Ɔkwan Bɛn so na Yɛn Nsa Betumi Aka Nkwa Tenten a Yɛhwehwɛ No?
EBINOM hwɛ kwan sɛ mmɔden a nnipa rebɔ sɛ wobenya nkwa tenten no bɛyɛ yiye wɔ mfirihyia apem foforo no mu. Ɔbenfo Ronald Klatz yɛ wɔn mu biako. Ɔno na ɔyɛ Amerika Sukuu a Ɛyɛ Nnuru a Wɔde Ko Tia Onyin, nnuruyɛfo ne nyansahufo a wɔn botae ne sɛ wɔbɛma nnipa nkwa ayɛ tenten kuw no titrani. Ɔne ne mfɛfo ayɛ wɔn adwene sɛ wobenyin akyɛ paa. Ɔbenfo Klatz ka sɛ: “M’ani da so sɛ anyɛ yiye koraa no medi mfirihyia 130. Yegye di sɛ mpanyinyɛ yɛ ade a yebetumi ayi afi hɔ. Nyansahu mu nimdeɛ wɔ hɔ mprempren a yebetumi de abrɛ nipadua mu mmerɛwyɛ ne yare a seesei wɔfrɛ no mpanyinyɛ no ase, asiw ano, na ebia yɛama obi a ɔwɔ tebea a ɛte saa mu asan akɔ ne dedaw mu.” Ɔbenfo Klatz ankasa memene nnuru 60 da koro wɔ nkwa tenten a ɔhwehwɛ no ho.
Nipadua mu Nnuru ne Awosu Mu Nsakrae—So Anidaso Wom?
Nipadua mu nnuru mu nsakrae yɛ ade biako a ɛma yenya anidaso. Ɛte sɛ nea nipadua mu aduru a wɔfrɛ no DHEA a wɔde sɔɔ mmoa hwɛe wɔ nhwehwɛmu dan mu no amma wɔangogow ntɛm.
Ɛdefa dua mu aduru a wɔde yɛɛ nhwehwɛmu a wɔfrɛ no kinetin ho no, Sweden atesɛm krataa a ɛba da biara Aftonbladet, faa Ɔbenfo Suresh Rattan, a ɔyɛ ɔbenfo wɔ Aarhus Sukuupɔn a ɛwɔ Denmark no mu asɛm kae sɛ: “Nhwehwɛmu ahorow a yɛayɛ wɔ yɛn nhwehwɛmu dan mu no da no adi sɛ nsakrae mma nnipa were mu nkwammoaa a wonyin wɔ dua mu aduru kinetin mu no mu sɛnea sɛ obi renyin a ɛtaa yɛ no. Wɔkɔ so nya ahoɔden wɔn nkwa nna nyinaa mu.” Wɔkyerɛ sɛ nkoekoemmoa a wɔde dua mu aduru no bi yɛɛ wɔn ho adwuma no, sɛ wɔn nkwa nna yɛ mfe ɔha dedaw a, wonya mfe 30 kosi 45 ka ho.
Wɔkyerɛ sɛ nipadua mu aduru a wɔfrɛ no melatonin a wɔde wɔ nkura no nti, sɛ wɔn nkwa nna yɛ mfe ɔha a, mfe 25 bɛka ho. Afei nso, nkura no ngogow, na wɔn ho yɛ den ankasa.
Wɔn a wɔbɔ nipadua mu aduru a ɛma nnipa nyin (hGH) ho dawuru no kyerɛ sɛ ɛboa ma wɔn honam ani yɛ fɛ, ɛma wɔn ntini yɛ pipirii, ɛma nna ho nkate a wɔwɔ mu yɛ den, ɛma wɔn ani gye, ɛma wɔn adwene kyere ade ntɛmntɛm, na ɛma wonya ahoɔden te sɛ nea afei na wɔasi so.
Nnipa pii nso de wɔn ani ato awosu so. Nyansahufo aka sɛ, sɛ wɔyɛ nsakrae bi wɔ osunson awosu mu a, wobetumi ama ne nkwa nna ayɛ tenten. Nokwarem no, wɔatumi ama ebi atra ase ama wɔn nkwa nna abu abɔ ho mpɛn asia. Eyi ama wɔanya anidaso sɛ wobenya awosu a ɛte saa ara wɔ nnipa mu na wɔayɛ mu nsakrae. Time nsɛmma nhoma no faa Ɔbenfo Siegfried Hekimi, a ɔwɔ McGill Sukuupɔn mu wɔ Montreal asɛm kae sɛ: “Sɛ yehu awosu mu nneɛma a ɛkyerɛ sɛnea nnipa nkwa tenten bɛyɛ no nyinaa a, ebia yebetumi abrɛ wɔn nyin ase, na ama yɛatumi ato yɛn nkwa nna so.”
