Wo Ti A Wode Bedi Dwuma—Wɔ Afrikafo Kwan So!
Efi Sierra Leone “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
DƐN na nkurɔfo de si wɔn ti so? Wɔ wiase afã horow pii no sɛ wubisa sukuufo mmofra saa asɛm yi a, wɔbɛma mmuae sɛ: “Wɔn kyɛw.” Na ebia ɛno ara ne nea wobenya aka.
Nanso, bere a yebisaa Afrikafo mmofra bi saa asɛm no, wobuae sɛ: “Nkurɔfo soa bokiti a nsu wom, kwadu, nhoma, nkyene kotoku, anyina, television, mpataa, semɛnte kotoku, ɛmo kotoku, refrigerator, kɛntɛn a nnuadewa wom, abo, nsã adaka . . .” Wɔkekaa nneɛma ahorow pii.
Wɔ Afrika asasepɔn no so nyinaa no, nneɛma a wɔsoawɔ wɔn ti so abu so. Wɔayɛ saa bere tenteenten ni. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ wɔ Yosef bere so no na Misraim abodootofo soa abodoo wɔ wɔn ti so. Na ɛno bɛboro mfirihyia 3,700 ni!—Genesis 40:16, 17.
So Wubetumi Asoa Ade wɔ Wo Ti So?
So woahu nkurɔfo a wɔaben wɔ nneɛma a wɔsoa wɔ wɔn ti so mu pɛn? Wɔ wɔn fam no ɛnyɛ den nkyɛn sɛ wukura ade wɔ wo nsam.
Nanso wo de sɔ hwɛ. Sɛ nhwɛso no, fa nhoma bi to wo ti so na bɔ mmɔden sɛ wɔde bɛnantew. (Yɛhyɛ nyansa sɛ fa nhoma bi a sɛ efiri tɔ fam a ɛrenhaw wo.) Sɛ afei na wurefi ase a, ebia wobɛnantew brɛoo, asen wo kɔn, na woahwɛ yiye kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a nhoma a ɛnna yiye no renhinhim. Anammɔn biako . . . abien . . . ntɛmntɛm! So nhoma no mu ansa na atɔ fam!
Ebia wobɛka sɛ: “Nanso me ti so nyɛ tratraa. Dɛn nti na wobɛhwɛ kwan sɛ mede nhoma a ɛyɛ tratraa bɛto eti a ɛyɛ kurukuruwa so?” Mmuae biako ni: Suasua! Mmuae foforo ni: Bɔ kata (kahyire.) Kata anaa kahyire yɛ ntama anaa berɛw a wɔabobɔw no kurukuruwa. Wɔde hyɛ adesoa no ne eti no ntam na ayɛ te sɛ atɛ bi a nnesoa a ɛho yɛ den, te sɛ anyina, betumi asi so. Wɔ nnesoa a ɛyɛ mmerɛw te sɛ siam kotoku ho de, ɛnyɛ nea kata ho taa hia efisɛ etumi tɔ eti no so yiye.
Sɛ́ wode kata bedi dwuma anaasɛ dabi no, ɛho hia sɛ wode nneɛma no si w’apampam. Edward a ɔyɛ Sierra Leoneni no kaakae ne mmofraase: “Bere a mifii ase soaa nneɛma wɔ me ti so no, na mesoa anyina a makyia me ti kɔ ɔfã biako. Bere a mesoa nneɛma a emu yɛ duru no, na ɛma me kɔn yɛ me yaw. Nanso ɛyɛ bere a mifii ase soaa bokiti a nsu wom no na asɛnnennen no ankasa fii ase. Esiane sɛ sɛ wo ti ntene a wuntumi nsoa nsu yiye nti, na nsu no bobɔ gu na ɛfow me ntama. Ná mempɛ koraa. Ɛyɛ fɔw a na mefɔw no na ɛma metenee me ti.”
