Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 11/15 kr. 3-4
  • Mfe Ahe na Wubetumi Atra Ase?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mfe Ahe na Wubetumi Atra Ase?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wotumi To Nnipa Nkwa Nna Mu?
  • Dɛn Nti na Nkwa Yɛ Tiaa Saa?
  • Nea Ɛma Obi Tumi Nyin Kyɛ
    Nyan!—1987
  • Nkwa Tenten Ho Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ?
    Nyan!—1995
  • Nnipa Rehwehwɛ Nkwatenten
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
  • Ɔkwan Bɛn so na Yɛn Nsa Betumi Aka Nkwa Tenten a Yɛhwehwɛ No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 11/15 kr. 3-4

Mfe Ahe na Wubetumi Atra Ase?

YƐN mu dodow no ara begye atom ntɛm sɛ ɔhaw pii wɔ asetra mu. Nanso, ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛte nkwa mu. Yɛn mmofrabere anaa bere tiawa bi kɛkɛ a yɛde bɛtra nkwa mu no nnɔɔso mma yɛn; yɛbɛpɛ sɛ yɛtra ase mfe pii. Nanso, ɛte sɛ nea yentumi nkwati owu. So ɛyɛ nokware? So yebetumi atu owu ahyɛ da? So yebetumi ato yɛn nkwa nna mu?

Wotumi To Nnipa Nkwa Nna Mu?

Wɔ 1990 mu no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ ebetumi ayɛ yiye sɛ wɔbɛto nnipa nkwa mu akodu “mfe ɔha ne du.” Akyinnye biara nni ho sɛ na eyi yɛ Bible odwontofo Mose nsɛm yi a wɔkaa no ɔkwan foforo so: “Yɛn mfirihyiam nna, emu wɔ mfe aduɔson, na sɛ ɛboro so a, na ɛredu aduɔwɔtwe, na emu ahoahoade yɛ ɔbrɛ ne ahuhude, na etwam ntɛmso, na yetu kɔ.” (Dwom 90:10) Enti Bible no ka sɛ mfe 70 anaa 80 na ɛwɔ nnipa nkwa nna mu. Nanso mfe dodow ahe na obi betumi ahwɛ kwan sɛ ɔde bɛtra ase nnɛ?

WHO (wiase ahyehyɛde bi a ɛhwɛ akwahosan so) bɔɔ amanneɛ wɔ 1992 mu sɛ wɔ wiase nyinaa no, nnipa dodow no ara nkwa nna yɛ mfe 65. Sɛnea WHO kyerɛe no, na “wɔhwɛ kwan sɛ wɔ mfe anum a edi hɔ mu no, bɛyɛ asram anan bɛba abegu so afe biara, titiriw esiane sɛ mmofra dodow a wowuwu no so retew nti.” Nanso Time nsɛmma nhoma no se wɔ United States no, sɛ ayaresa mu anwonwade bi tumi siw obiara wu ano kosi sɛ obedi mfe 50 mpo a, “nnipa nkwa nna bɛkɔ anim mfe 3 1/2 pɛ.”

Dɛn Nti na Nkwa Yɛ Tiaa Saa?

Ɔbenfo Jan Vijg a ɔwɔ Netherland ahyehyɛde bi a ɛyɛ onyin ho nhwehwɛmu mu no ka sɛ sɛnea nyarewa ahorow bi fi nipadua mu nkwammoaa a edi dɛm no, saa ara na awosu mu nneɛma na ɛde onyin ba. Nhwehwɛmufo binom gye di sɛ, sɛ “awosu mu nneɛma atitiriw kakraa bi” betumi asi dedaw no ananmu bere a yɛrenyin no a, anka yebetumi anyin akyɛ kɛse. Ebinom frɛ adwene a ɛte saa sɛ “adwenhuhuw.”

Time nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ sɛnea ɛte biara no, nyansahufo gye tom sɛ “ɛte sɛ nea ɔdesani nipadua mu nkwammoaa no ankasa wɔ baabi a wɔyɛ adwuma kodu.” Wɔn a wɔkɔ so ka sɛ “wɔayɛ yɛn sɛ yɛnkɔ so ntra nkwa mu” no gye tom sɛ “ɛyɛ a biribi tõtõ.” Nokwarem no, sɛ yedi mfe 65, 70 anaa 80, anaasɛ ɛboro saa kakraa bi a, owu ma yɛn nkwa ‘twam ntɛmso,’ sɛnea Bible no ka no.

Nanso, Kristoni ɔsomafo Paulo a ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no de ahotoso ka too hɔ sɛ: “Ɔtamfo a odi akyiri a obetu no agu no ne owu.” (1 Korintofo 15:26) Ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi ayi owu afi hɔ? Sɛ ɛba saa mpo a, wobɛyɛ dɛn atumi agyina w’adɔfo wu ano nnɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena