnni mu.”+

10 “Ɛnyɛ agya baako na yɛn nyinaa wɔ?+ Ɛnyɛ Onyankopɔn baako no ara na ɔbɔɔ yɛn? Ɛnde adɛn nti na yɛn mu biara twa ne yɔnko nkontompo+ de gu yɛn agyanom apam ho fĩ? 11 Yuda atwa nkontompo, na akyiwade bi akɔ so wɔ Israel ne Yerusalem. Efisɛ Yehowa kronkronyɛ* a Onni ho agoru no, Yuda agu ho fĩ,+ na wakɔware ananafo nyame bi babea.+ 12 Obiara a ɔbɛyɛ saa no, sɛ ɔyɛ hena oo, sɛ ɔyɛ hena oo,* sɛ ɔde akyɛde afɔre brɛ asafo Yehowa mpo a, Yehowa bekum no* afi Yakob ntamadan mu.”+

13 “Ade foforo* bi nso wɔ hɔ a moyɛ. Ama nisu ne osũ ne ahomegu akata Yehowa afɔremuka no so. Enti ɔnhwɛ mo akyɛde afɔre bio, na mo nsam biribiara nni hɔ a n’ani gye ho.+ 14 Na mubisa sɛ, ‘Adɛn ntia?’ Ɛne sɛ, Yehowa na ɔyɛ ɔdansefo wɔ wo ne ɔbea a wowaree no wo mmeranteberem no ntam, wo yere a woatwa no nkontompo no. Nanso ɔno na ɔyɛ wo hokafo ne wo yere a wo ne no yɛɛ apam.*+ 15 Nanso obi wɔ hɔ a wanyɛ saa, efisɛ na ɔwɔ honhom a aka no bi. Ɛdɛn na na onii no rehwehwɛ? Onyankopɔn aseni.* Enti monhwɛ mo suban yiye, na munntwa mmea a mowaree wɔn mo mmeranteberem no nkontompo. 16 Efisɛ mikyi* awaregyae,”+ Israel Nyankopɔn Yehowa asɛm ni. “Na mikyi nea ɔde awudisɛm ayɛ n’ataade,”* asafo Yehowa asɛm ni. “Monhwɛ mo suban yiye, na munntwa nkontompo.+

17 “Mode mo nsɛm ahyɛ Yehowa brɛ.+ Nanso mubisa sɛ, ‘Ɛdɛn na yɛayɛ de ahyɛ no brɛ?’ Ɛne sɛ, moka sɛ: ‘Obiara a ɔyɛ bɔne no teɛ wɔ Yehowa ani so, na n’ani gye wɔn a wɔte saa ho,’+ na moka nso sɛ, ‘Atɛntrenee Nyankopɔn no wɔ he?’”

3 “Hwɛ! Meresoma me somafo, na obedi m’anim asiesie kwan mu.*+ Na mpofirim ara na nokware Awurade a morehwehwɛ no no bɛba n’asɔrefi hɔ,+ na apam no somafo a mo ani agyina no no bɛba. Hwɛ! Sɛnea ɛte biara ɔbɛba,” asafo Yehowa asɛm ni.

2 “Nanso da a ɔbɛba no, hena na obetumi atintim? Na sɛ oyi ne ti a, hena na obetumi agyina? Efisɛ ɔbɛyɛ te sɛ ogya a wɔde nan dade yiyi mu fĩ, na ɔbɛyɛ sɛ samina* a wɔde horo nneɛma.+ 3 Na ɔbɛtena ase te sɛ obi a ɔnan dwetɛ yiyi mu fĩ,+ na obeyiyi Lewifo mu fĩ. Ɔbɛtew wɔn ho te sɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ, na wɔbɛba abɛyɛ nnipa a wɔde akyɛde afɔre brɛ Yehowa wɔ trenee mu. 4 Afei Yehowa ani begye Yuda ne Yerusalem akyɛde afɔre ho te sɛ tete mmere no, te sɛ mfe a atwam no.+

5 “Mɛba mo nkyɛn abebu atɛn, na mede ahoɔhare bedi adanse atia asumanfo,+ ne awaresɛefo, ne wɔn a wɔka ntam hunu,+ ne wɔn a wɔbɔ apaafo apoo,+ ne wɔn a wosisi akunafo ne nnyanka,+ na medi adanse atia wɔn a wɔmmoa ahɔho.*+ Saa nkurɔfo no nsuro me,” asafo Yehowa asɛm ni.

6 “Efisɛ mene Yehowa; mensakra.*+ Na mone Yakob mma; munnya nsae. 7 Efi mo agyanom bere so na moman fii m’ahyɛde ho, na moanni so.+ Monsan mmra me nkyɛn, na me nso mɛsan aba mo nkyɛn,”+ asafo Yehowa asɛm ni.

Nanso mubisa sɛ: “Ɔkwan bɛn so na yɛnsan mmra?”

8 “Mohwɛ a, onipa dasani betumi abɔ Onyankopɔn korɔn? Nanso mobɔ me korɔn.”

Na mubisa sɛ: “Ɛdɛn na yɛayɛ de abɔ wo korɔn?”

“Mobɔ me korɔn wɔ ntotoso du du* ne afɔrebɔde mu. 9 Wɔadome mo,* efisɛ mobɔ me korɔn. Yiw, ɔman mu no nyinaa bɔ me korɔn. 10 Momfa ntotoso du du* no nyinaa mmra adekoradan mu,+ sɛnea ɛbɛyɛ a aduan bɛwɔ me fi.+ Mepa mo kyɛw, momfa eyi nsɔ me nhwɛ, sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere mma mo,+ na merenhwie nhyira ngu mo so mma emmu mo so anaa,”+ asafo Yehowa anom asɛm ni.

