Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 11/8 kr. 15-16
  • Nkwa Tenten Ho Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkwa Tenten Ho Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ?
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnuruyɛ Ho Nyansahu Betumi Aboa?
  • Nea Ɛma Obi Tumi Nyin Kyɛ
    Nyan!—1987
  • Mfe Ahe na Wubetumi Atra Ase?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nnipa Rehwehwɛ Nkwatenten
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
  • Wiase Redan Nkwakoraa Ne Mmerewa
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 11/8 kr. 15-16

Nkwa Tenten Ho Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ?

“Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no.”—Hiob nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Hiob 14:1.

HWƐ sɛnea wɔaka nkwa a ɛyɛ tiawa ho asɛm anwensɛm kwan so mpɛn pii! Te sɛ Hiob no, afeha a edi kan mu ɔkyerɛwfo bi kae sɛ: “Moyɛ huruhurow a eyi ne ho kakra, na afei ɛyera.”—Yakobo 4:14.

Wo nso woahyɛ no nsow sɛ nkwa yɛ tiaa ma ɛyɛ awerɛhow? Bɛyɛ mfe 400 a atwam ni no, William Shakespeare kyerɛwee sɛ: “Ehi, ehi, kyɛnere sin! Nkwa yɛ sunsuma ara kwa.” Na afeha a etwaam no, Amerika Indiani ɔdekuro bi bisae sɛ: “Dɛn ne nkwa?” Afei obuae sɛ: “Ɛyɛ bogya gya a ɛpa yeraw anadwo.”

Mfe ahe na nnipa betumi ahwɛ kwan sɛ wobedi? Odiyifo Mose kaa ne bere no so tebea ho asɛm bɛyɛ mfe 3,500 ni sɛ: “Yɛn mfirihyiam nna, emu wɔ mfe aduɔson, na sɛ ɛboro so a, na ɛredu aduɔwɔtwe, na emu ahoahoade yɛ ɔbrɛ ne ahuhude, na etwam ntɛmso, na yetu kɔ.”—Dwom 90:10.

Mfe aduɔson—ɛyɛ nnafua 25,567 pɛ. Na mfe 80 yɛ nnafua 29,219 pɛ. Ɛyɛ tiaa ankasa! Biribi wɔ hɔ a wobetumi ayɛ de ato nnipa nkwa nna mu anaa?

Nnuruyɛ Ho Nyansahu Betumi Aboa?

Science nsɛmma nhoma kae sɛ: “Wɔn a wɔwo wɔn [wɔ United States] nkwa mfe anya nkɔanim afi mfe 47 wɔ 1900 mu akodu mfe 75 wɔ 1988 mu.” Esiane sɛ wɔnam ayaresa ne nnuan pa so atew nkokoaa wu so nti, seesei nnipa a wɔwɔ United States betumi ahwɛ kwan sɛ wobenyin adu mfe a Mose kae no. Nanso, anidaso bi wɔ hɔ sɛ mfe a nnipa dodow no ara betumi adi no bɛkɔ soro kɛse?

Sɛnea ɛho hia no, Leonard Hayflick a wogye ne nsɛm a ɛfa onyinkyɛ ho tom kɛse no kae wɔ ne nhoma How and Why We Age mu sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ nnuruyɛ mu nhwehwɛmu ne ayaresa mu nkɔso a aba wɔ afeha yi mu no anya onipa nyinkyɛ so tumi, nanso nea ayɛ ne sɛ aboa nnipa pii ma wɔatumi abɛn nnipa nkwa mfe a obiara ntumi ntra no ho kɛkɛ.” Enti ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mfe dodow a wɔhwɛ kwan sɛ nnipa bedi anya nkɔanim, nanso nkwa nna nnyaa nkɔanim; nsonsonoe no yɛ kɛse.”

Dɛn ne onipa “nkwa mfe a obiara ntumi ntra” no? Ebinom ka sɛ obiara ntumi nkyerɛ sɛ nnansa yi obi atumi adi aboro mfe 115. Nanso Science nsɛmma nhoma kae sɛ: “Ɛde besi 1990 no, na adanse a wɔanya kyerɛ sɛ nea wanyin akyɛ koraa no dii mfe 120 ne kakra.” Na afe yi mfiase no, Franse akwahosan soafo no, ne amanneɛbɔfo ne mfoninitwafo bebree kɔsraa Jeanne Calment a ɔwɔ Arles, Franse, kodii ne mfe 120 awoda. Mose nso dii mfe 120 a na ɛboro nea nnipa dodow no ara di no so koraa.—Deuteronomium 34:7.

So nyansahufo wɔ anidaso bi sɛ nnipa dodow no ara betumi anyin adu saa anaa wɔaboro saa? Dabi, wɔn mu dodow no ara nni anidaso saa. Detroit News mu asɛmti bi kenkan sɛ: “Nhwehwɛmufo Ka sɛ Mfe 85 ne Baabi a Nnipa Dodow no Ara Betumi Anyin Akɔpem.” Obi a wogye ne nsɛm a ɛfa onyinkyɛ ho tom, S. Jay Olshansky, kae wɔ asɛm no mu sɛ: “Sɛ nnipa di boro mfe 85 a, wɔn nkwaa pii gyae adwuma yɛ ma wowuwu. Wogyae ahome. Sɛnea ɛte no, mpanyinyɛ na ɛma wowuwu. Na wonni ano aduru biara.” Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ wɔantumi ansesa nkwammoaa nkorɛnkorɛ a ɛyɛ dedaw no a, nkwa mfe dodow a wotumi nya no ntumi nkɔ soro kɛse bio.”

Science nsɛmma nhoma kae sɛ gyama “baabi a nnipa betumi anyin akɔpem ara na wɔadu no, na ɛnyɛ ade a nnipa dodow a wowuwu no so betumi ahuan kɛse bio.” Wɔka sɛ sɛ wotumi yi nneɛma a ɛde owu ba a wɔkyerɛw no owu adansedi krataa so no nyinaa fi hɔ a, mfe dodow a ɛbɛba abɛka nkwa mfe a wotumi nya no ho no rennu mfe 20.

Enti, nyansahufo pii mmu onipa nkwa nna sɛ ɛyɛ biribi a ɛyɛ nwonwa anaa ebetumi asesa. Nanso dɛn nti na ntease wom sɛ yebegye adi sɛ awiei koraa, nnipa benyin akyɛ asen sɛnea ɛte no koraa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena