ƆDE KƆMAA TITO
1 Me Paul, meyɛ Onyankopɔn akoa ne Yesu Kristo somafo. Gyidi ne nokware no ho nimdeɛ a edi mu a wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no wɔ a ɛne onyamesom pa hyia no, ɛno ara bi na mewɔ. 2 Na ne nyinaa gyina daa nkwa ho anidaso+ so, anidaso a Onyankopɔn a ontumi nni atoro+ no hyɛɛ ho bɔ fi teteete no; 3 ɔno ara ne bere a ɛsɛ mu no, ɔnam asɛnka adwuma a yɛn Agyenkwa Nyankopɔn ma wɔde maa me+ no so maa n’asɛm daa adi. 4 Mede krataa yi rekɔma Tito, me ba paa a me ne no wɔ gyidi baako mu no:
Agya Nyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu adom ne asomdwoe nka wo.
5 Migyaw wo wɔ Kreta sɛnea ɛbɛyɛ a wubesiesie nneɛma a ɛnkɔ yiye no, na woapaw mpanyimfo wɔ kurow biara mu sɛnea meka kyerɛɛ wo sɛ yɛ no: 6 Sɛ obi bɛfata sɛ ɔpanyin a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbarima a asɛm biara nni ne ho, okunu a ne yere yɛ baako, na ne mma yɛ gyidifo a obiara mmɔ wɔn sobo sɛ wɔbɔ ahohwibra* anaa wɔtew atua.+ 7 Esiane sɛ ɔhwɛfo yɛ Onyankopɔn fiehwɛfo nti, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a asɛm biara nni ne ho, obi a onni ne koko so asɛm,+ ne bo mfuw ntɛm,+ ɔnyɛ ɔkɔwensani, ɔmpɛ ntɔkwaw,* ɔnyɛ adifudepɛ nhwehwɛ mfaso bɔne; 8 mmom ɔpɛ ahɔhoyɛ,+ ɔpɛ papayɛ, n’adwenem da hɔ,*+ ɔteɛ, ɔyɛ ɔnokwafo,+ otumi hyɛ ne ho so,*+ 9 sɛ ɔrekyerɛkyerɛ a, ɔde ne nkyerɛkyerɛ* gyina nokwasɛm no so pintinn,+ sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi de nkyerɛkyerɛ pa*+ no ahyɛ nkuran,* na wɔn a wɔkasa tia nkyerɛkyerɛ pa* no nso, watumi de akasa akyerɛ wɔn.+
10 Efisɛ nnipa pii yɛ atuatewfo, wɔkeka nsɛnhunu, na wɔdaadaa nkurɔfo, ɛnkanka wɔn a wɔagye twetiatwa* agyina mu no.+ 11 Ehia sɛ wɔma saa nnipa yi mua wɔn ano, efisɛ mfaso bɔne nti, wɔkɔ so kyerɛkyerɛ nea ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ, na wɔde sɛe mmusua mũ nyinaa gyidi. 12 Wɔn mu baako a ɔyɛ wɔn ankasa diyifo kae sɛ: “Kretafo de, wodi atoro daa, wɔyɛ nkekaboa a wɔn ho yɛ hu, akwadwofo a wodidi fuu.”
13 Saa adanse yi yɛ nokware. Eyi nti kɔ so kasa kyerɛ wɔn denneennen sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ den wɔ gyidi no mu, 14 na amma wɔantie Yudafo anansesɛm, na wɔantie nnipa a wɔatwe wɔn ho afi nokware no ho no ahyɛde. 15 Nneɛma nyinaa ho tew ma nnipa a wɔn ho tew;+ na wɔn a wɔn ho agu fĩ na wonnye nni no de, biribiara ho ntew mma wɔn, efisɛ wɔn adwene ne wɔn ahonim* nyinaa ho agu fĩ.+ 16 Wɔka wɔ baguam sɛ wonim Onyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma kyerɛ sɛ wɔmfa no nyɛ hwee,+ efisɛ wɔyɛ asoɔdenfo ne akyiwade a wɔmfata mma adwuma pa biara.