11 “Na metwiw ɔsɛefo* no anim ama mo, na ɔrensɛe mo asaase so aba, na aba rensa wɔ bobe a ɛwɔ mo afuw mu no so,”+ asafo Yehowa asɛm ni.

12 “Na aman nyinaa bɛka sɛ mowɔ anigye,+ efisɛ mobɛyɛ anigye asaase,” asafo Yehowa asɛm ni.

13 Yehowa se: “Moakasa atia me yayaayaw.”

Na mubisa sɛ: “Ɛdɛn na yɛayɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛakasa atia wo?”+

14 “Moka sɛ, ‘Mfaso biara nni so sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn.+ Bere a yɛnantewee mmɔbɔmmɔbɔ wɔ asafo Yehowa anim na yedii n’ahyɛde so yi, mfaso bɛn na yɛanya? 15 Efi saa bere yi rekɔ yi, yɛbɛka sɛ ahantanfo na wɔn ani gye. Afei nso, wɔn a wodi bɔne no na esi wɔn yiye.+ Wosi wɔn bo sɔ Onyankopɔn hwɛ, nanso wɔfa wɔn ho di.’”

16 Saa bere no, wɔn a wosuro Yehowa no ne wɔn ho kasae; obiara ne ne yɔnko kasae, na Yehowa yɛɛ aso, na otiee nea wɔkae no. Na wɔkyerɛw nkae nhoma bi wɔ n’anim.+ Ɛfa wɔn a wosuro Yehowa ne wɔn a wodwinnwen ne din ho* no ho.+

17 Asafo Yehowa asɛm ni: “Ɛda a mede wɔn bɛyɛ agyapade titiriw*+ no, wɔbɛyɛ me dea.+ Na me yam bɛhyehye me ama wɔn, sɛnea agya yam hyehye no ma ne babarima a ɔsom no no.+ 18 Afei mobɛsan ahu nsonsonoe a ɛda onipa trenee ne onipabɔnefo ntam,+ ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.”

4 Asafo Yehowa asɛm ni: “Hwɛ! Ɛda bi reba, na ɛredɛw te sɛ fononoo mu gya.+ Saa da no, ahantanfo ne wɔn a wodi bɔne nyinaa bɛyɛ sɛ sare.* Na sɛnea ɛte biara, ɛda a ɛreba no bɛhyew wɔn, na wɔn ntini anaa wɔn nkorabata mpo renka. 2 Nanso mo a mohyɛ me din anuonyam* no de, owia a ɛde trenee ba a ayaresa wɔ ne hann mu* no bɛhyerɛn mo so. Na mubehuruhuruw te sɛ nantwi mma a wɔadɔ srade.”

3 “Ɛda a mɛkeka me ho no, mubetiatia abɔnefo so, efisɛ wɔbɛyɛ sɛ mfuturu wɔ mo nan ase,” asafo Yehowa asɛm ni.

4 “Monkae m’akoa Mose Mmara no, ahyɛde ne atemmusɛm a mekae wɔ Horeb sɛ Israelfo nyinaa nni so no.+

5 “Hwɛ! Meresoma odiyifo Elia aba mo nkyɛn+ ansa na Yehowa da kɛse a ɛyɛ hu no aba.+ 6 Na ɔbɛdan agyanom koma aba mma so,+ na wadan mma koma aba agyanom so, sɛnea ɛbɛyɛ a meremma mmɛbɔ asaase no nsɛe no.”

(Hebri ne Aram Kyerɛwnsɛm no nkyerɛase no awiei ni; Greek Kyerɛwnsɛm no toa so)

Ɛkyerɛ, “Me Somafo.”

Anaa “owura kunini.”

Anaa “obu.”

Nt., “paanoo.”

Anaa “monhwehwɛ Onyankopɔn anim dom.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ asɔrefi no apon a wɔde ahyɛ ebinom nsa.

Anaa “owiapuei kosi owiatɔe.”

Ebetumi nso akyerɛ, “mubu me animtiaa.”

Nt., “metwiw aba a moagu no anim.”

Kyerɛ sɛ, wɔbɛsoa wɔn akɔ baabi a wɔtow mmoa a wɔde wɔn bɔ afɔre tiafi gu no.

Anaa “obebu me; obedi me ni.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Ebetumi nso akyerɛ, “tenabea kronkron.”

Nt., “nea wanyan ne nea ɔma mmuae.”

Anaa “betwa no.”

Nt., “Ade a ɛto so abien.”

Anaa “wo yere a wowaree no mmara kwan so.”

Nt., “aba.”

Nt., “okyi.”

Nt., “nea ɔde awudisɛm kata n’ataade so.” Anaa “nea odi awu.”

Anaa “obedi m’anim apae kwan.”

Anaa “gyakisi.”

Anaa “wɔn a wotiatia ahɔho fahodi so.”

Anaa “mensakrae.”

Anaa “taet.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Nnome na mode dome me.”

Anaa “taet.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ ntummoa a wɔsɛe ade.

Anaa “wosusuw ne din ho.” Ebetumi nso akyerɛ, “wɔn a ne din som bo ma wɔn.”

Anaa “agyapade a ɛda me koma so.”

Eyi yɛ hwiit anaa baali dua a ɛka wɔ afuw mu bere a wɔatwa ɛso aba awie.

Nt., “mo a musuro me din.”

Nt., “ne ntaban mu.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena