Bere A Akaakae Yɛ Mmerɛw
Ɛnanom, So Muhu Sɛnea Ɛyɛ Mmerɛw ma Mo Ba Kumaa no sɛ Ɔbɛkaakae Kyerɛw Nsɛm Ahorow No?
NÃ HUMPTY Dumpty te ɔfasu bi so . . .” Afei dɛn na ɛbae? Wunim—obiara nim. Yɛn nyinaa suaa Humpty Dumpty ho ade bere a na yɛyɛ mmofra nkumaa. Ade titiriw a ɛwɔ mu no ne sɛ yɛda so ara kura saa mmofraase awensɛm no mu nnɛ. Ebia yɛrekyerɛkyerɛ yɛn mma no onnii a “ɔhene apɔnkɔ ne ɔhene nkurɔfo nyinaa” antumi amma no so bio no mprempren mpo.
Wokae saa mmofraberem anwensɛm no—anaasɛ afoforo a ebia wɔde di dwuma wɔ wo man mu—de besi nnɛ esiane ntease ntiantiaa abien nti: na ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛkaakae na na ɛyɛ anigye. Nanso akaakae yɛ pii sen saa wɔ mmofra fam. Afei nso
Sukuu Akyerɛkyerɛfo Kamfo Kyerɛ Kɛse
Mangoo asia ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔkyerɛ mmofra abenfo ade no te nka kɛse wɔ akaakae ho. Nea okura mu ne sɛ: “Momma yɛnka, mmofra tumi kaakae nneɛma pii. Wɔn a wosusuae koraa mpo tumi kyere nnwom pii mu nsɛm, kaakae agodi ho nsɛm, anaa nea ɛtete saa pii. Nneɛma a ɛtete saa a wɔkaakae no ho nni mfaso na ɛtɔ mmere bi a epira. Nneɛma a ɛsom bo na ɛho tew a wɔkaakae no bɔ nsusuwii kwan pa ma mmofra. Ɛyɛ adesua a ɛyɛ nwonwa. Ɛma wonya nsusuwii ahorow, ɛkanyan tirim a wɔbɔ yɛ ade. Ɛbɛyɛ nhyease a wobetumi atoa so akyiri yi.
Ntoaso sukuu bi Engiresi kasa ɔkyerɛkyerɛfo foforo nso de ka ho sɛ: Mahyɛ no nsow sɛ sukuufo a wɔankanyan wɔn na wɔansi akane biara bere a wosusua no taa yɛ wɔn ade ɔkwan biako so na wɔdɔ wɔn ho bere a wɔaba ntoaso sukuu no. Mpɛn pii no wontumi nni nkitaho yiye na wobetumi abɛyɛ abɔnfo.”
Te sɛ wo no, ebia wo mma betumi akɔ so de nneɛma a wɔkaakae no bi asie bere tenten a wɔda so te ase no. Enti dɛn nti na womfa ade a wobetumi de adi dwuma na ɛbɛboa wɔn bere tenten a wɔte ase no nkyerɛkyerɛ wɔn? Dɛn nti na wompaw Bible mu nsɛm kakraa bi mma wɔnnkaakae? Kristofo mmusua binom de anigye reyɛ eyi na wonya mfaso kɛse.
Wobetumi Ayɛ na Wubetumi Ayɛ
Andrew maame aboa no ma otumi kaakae Bible mu nkyekyem ahorow 80 mu nsɛm fi bere a odii mfe asia no.
Ose: “Ná ɛnyɛ mmirikatu. Ɔkwan a yɛfaa so no yɛ bɔkɔɔ ne nea ɛne awosu hyia. Nokwarem no, bere a obi bisae sɛ, ‘Nkyekyem ahorow ahe na onim?’ no, na ɛsɛ sɛ migyina na mekeka bom. Na Andrew ani gye pii sɛ obesua nkyekyem afoforo na dodow no kɔɔ so ntɛmntɛm.”
Nanso ɔkwan bɛn so na ɔfa yɛe? Nhoma ahorow bɛn na odii kan kenkanee? So ɛho ahintasɛm bi wɔ hɔ?
Oyi ano sɛ: “Dabi, dabi, dabi. Biribiara nni hɔ a ɛyɛ mmerɛw saa. Mekenkan nkyekyem bi kyerɛ no mprenu pɛ, afei otĩ nkyekyemno mu di m’akyi mpɛn abien—te sɛ ayeforohyia ntamka. Afei yetĩ eyi yɛ mu mprenu anaa mprɛnsa dapɛn biara kosi sɛ obetumi aso mu. Sɛnea na ɔpɛ sɛ osua no ne sɛnea osuaa no ntɛmntɛm no maa me ho dwiriw me!
“Ne nyinaa nen?”
“Yiw, nea ɛwom ara nen. Sɛ nkurɔfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkamfo me sɛ meyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa a, ɛsɛ sɛ migye tom sɛ menyɛɛ biribi titiriw biara. Mekɔ so de nkyekyem afoforo si me ba no anim kɛkɛ na ɔtaforo te sɛ tɔfe.”