2 Nanso wo de, kɔ so ka nsɛm a ɛne nkyerɛkyerɛ pa* hyia no.+ 2 Ɛnsɛ sɛ nkwakoraa yɛ nneɛma tra so,* mmom wɔn ani so nna hɔ, wɔn adwene mu nna hɔ, wɔnyɛ nnipa a wɔyɛ den wɔ gyidi ne ɔdɔ mu, na wommia wɔn ani nnyina amanehunu mu. 3 Saa ara na mmerewa nso mmɔ ɔbra kronkron; wɔnnsɛe nkurɔfo din, wɔmmma nsã* mmfa wɔn nnyɛ nkoa, na mmom wɔnkyerɛ akyerɛ pa, 4 na wɔde atu mmabaa fo* sɛ wɔnnɔ wɔn kununom, wɔnnɔ wɔn mma, 5 wɔmma wɔn adwene mu nna hɔ, wɔmma wɔn abrabɔ ho ntew, wɔnyɛ fie nnwuma,* wɔnyɛ papa, na wɔmmrɛ wɔn ho ase mma wɔn ankasa kununom,+ sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo renka Onyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne.
6 Saa ara nso na kɔ so tu mmerante fo sɛ wɔmma wɔn adwene mu nna hɔ.+ 7 Biribiara mu, yɛ nhwɛso wɔ nnwuma pa mu. Ma wo nkyerɛkyerɛ nyɛ nea efĩ nni ho,* na mfa wo nkyerɛkyerɛ nni agoru.+ 8 Sɛ worekyerɛkyerɛ a, ka nsɛm a ɛho tew* a nkurɔfo rennya ho asɛm nka,+ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔsɔre tia yɛn no ani bewu, efisɛ wɔrennya yɛn ho asɛmmɔne biara nka.+ 9 Ma nkoa mmrɛ wɔn ho ase mma wɔn wuranom wɔ ade nyinaa mu;+ wɔnyɛ nea ɛbɛsɔ wɔn ani, wɔnnyɛ nyiyiano, 10 wonnwia wɔn wuranom ade,+ na mmom wɔnyɛ nnipa a wɔn wuranom tumi de wɔn ho to wɔn so koraa, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma anuonyam aba yɛn Agyenkwa Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ ho wɔ ade nyinaa mu.+
11 Na wɔada Onyankopɔn adom no adi, na ɛde nkwagye abrɛ nnipa ahorow nyinaa.+ 12 Ɛtete yɛn ma yekyi bɔne ne wiase akɔnnɔ,+ na ɛma yɛde adwene a emu da hɔ ne trenee ne onyamesom pa tena wiase yi*+ mu, 13 bere a yɛretwɛn sɛ anidaso a ɛyɛ anigye+ no bɛba mu, ne bere a Onyankopɔn kɛse no ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo bɛda wɔn ho adi anuonyam mu no. 14 Kristo na ɔde ne ho bɔɔ afɔre maa yɛn+ sɛnea ɛbɛyɛ a obegye yɛn+ afi mmarato nyinaa mu, na ɔnam so atew nnipa bi ho de wɔn ayɛ ɔno ara n’agyapade, nnipa a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ nnwuma pa.+
15 Tumi a wɔde ama wo no, kɔ so fa ka eyinom ho asɛm, fa tu fo,* na fa ka anim.+ Mma obiara mmmu wo animtiaa.
3 Kɔ so kae wɔn sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase nyɛ osetie mma aban ne tumidi,+ na wonsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara, 2 wɔnnka obiara ho asɛmmɔne, wɔne nkurɔfo nnham; mmom wɔnyɛ nnipa a wɔte asɛm ase,+ na wɔnyɛ nnipa nyinaa brɛbrɛ bere nyinaa.+ 3 Efisɛ yɛn nso, bere bi a atwam no na yennim nyansa; na yɛn aso yɛ den; na yɛayera; akɔnnɔ ne anigye ahorow de yɛn yɛɛ nkoa; na yɛte bɔne mu, na na yɛn ani bere ade; yɛyɛɛ akyiwade; yɛtentan yɛn ho.
4 Nanso bere a yɛn Agyenkwa Nyankopɔn ayamye+ ne ɔdɔ a ɔwɔ ma nnipa daa adi 5 (ɛnyɛ nnwuma a ɛteɛ a yɛyɛe ntia,+ na mmom ɔno ara ne mmɔborɔhunu ntia)+ no, ɔnam guare a woguaree yɛn ma yɛbaa nkwa mu,+ ne honhom kronkron a ɔde yɛɛ yɛn foforo+ no so gyee yɛn nkwa. 6 Ɔnam yɛn Agyenkwa Yesu Kristo+ so na ehwiee honhom yi guu yɛn so ma ebuu so, 7 sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔnam n’adom so bu yɛn bem+ a, yɛbɛyɛ adedifo*+ sɛnea daa nkwa ho anidaso a yɛwɔ no te no.*+
8 Nsɛm yi yɛ nokware, na mepɛ sɛ wokɔ so tĩ saa nsɛm yi mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔagye Onyankopɔn adi no bɛkɔ so de wɔn adwene asi nnwuma pa a wɔbɛyɛ no so. Saa nneɛma yi ye, na ɛso wɔ mfaso ma nnipa.
9 Nanso twe wo ho fi akyinnyegye a nyansa nnim ne abusua santen ho nsɛm ho, na twe wo ho fi mansotwe ne Mmara ho ntɔkwaw ho, efisɛ mfaso biara nni so, na ɛyɛ adehunu.+ 10 Na obi a ɔkyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ foforo+ de, sɛ wutu no fo* baako ne ne mprenu so a,+ wo ne no mmmɔ.+ 11 Hu sɛ onipa a ɔte saa no afom kwan, na ɔreyɛ bɔne, na ɔno ara abu ne ho fɔ.
12 Sɛ mesoma Artema anaa Tikiko+ ba wo nkyɛn a, bɔ mmɔden paa bra me nkyɛn wɔ Nikopoli, efisɛ mabɔ me tirim sɛ ɛhɔ na mɛtena awɔw bere no. 13 Sena a onim Mmara no yiye ne Apolo nyinaa, hwɛ ma wɔn nsa nka nea wobehia de atu kwan no na biribiara anhia wɔn.+ 14 Na ma yɛn nkurɔfo no nso nsua sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ nnwuma pa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aboa wɔn a wohia mmoa denneennen+ no, na wɔanyɛ nnipa a wɔnsow aba.+
15 Wɔn a wɔwɔ me nkyɛn nyinaa kyiakyia wo. Kyia gyidifo a wɔdɔ yɛn no ma me.
Adom nka mo nyinaa.
Anaa “wɔyɛ basabasa.”
Anaa “ɔntow twɛre.”
Anaa “obu atɛn pa; onim nyansa.”
Anaa “otumi di ne ho so.”
Anaa “ɔde ɔkwan a ɔfa so kyerɛkyerɛ.”
Anaa “nkyerɛkyerɛ a mfaso wɔ so.”
Anaa “atu fo.”
Anaa “nkyerɛkyerɛ a mfaso wɔ so.”
Anaa “ɔbarima dua a wotwa.”
Anaa “tiboa.”
Anaa “nkyerɛkyerɛ a mfaso wɔ so.”
Anaa “Ma nkwakoraa nkari pɛ wɔ wɔn nneyɛe mu.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “wɔde akae mmabaa; wɔde atete mmabaa.”
Anaa “wɔnhwɛ wɔn fi.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Fa ahotew kyerɛkyerɛ.”
Anaa “ka nsɛm a mfaso wɔ so.”
Anaa “bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “fa hyɛ nkuran.”
Anaa “adehye.”
Anaa “yɛbɛyɛ nnipa a yɛwɔ anidaso sɛ yebenya daa nkwa sɛ agyapade.”
Anaa “wobɔ no kɔkɔ.”