Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 6/8 kr. 30
  • Toa Yɛ Dɔla Awotwe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Toa Yɛ Dɔla Awotwe
  • Nyan!—1988
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mogya A Wɔde Gye Nkwa​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Obu A Nyamesuro Wom Ma Mogya
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Bu Nkwa A Wɔde Ama Wo No Sɛ Akyɛde A Ɛfata
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Nyan!—1988
g88 6/8 kr. 30

Toa Yɛ Dɔla Awotwe

WƆ JOHN Crewdson nhoma The Tarnished Door no mu no, ɔpɛɛpɛe sɛnea atubrafo a wɔnam mmara kwan so ne nea ɛnyɛ mmara kwan so nyinaa rehyɛn United States, titiriw fi Mexico ho asɛm no mu. Emu nso na ɔka mogya a ɛwɔ U.S. mogya korabea ahorow mu no bi fibea.

Ɔka sɛnea U.S. Ɔhye so Banbɔfo kyere atubrafo a wɔnnam mmara kwan so no bi wɔ El Paso, Texas, denam wɔn mogya so no ho asɛm: “Beae a edi kan a ‘kurom banbɔfo’ kɔ ne mogya mmoawa ho dwumadibea bi a ɛbɛn twene no ho a ɛyɛ dwumadibea akron a ɛwɔ South El Paso a ɛtɔ mogya fi wɔn a wɔtra Mexico ɔhye no a toa yɛ dɔla awotwe​—ɛne da koro akatua a eye wɔ Juárez [wɔ Mexico] yɛ pɛ​—na afei wɔtɔn no dɔla 20 ma ayaresabea ne nhwehwɛmubea ahorow no mu biako no. Dwumadibea ahorow no bɔ dawuru wɔ wɔn mfɛnsere mu sɛ obi a ɔtaa ma mogya no betumi anya dɔla 81 ɔsram biara, na wɔ pii a wɔwɔ Juárez fam no, mogya korabea ahorow no ne wɔn sika fibea tititiw.

“Williams [a ɔyɛ Ɔhye so Banbɔ odwumayeni no] taa hu wɔn a wɔtwe mogya ma wɔ dwumadibea ahorow no mu a wofi Juárez ba mpɛn abien dapɛn biara na wɔayɛ saa mfe pii a wɔrebɛtɔn wɔn mogya.” Enti obiara betumi de n’ani abu mogya ko a wɔde regu mogya korabea ahorow no mu no.

Wɔ Kristofo a wɔkyerɛ obu ma kronn a mogya yɛ sɛnea Onyankopɔn bu no no fam de, wɔmpene saa mogya aguadi yi so. Tete Kristofo asafo no mu akannifo kyerɛwee sɛ: “Na ɛyɛɛ honhom kronkron no ne yɛn sɛ eye sɛ wɔmfa adesoa bi nto mo so, gye nea ehia yi ara, ɛne sɛ munyi mo ho mfi . . . mogya . . . ho; ɛno na sɛ muyi mo ho fi ho a eye.​—Yekyia mo.”​—Asomafo no Nnwuma 15:28, 29.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena