Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 11/8 kr. 20-21
  • Dɛn Nti na Yenyinyin na Yewuwu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Yenyinyin na Yewuwu?
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adeyɛ a Ɛtɔ Sin
  • Dɛn Ne Ɛho Mmuae?
  • Wɔyɛe sɛ Ɛntra Hɔ Daa
    Nyan!—1995
  • So Yebetumi Anya Daa Nkwa Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Ɔkwan Bɛn so na Yɛn Nsa Betumi Aka Nkwa Tenten a Yɛhwehwɛ No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nnipa Rehwehwɛ Nkwatenten
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 11/8 kr. 20-21

Dɛn Nti na Yenyinyin na Yewuwu?

ODURUYƐFO Leonard Hayflick gye tom sɛ: “Sɛ yeyi hu a wɔahu sɛ nkwammoaa nkorɛnkorɛ no kɔ so nyin no to nkyɛn a, ɛnnɛ yenni ade titiriw a ɛde mpanyinyɛ ba ho nimdeɛ te sɛ afeha a atwam no ara pɛ.” Nokwarem no, ɔka sɛ: “Yennim ntease pa biara nti a ɛsɛ sɛ mpanyinyɛ ba.”

Adufradan mu nhwehwɛmu ahorow a wɔyɛɛ no bɛyɛ mfe 30 ni no daa no adi sɛ bere a woyii awotwaa mu ba mu nkwammoaa de guu ade mu wɔ tebea a ɛkyɛn so mu no, ewuwui bere a emu kyekyɛɛ bɛyɛ mpɛn 50 akyi no. Nanso, nkwammoaa a woyi fii obi a ne mfe akɔ anim yiye mu no mu kyekyɛɛ mpɛn abien kosii mpɛn du pɛ na ewuwui. Enti, National Geographic Kuw no nhoma The Incredible Machine kae sɛ: “Adanse a wɔanya afi nhwehwɛmu mu no foa adwene a ɛne sɛ wɔde owu hyɛɛ yɛn mu biara mu fii awo mu no so.”

Nanso, nkwammoaa nkyekyem a egyae no yɛ ade a wontumi nyɛ ho hwee anaa? Dabi, ɛnte saa. Mpanyinyɛ ho animdefo baanu, Abenfo Robert M. Sapolsky ne Caleb E. Finch kaa wɔn adwene sɛ: “Nokwarem no, ɛkame ayɛ sɛ ade a wɔde maa asase so abɔde a nkwa wom mfiase ne nna santen [ɛnyɛ mpanyinyɛ].” Nea ɛyɛ nwonwa no, nkwammoaa a edi awu binom mpo nnyin nnɛ.

The Body Machine nhoma, a Oduruyɛfo Christiaan Barnard a odii kan yɛɛ oprehyɛn a wɔde onipa koma ma onipa foforo no, saa mu no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “‘Nkwammoaa bi a enwu’ a wohui no bɛyɛɛ abɔde a nkwa wom ho animdefo a mpanyinyɛ ho hia wɔn so dadwen kɛse kosii sɛ ɛbɛdaa adi sɛ saa nkwammoaa no yɛ nea edi awu.” Yiw, wobetumi akɔ so akora kokoram nkwammoaa ahorow bi so ama emu akyekyɛ pii ma ayɛ te sɛ nea enwie da! The World Book Encyclopedia kae sɛ: “Sɛ nyansahufo betumi ahu nea ɛyɛ a nkwammoaa a edi awu a ɛte saa tumi tra nkwa mu a, ebia wobetumi anya sɛnea nkwammoaa nyin no mu nhumu bi.” Enti ɛnnɛ, ɛte sɛ nea kokoram nkwammoaa bi tumi kɔ so yɛ bebree a ɛto ntwa da wɔ adufradan mu, nanso nkwammoaa papa nyin na ewuwu.

Adeyɛ a Ɛtɔ Sin

So ade a The Body Machine ka ho asɛm sɛ “tumi a nkwammoaa [papa] ntumi nyɛ bebree” no na ɛde mpanyinyɛ ne owu ba? Nhoma no kae sɛ sɛ ɛte saa a, “ɛho hia sɛ yehu nea adeyɛ a ɛkɔ so mpɛn pii a ɛwɔ anohyeto yi gyina so, na yɛte ase na ama yɛatumi ayɛ ho biribi de ato nnipa nkwa nna mu.”

Sɛnea wobɛkae afi asɛm a edi eyi anim mu no, Oduruyɛfo Hayflick kaa “anwonwade a ɛde yɛn fi bere a wonyinsɛn yɛn kosi bere a wɔwo yɛn ne afei bere a yɛn awo nkwaadɔm nyin wie kosi bere a yɛbɛyɛ mpanyin no” ho asɛm. Afei ɔkaa “ade ketewaa bi a ɛbɛma saa anwonwade ahorow no atra hɔ daa” ho asɛm.

Ɛmfa ho sɛ nyansahufo abɔ mmɔden kɛse mfe pii no, wontumi nnyaa biribi a ɛbɛma nkwa atra hɔ daa. The Incredible Machine nhoma no gye tom sɛ: “Nea ɛde mpanyinyɛ ba no da so ara yɛ ahintasɛm.”

Nanso, nea ɛde mpanyinyɛ ne owu ba no nyɛ ahintasɛm ankasa. Ɛho mmuae wɔ hɔ.

Dɛn Ne Ɛho Mmuae?

Nea ɔwɔ ho mmuae no ne nea ɔmaa “anwonwade a ɛde yɛn fi bere a wonyinsɛn yɛn kosi bere a wɔwo yɛn” no bae, yɛn Bɔfo Yehowa Nyankopɔn a ne nyansa boro ade nyinaa so no. Bible ka wɔ ne ho sɛ: “Wo nkyɛn na nkwa nsuti wɔ.” “Munhu sɛ Yehowa ne Nyankopɔn. Ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na ɛnyɛ yɛn ankasa.”—Dwom 36:9; 100:3, NW.

Susuw anwonwakwan a Yehowa Nyankopɔn faa so yɛɛ wo nyin ho nhyehyɛe wɔ awotwaa mu maa sɛnea yɛbɛka no no, ɔkyerɛw akwankyerɛ nhoma a wɔde yɛɛ wo sɛ ankorankoro a ɔda nsow no ho! Bible odwontofo bi kyerɛwee sɛ: “Wo na wobɔɔ m’asaabo, wonwenee me, me nã yam. Me nnompe anhintaw wo, bere a wɔyɛɛ me ahintawee mu . . . no. Meyɛ mogya tɔw nko no, w’aniwa huu me, na wo nhoma mu wɔakyerɛw ne nyinaa.” (Dwom 139:13, 15, 16, yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Ɛda adi pefee sɛ yɛn desani nipadua a wɔayɛ no anwonwakwan so no nyɛ ade a ɛbae kwa!

Nanso, sɛ Yehowa Nyankopɔn bɔɔ yɛn pɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi atra ase daa a, dɛn nti na yenyinyin na yewuwu? Mmuae no gyina mmara bi a wɔde maa onipa a odi kan, Adam, a Onyankopɔn de no traa asase so fie fɛfɛ bi mu no so. Onyankopɔn de ahyɛde maa no sɛ: “Turom ha nnua nyinaa, di bi. Na papa ne bɔne hu dua no de, nni, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.”—Genesis 2:16, 17, yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

Dɛn na esii? Sɛ anka Adam betie ne soro Agya no, ɔyɛɛ asoɔden kɔkaa ne yere Hawa ho ma wodii dua no aba. Wɔde pɛsɛmenkominya yɛɛ ɔbɔfo tuatewfo bi atoro bɔhyɛ ho biribi ntɛm so. (Genesis 3:1-6; Adiyisɛm 12:9) Enti, sɛnea na Onyankopɔn abɔ kɔkɔ no, wowui. Ɛwom sɛ wɔyɛɛ Adam ne Hawa wɔ ɔkwan a ebetumi ama wɔatra ase daa so de, nanso na eyi gyina osetie a wɔbɛyɛ ama Onyankopɔn so. Wɔnam asoɔden so yɛɛ bɔne. Afei, sɛ abɔnefo no, wɔde wɔn nipadua mu sintɔ a edi awu no maa wɔn asefo. “Saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa.”—Romafo 5:12; Hiob 14:4.

Nanso, eyi nkyerɛ sɛ anidaso biara nni hɔ sɛ wobetumi adi mpanyinyɛ ne owu so nkonim. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den sɛ yebegye adi sɛ yɛn Bɔfo a ne nyansa boro ade nyinaa so no betumi asiesie awosu mu dɛmdi biara na wama yɛn ahoɔden ma yɛakɔ so atra nkwa mu daa. Nanso, ɔkwan bɛn so na ɔbɛfa ayɛ saa? Na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya daa nkwa ho bɔhyɛ a ɔde ama no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena