“Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”
Asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no yɛ Onyankopɔn bɔhyɛ bi a wɔafa de ayɛ nhomawa bi a ɛkanyan anigye asɛmti. (Adiyisɛm 21:5) Dɛn na bɔhyɛ no kyerɛ ma yɛn? Ɔkwan bɛn so na ebenya mmamu, na bere bɛn?
Hwehwɛ mmuae no denam saa nhomawa fɛfɛ a ekura nkratafa 32 yi a wobɛkenkan no so. Wɔde nhomawa afoforo a ɛne Nniso a Ɛde Paradise Bɛba ne Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! no bɛka ho amana wo na woatua ¢150.00 pɛ.
Mesrɛ mo, momfa nhomawa ahorow abiɛsa a ɛne “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo,” Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, ne Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! no mmana me. Mede ¢150.00 ahyem de retua ka.