Abɔde a nkwa wom ho animdefo fi bere tenten ahu sɛ nkwammoaa no ano, nea wɔfrɛ no telomere no tenten so tew bere biara a nkwaboaa no mu kyekyɛ no. Sɛ telomere no tenten so tew ɔha mu 20 a, nkwaboaa no mu ntumi nkyekyɛ bio na ewu. Aduannuru pɔtee bi a wɔfrɛ no telomerase no betumi ama telomere no asan ayɛ tenten sɛnea na ɛte bio, enti ɛma nkwaboaa no mu kɔ so kyekyɛ. Saa aduannuru yi ntumi nyɛ adwuma wɔ nkwammoaa dodow no ara mu, nanso wɔatumi de telomerase a ɛwɔ ahoɔden ahyɛ nkwammoaa bi mu ma ayɛ adwuma, na ama anyin ama emu akyekyɛ asen dodow a ɛyɛ daa no koraa.
Sɛnea nhwehwɛmufo kyerɛ no, eyi ma wonya hokwan ahorow bi a ɛyɛ nwonwa a wobetumi de ako atia nyarewa bi a onyin de ba no. Na nipadua mu nkwammoaa (nkwammoaa a wɔma nipadua fã bi tumi nyin) a wɔde nkwammoaa foforo a wɔde telomerase a ɛwɔ ahoɔden ahyɛ mu ma “entumi nwu” besi ananmu no nso ɛ? Ɔbenfo William A. Haseltine ka sɛ: “Eyi yɛ asetra a enni awiei ho adwene a emu da hɔ a yɛde bedi dwuma nkakrankakra wɔ mfirihyia 50 a edi hɔ no.”—The New York Times.
So Nneɛma Nketenkete Ho Nimdeɛ ne Efunu so Kora ne Ano Aduru?
Nneɛma nketenkete ho nimdeɛ, nyansahu mu nimdeɛ a ɛfa nneɛma nketenkete ho (mita a wɔakyekyem ɔpepepem biako mu biako) nso ma nkurɔfo nya anidaso. Nyansakyerɛfo a wosua mmoawa nketenkete ho ade kyerɛ sɛ wobetumi de mfiri a wɔde kɔmputa di ho dwuma, a ɛyɛ nketewa koraa sen nkwammoaa adi mmoawa nketewa koraa ho dwuma daakye ma asiesie nkwammoaa ne akwaa a ɛregogow no. Wɔ nhyiam bi a ɛfa ko a wɔko tia onyin ho ase no, nhwehwɛmufo bi hyɛɛ nyansa sɛ afeha a ɛto so 21 mu nyansahufo betumi de nneɛma nketenkete ho nimdeɛ adi dwuma ama nnipa nwu da.
Efunu so kora yɛ afunu a wɔde hyɛ frigye mu a wɔwɔ anidaso sɛ wɔnam nyansahu so betumi ama nkwammoaa a awuwu no asan anya nkwa, na ama nnipa no asan atra ase bio. Wotumi de nipadua mũ no nyinaa, anaa amemene no nko ara hyɛ frigye mu. Ɔbarima bi mpo de mpasotam hyɛɛ frigye mu. Dɛn nti na ɔde ntama no hyɛɛ mu? Na ɛyɛ n’adamfo bi a wayera de, na na ne ho nkwammoaa ne nhwi kakra wɔ mu. Ɔpɛe sɛ wɔde hyɛ frigye mu na ama n’adamfo no anya hokwan asan aba nkwa mu sɛ ɛba sɛ nyansahu du baabi a ebetumi de nkwammoaa kakra anaa biako mpo asan abɔ nnipa no a.
Ɛhe na Ɛsɛ sɛ Yɛde Yɛn Werɛ Hyɛ?
Nnipa fi awosu mu pɛ sɛ wɔtra ase, wɔmpɛ sɛ wowu. Enti, wɔagye nyansahu mu nkɔso a wɔanya wɔ eyi mu no atom, na wɔanya mu anidaso kɛse. Nanso, ebesi saa bere yi no, adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ DHEA, kinetin, melatonin, hGH, anaa aduru foforo biara betumi abrɛ nnipa nyin ase ankasa. Akyinnyegyefo suro sɛ aduannuru a wɔfrɛ no telomerase a ɛwɔ nkwammoaa mu a yɛde yɛn nsa bɛka no remfa ade pa biara mma sɛ nkwammoaa a wobetumi ama nnipa ayare kokoram nko. Na nneɛma nketenkete ho nimdeɛ ne efunu so kora da so ara yɛ nyansahu mu ayɛsɛm kɛkɛ.
Nyansahu aboa ebinom, na ɛbɛkɔ so aboa ma wɔanya nkwa tenten ne apɔwmuden, nanso, ɛremma obiara nnya daa nkwa da. Dɛn ntia? Ne tiawa mu no, esiane sɛ nnipa nyansa rentumi nni ade a ɛde mpanyinyɛ ne owu ba ho dwuma ankasa nti.
Ade a Ɛde Onyin ne Owu Ba Ankasa
Nyansahufo dodow no ara gye tom sɛ ɛte sɛ nea onyin ne owu wɔ yɛn awosu mu. Sɛnea yɛbɛka no no, asɛmmisa no ne sɛ: Bere bɛn, ɔkwan bɛn so, ne dɛn nti na ɛbaa yɛn awosu mu?
Bible no ma yɛn mmuae tiawa—ɛwom sɛ ɛmmɔ awosu anaa DNA din de. Romafo 5:12 kenkan sɛ: “Eyi nti, sɛnea ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.”
Anka onipa a odi kan, Adam, betumi atra ase daa. Wɔnwenee ne nipadua no wɔ ɔkwan a na ɛbɛma watra ase na wanya anigye daa so. Nanso, na daa nkwa a obenya no gyina biribi so. Na ɛsɛ sɛ Adam ne ne Bɔfo, nkwa Mafo no yɛ biako na ɔyɛ osetie ma no, na ama no anya nkwa daa.—Genesis 1:31; 2:15-17.
Adam antie Ɔbɔadeɛ no asɛm. Adam nam saayɛ so kyerɛe sɛ sɛ onipa di ne ho so a ɔnhyɛ Onyankopɔn ase a, ɛbɛyɛ papa ama no. Enti ɔyɛɛ bɔne. Efi saa bere no reba no, ɛyɛe sɛ nea wɔayɛ n’awosu mu nsakrae. Sɛ́ anka Adam de daa nkwa bɛma n’asefo no, ɔde bɔne ne owu mmom na ɛmaa wɔn.—Genesis 3:6, 19; Romafo 6:23.
Nokware Anidaso
Nanso, na saa tebea no rentra hɔ daa. Romafo 8:20 ka sɛ: “Wɔde abɔde no ahyɛ ade hunu ase, ɛnyɛ n’ankasa na ɛpɛ, na mmom nea ɔde hyɛɛ ase no ntia, anidaso mu.” Nnipa Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn de owu baa nnipa so esiane sɛ wɔyɛɛ bɔne tiaa no nti, nanso bere a ɔreyɛ eyi no, ɔyɛɛ nhyehyɛe a wobegyina so anya anidaso nso.
Saa nnyinaso yi daa adi pefee bere a Yesu Kristo baa asase so no. Yohane 3:16 ka sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” Nanso, ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo mu gyidi a yɛbɛkyerɛ no betumi agye yɛn afi owu mu?
Sɛ bɔne na ɛde owu ba a, ɛnde na ɛsɛ sɛ woyi bɔne fi hɔ ansa na owu atumi afi hɔ. Yesu som adwuma mfiase sɛ Kristo no, Yohane Suboni no kae sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ no ni.” (Yohane 1:29) Na Yesu Kristo nni bɔne koraa. Enti, na owu a ɛyɛ bɔne so asotwe no nni ne so tumi. Nanso, ɔmaa kwan maa afoforo kum no. Dɛn ntia? Efisɛ ɔnam saa a ɔyɛe so tuaa yɛn bɔne ho ka.—Mateo 20:28; 1 Petro 3:18.
Bere a otuaa saa ka no wiei no, hokwan bue maa wɔn a wɔkyerɛ Yesu mu gyidi nyinaa sɛ wobetumi atra ase a wonwu da. Nyansahu betumi aboa ma yɛn nkwa nna ayɛ tenten kakra, nanso Yesu mu gyidi a yɛbɛkyerɛ no ne ɔkwan ankasa a yebetumi afa so akɔ daa nkwa mu. Yesu nyaa nkwa a ɛte saa wɔ soro, na n’asomafo anokwafo no ne afoforo nso benya bi. Nanso, yɛn mu dodow no ara a yɛkyerɛ Yesu mu gyidi no benya daa nkwa wɔ asase so, bere a Yehowa Nyankopɔn asan de asase so Paradise aba no.—Yesaia 25:8; 1 Korintofo 15:48, 49; 2 Korintofo 5:1.
Daa Nkwa Wɔ Paradise Asase So
Ɔbarima bi bisae sɛ: “Nnipa baahe na wɔn ani begye ho saa bere no sɛ wɔbɛtra ase a wɔrenwu da?” So asetra a owu nnim bɛyɛ mfonoe? Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ ɛrenyɛ saa. “Wayɛ ade nyinaa fɛfɛ ne bere mu, nso ɔde bere a enni awiei ahyɛ wɔn komam, anyɛ saa de a, anka onipa renhu adwuma a Onyankopɔn yɛ fi mfiase kosi awiei no.” (Ɔsɛnkafo 3:11, NW) Yehowa Nyankopɔn abɔde dɔɔso na emu dɔ araa ma ɛbɛkɔ so agye yɛn adwene, akanyan yɛn, na ama yɛn ani agye, bere dodow a yɛte ase—daa—no.
Ɔbarima bi a osuaa Siberia Kwaakwaadabi ho ade no frɛɛ no “ɔmannifo a ne ho yɛ anika ma ɛyɛ nwonwa,” na ɔkyerɛe sɛ anomaa no a osuaa ne ho ade no yɛ nneɛma a ɛma n’ani gye wɔ n’asetra mu sen biara no mu biako. Dodow a osuaa anomaa no ho ade no, dodow no ara na n’ani gyee ho. Ɔkae sɛ bere a ɔde mfirihyia 18 asua anomaa no ho ade mpo no, onnya nwiei koraa. Sɛ anomaa biako tumi gye onipa a ɔwɔ nyansa adwene, kanyan no, na ɛma n’ani gye wɔ mfirihyia 18 a ɔde asua ne ho ade pii no mu a, wo de susuw anigye ne abotɔyam kɛse a yebetumi anya wɔ asase so abɔde nyinaa ho ade a yebesua mu no ho hwɛ.
Susuw nyansahu afã horow a ɛyɛ anigye nyinaa a obi a ɔwɔ bere a obetumi de ayɛ nea ɔpɛ biara benya hokwan asua no ho hwɛ. Susuw mmeae a ɛhɔ yɛ anigye a wubetumi akɔhwehwɛ ne nnipa a wɔn ho yɛ anika a wubehyia wɔn wɔ hɔ no nyinaa ho hwɛ. Bɔ mmɔden sɛ wubesusuw hokwan ahorow a enni ano a wubenya de adwennwen nneɛma ho na woayɛ no ho. Hokwan ahorow a yebenya de adwinni ho nyansa a yɛwɔ no ayɛ nneɛma no bɛyɛ nea akwanside biara nni ho. Sɛ yesusuw abɔde mu nneɛma a ɛdɔɔso no ho a, ɛda adi sɛ nkwa a enni awiei nkutoo ne ɔkwampa a yebetumi afa so adi nneɛma a yebetumi ayɛ wɔ asetra mu no nyinaa ho dwuma.
Bible kyerɛ sɛ, wɔn a wɔawuwu no nso nam owusɔre so benya hokwan atra ase daa. (Yohane 5:28, 29) Yebetumi ate abakɔsɛm mu nsɛm pii a yennim no ase, bere a wɔn a wonim no aka nea aka mu nyinaa na wɔabua yɛn nsɛmmisa no. Susuw abakɔsɛm mu mmere ahorow mu nsɛm pii a wɔn a wɔanyan wɔn no bɛma yɛahu no ho hwɛ.—Asomafo no Nnwuma 24:15.
Sɛ woresusuw saa bere no ho a, wubetumi ahu sɛ Hiob a wɔanyan no no bɛpɛ sɛ ɔsakra asɛm a ɛwɔ Hiob 14:1 no mu. Ebia ɔbɛka mmom sɛ: ‘Afei onipa a ɔbea awo no te hɔ daa, na ɔwɔ abotɔyam.’
Wɔ wɔn a wɔde wɔn werɛ hyɛ Yehowa mu na wɔkyerɛ Yesu mu gyidi fam no, nkwa tenten a enni awiei ho anidaso a wɔwɔ no renyɛ ɔkwa. Ɛbɛba mu nnansa yi ara. Mpanyinyɛ ne owu befi hɔ. Eyi ne Dwom 68:20 hyia, nea ɛka sɛ: ‘Yehowa na owu mu fi wɔ no’ no.—Adiyisɛm 21:3, 4.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4, 5]
Nyansahu mu nkɔso a nnipa anya no ama wɔanya anidaso sɛ nnipa betumi anyin akyɛ paa
[Kratafa 7 mfonini]
Nkwa a enni awiei nkutoo ne ade a ɛfata a yebetumi de adi nneɛma a yebetumi ayɛ wɔ asetra mu no ho dwuma