So Ahintasɛm Bi Wɔ Hɔ Ma Nkwa Tenten?
Mfe ahe na wohwɛ kwan sɛ wode bɛtra ase? Nnipa a wɔwɔ aman a wɔanya mfiridwuma mu nkɔanim mu no pii bɛka sɛ: “Enkosi sɛ medi bɛyɛ mfe 70 anaa 80.” Nanso bere a National Geographic ɔkyerɛwfo bi bisaa ebinom a wɔte Rusia Adehyeman Abkhaz a ɛne Ɛpo Tuntum no bɔ hye no mu saa asɛm yi no, mmuae a obiara de mae ne sɛ, “Medi mfe 100.”
Nokwasɛm ahorow a ɛboa onyinkyɛ no bi ne nea ɛwɔ he? Yuri Dadivanyan a ɔyɛ Oduruyɛfo Panyin a ɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim wɔ Armenia Apɔwmuden Asoae no gye di sɛ ade titiriw no ne awosu a wonya fi nananom hɔ no. Nanso, ɔkaa ade foforo ho asɛm: “Ɔhonam mu adwuma a wɔyɛ daa nso ho hia kɛse. Wɔn a wɔatra ase akyɛ no pii yɛ adwumaden sɛnea wobetumi biara bere a wɔadu mfe a anka ɛsɛ sɛ wogyae adwumayɛ no ɛwom mpo sɛ enhiaa wɔn de.”
Ɔde ka ho nso sɛ: “Obiara bu wɔn a wɔn mfe akɔ anim no wɔ Armenia. . . . Wɔkyerɛ wɔn asetra mu osuahu ahorow no ho anisɔ kɛse. . . . Ebia obu a wɔwɔ ma dwen ne mpanyinyɛ a wɔhyɛ ho nkuran wɔ obiara mu fi mmofraase no ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no kura nidi ho nkate ne wɔn mmofraase honhom no mu.”
Asɛm biako bi da adi titiriw wɔ National Geographic mu asɛm a wɔadi kan abɔ din no mu: “Mmeae horow abiɛsa [a wɔyɛɛ onyinkyɛ ho nhwehwɛmu wɔ hɔ] no mu biara nni hɔ a wɔhyɛ obi ma ogyae adwuma bere a wadi mfe bi, na wompia wɔn a wɔn mfe akɔ anim no nsi nkyɛn, sɛnea wɔyɛ wɔ aman a wɔanya mfiridwuma mu nkɔanim no pii mu no.”
Bible no ka nkwa tenten a ɛkyɛn so a ɛbɛba daakye, “nna a ɛware daa daa” ho asɛm. (Dwom 21:4) Saa daa nkwa wɔ asase a ɛyɛ pɛ so no bɛbam nnansa yi ara.—Adiyisɛm 21:1-4; Luka 21:10, 11, 25-33.
[Kratafa 31 mfoni]
Adwumayɛfo baasa a wɔyɛ hyew a wɔwɔ Ɔwɛn Aban Asafo no wiase nyinaa dwumadibea ti hɔ—wɔadi mfe: 80, 92, ne 88