Nanso, pii wɔ adeyɛ no mu sen ade no a wode besi wo ti so kama ne wɔ w’apampam no. Obi a waben wɔ nneɛma a wɔsoa wɔ wɔn ti so mu no bekyinkyim ne kɔn wɔ akwan horow so nkakrankakra de ama ade no asi yiye. Ɛte sɛnea wopɛ sɛ wode abaa bi a ɛteɛ to wo nsateaa so yiye. Woremfa nto hɔ ara kwa na woahwɛ kwan sɛ ɛremmfi ntɔ. Mmom no, ɛsɛ sɛ woyɛ wo nsateaa no yiye bere nyinaa ma ɛne abaa no hinhim hyia. Na sɛnea ɛnyɛ den sɛ wobɛyɛ abaa a emu yɛ duru yiye wɔ wo nsa so sen nea emu yɛ hare no, saa ara na ɛyɛ mmerɛw sɛ wode adesoa a emu yɛ duru besi wo ti so yiye.
Afrikafo pii sua adeyɛ no wɔ wɔn mmofraase denam mmofra a wɔanyinyin ne mpanyimfo a wosuasua wɔn no so. Emmanuel adi afe biako ne fã na ontumi nnyina ne nan so yiye. Bere a wɔde kuruwa ketewa bi a nsu wom maa no sɛ ɔnsoa no, ɔde ne nsa abien no nyinaa sɔɔ mu wɔ ne ti so. Ehinhimii na nsu no bi bɔ gui, nanso na ɛda adi sɛ ɔte nea ɛkyerɛ no ase. Obedi mfe anum no, nsu no remmobɔ ngu. Obedi mfe ason no na ne ho akokwaw.
Adeyɛ a Eye na Mfaso Wɔ So
Sɛ́ anka nneɛma a wɔsoa wɔ wɔn ti so no bɛyɛ nea wɔde twe nneɛma ara kwa no, eye ma Afrikafo asetra. The Cambridge Encyclopedia of Africa kyerɛ sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ nneɛma a wɔsoa . . . da so ara yɛ ɔkwan titiriw a Afrikafo fa so twe nneɛma wɔ wɔn kurom. Na wɔ wɔn a wɔasoa nneɛma akyɛ no fam no, ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ wɔbɛsoa no wɔn ti so.”
Yehowa Adansefo ɔhwɛfo kwantufo biako bi kae sɛ: “Nkurow ne nkuraase a mekɔsraa hɔ no mu pii yɛ nea kar tumi kɔ hɔ, nanso ebinom de entumi. Wɔnantew na ɛkɔ mmeae a ɛte saa. Mpɛn pii no mfɛfo Adansefo behyia me kwan so na wɔboa me ma mesoa me bag ahorow no, na ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw sen biara no ne sɛ wɔbɛsoa wɔ wɔn ti so. Wɔ mmere afoforo mu no sɛ me nkutoo na meretu kwan a, mekura me bag no biako wɔ me nsam na mede foforo sɛn m’abati so, nanso bag no mu nea ɛso no kɔ me ti so.”
Wɔ sɛnea nneɛma a wɔsoa wɔ wɔn ti so no ma adesoa yɛ mmerɛw no akyi no, ɛma nsa no da hɔ kwa. Ebetumi ama woanya owia ano onwini anaa nsu ano hintabea mpo.
Nea ɛka eyi ho ne honam mu mfaso horow no: anuonyam, karia wɔkari pɛ, ne ahoɔden. Nhoma a wɔfrɛ no Tropical Surgery kyerɛ sɛ: “Nkuraasefo (wɔn a wɔte kwaem) a wɔtaa soa nneɛma wɔ wɔn ti so de nantew no wɔ akyi ntini ahorow a anyin wɔ ɔkwan pa so na wotumi gyina hɔ yiye. Wɔntaa nnya akyi yare.”
Ɛda adi sɛ ti a wɔde soa ade no nyɛ ade a ɛsɛ sɛ wobu no animtiaa. Aberantewaa bi a ɔwɔ Freetown hoahoaa ne ho sɛ: “Metumi de pentoa asi me ti so de atu mmirika a meremfa me nsa nka.” Eyi ho ɔyɛkyerɛ a ɔyɛe no ma wohuu nokware a ne nsɛm no yɛ. Nanso sɛ wo ho nkokwawee a, nsɔ nhwɛ!