“Wokyerɛ sɛ wo ba no pɛ sɛ ɔkaakae kyerɛw nsɛm mmiako mmiako no?
“Dabi, menkyerɛ sɛ ɔpɛ—ɔdɔ sɛ ɔbɛyɛ saa! Me ne me kunu wɔ adwempa ne anigye, na yɛhyɛ Andrew nkuran, na ɔhoahoa ne ho wɔ nea watumi ayɛ no ho. Ebia mmofra afoforo betumi asua ntɛmntɛm anaasɛ nyaa asen sɛnea yɛn ba no yɛ, nanso migye di yiye sɛ mmofra nyinaa ani begye sɛ wɔne Mama anaa Papa bɛsɛe bere wɔ ɔkwan a ɛte saa so.”
Susuw Mfaso a Wo Ba no Benya Ho
Bere a wode nea Bible no ka kyerɛkyerɛ wo ba no, na ‘woreyɛn no [Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.’ (Efesofo 6:4) Wode Onyankopɔn nsusuwii redua ne mmofra adwene no mu ma enti wɔ bere bi mu no ɔkwan a Onyankopɔn fa so susuw nneɛma ho no bɛba abɛyɛ wo ba no kwan a ɔfa so susuw nneɛma ho. Ma yɛnhwɛ sɛnea ɛno betumi ayɛ yiye:
Ebia wobɛpaw sɛ woboa wo ba no ma odi kan kaakae Mateo 24:14. Saa asɛm yi adi dwuma pa ama afoforo efisɛ ɛyɛ nea ebia mmofra taa te. Wɔ mmere kakraa a edi kan no mu no, wubetumi akenkan nkyekyem no na afei waboa wo ba no ma waka. Afei wubetumi afi ase de bi aka nea ɔte ase no ho.
Sɛ nhwɛso no, bere a waka Mateo 24:14 no awie no, ebia wobɛkyerɛ no nea “asɛmpa” no yɛ wɔ ɔkasamu biako anaa abien mu. Bere foforo a mobɛtra ase no, wubetumi akyerɛkyerɛ Onyankopɔn Ahenni no mu tiawa. Bere foforo mu no, wubetumi akyerɛkyerɛ no wiase afa afoforo bi a nokware Kristofo reka asɛm wɔ hɔ nso ne sɛnea adwuma no te wɔ hɔ. Bere a mode tra ase no betumi ayɛ tiaa, bɔnnɔ so, ne nea ɛyɛ anigye. Ɛho nhia sɛ wotwe ne mu. Ma tebea no nyɛ nea ehu nnim ne nea ofi n’ankasa mu kasa. Ebia wubenya abusua agoru bi afi eyi mu mpo.
Fa ntoboase san tĩ wo ba no nkyekyem ahorow a wasua no mu bere kakraa bi wɔ dapɛn no mu kosi sɛ obetumi aka no yiye. Ɛbɛyɛ kakra no ɔrempɛ sɛ wobɛsan atĩ nkyekyem ahorow a odii kan suae no mu bio afisɛ wahu no yiye. Ɛno ye—fa afoforo abien bi ka ho ma onkura n’anigye no mu. Ebia ebedu saa bere yi no na wanya nkyekyem bi a ɔpɛ yiye mu ahotoso araa ma ɔbɛpɛ sɛ ɔka kyerɛ wɔ asafo nhyiam ase. Ebia n’ani begye sɛ ɔne obi a n’awofo hyia no wɔ afie afie asɛnka adwuma mu no kasa mpo.
Nanso mpiapia no anaasɛ nhyɛ no. Mmofra nyin wɔ akwan a ɛsonsonoe so. Ebia na ebinom nim wɔn nkyekyem no yiye nanso wɔfɛre sɛ wɔbɛkasa bere a wafi fie no. Anyɛ hwee no, ɛnyɛ nea ehia ne sɛ wo ba no bɛma afoforo ani agye na mmom sɛ wo ne no benya bere a emu yɛ hyew, ɔdɔ wom, de asua nea Onyankopɔn Asɛm ka.
Wɔ mmere afoforo mu no, wubetumi akyerɛ no ma wasua nkyekyem bi a ɛde nsiesiei anaa nteɛso a wohia ma, ebia nea esi obu ma awofo anaa afoforo a wɔne wɔn tra asomdwoem no so dua. Kyerɛw nsɛm ahorow a ɛfa Bible nkyerɛkyerɛ atitiriw ho, te sɛ Genesis 1:1 anaa Adiyisɛm 21:3. 4 nso wɔ wɔn afã.
Nanso wɔ nokwarem no, nkyekyem biara nni hɔ a wo ne wo ba no ani rennye ho na morennya ho mfaso efisɛ “Kyerɛw nyinaa fi Onyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn.” (2 Timoteo 3:16) Esiane sɛ ɛbɛboa wo ba no kɛse, ɛbɛyɛ mmerɛw saa ama wo, na ayɛ anigye ama mo baanu nyinaa no nti, dɛn nti na wumfi ase mprempren yi ara?