Pɛnhyenkɔ—So Ɛyɛ Hokwan a Ɛma Wotumi Yɛ Adwuma Pii?
1 Nnipa pii a wɔyɛ adwumaden no ani gyina bere a pɛnhyenkɔ bɛma wɔade wɔn ho afi ɔbrɛ ne nhyɛso a ɛwɔ honam fam adwuma mu no ho. Nanso, mpɛn pii no, pɛnhyenkɔ de anibiannaso, asetra mfonoe, ne ɔpatunyin na ɛba. Adwuma a atirimpɔw wom a wonnya nyɛ no betumi ama awerɛhow ahyɛ adwene no ma. Brazil atesɛm krataa bi bɔɔ amanneɛ sɛ adwumayɛfo a wɔakɔ pɛnhyen no bɔɔ abubuw sɛ ɔhaw ahorow a wohyia no bi ne ‘abotɔyam a wonnya, abufufa, ahobammɔ a wonni, te a wɔte nka sɛ wɔnsom bo, adwenemhaw, ne nka a wɔte sɛ nneɛma nkɔ yiye wɔ wɔn asetram.’
2 Nea ɛne no bɔ abira no, Kristofo pii bu nsakrae foforo a ɛba wɔn asetram yi sɛ hokwan a ɛbɛma wɔayɛ honhom fam adwuma pii. Onua bi a ofii akwampae adwuma ase bere a onyaa mfirihyia 65 akyi adapɛn abien no kae sɛ: “Minhyiaa bere bi wɔ m’asetram a nhyira pii wom da sɛ mfirihyia du a mede ayɛ akwampae adwuma no.” Awarefo bi kyerɛwee sɛ: “Yɛn mfe a emu yɛ anigye ankasa no fii ase bere a yefii akwampae adwuma ase no.” Yiw, wɔ nnipa pii fam no, pɛnhyenkɔ ma wonya hokwan soronko a wɔde bɛtrɛw wɔn som adwuma mu na wɔanya Yehowa nhyira pii.
3 Nsi a Wobɛyɛ ne Aba a Wobɛsow: Nnipa pii a wɔakɔ pɛnhyen nnɛ no nyinii a na nneɛma pii a ɛma ahotɔ nnɛ no nni hɔ, na ɛma wosuae sɛ wɔbɛyɛ adwumaden fi wɔn mmofraase pɛɛ. Ɛwom sɛ wonni mmabunbere mu ahoɔden bio de, nanso wɔda so ara yɛ adwumayɛfo a wɔsow aba ankasa. Wɔ baa dwumadibea bi asasesin mu no, akwampaefo no ɔha biara mu 22—anuanom mmarima ne mmea bɛyɛ 20,000—na anyɛ yiye koraa no, wɔadi mfirihyia 60. Wɔn a wɔn mfe akɔ anim yi boa kɛse wɔ asɛnka adwuma no mu. Wɔn suahu ne wɔn suban pa no boa asafo ahorow a wɔwom no kɛse.—Yak. 3:17, 18.
4 Nsi a yɛbɛyɛ wɔ Kristofo som adwuma no mu ma yenya akwahosan pa, na ɛma yɛn asetra tu mpɔn. Onuawa bi a wadi mfe 84 a ofii akwampae adwuma ase bere a ɔkɔɔ pɛnhyen no kae sɛ: “Anigyefo pii a me ne wɔn yɛ Bible adesua no aboa ma misi pi wɔ adwene mu. Minni kar, enti menantew pii. Ɛno ma minya akwahosan pa.” Awarefo bi a wɔn mfe akɔ anim a wɔyɛ akwampaefo kae sɛ: “Adwuma no ma yɛyɛ den adwene ne honam fam. Yɛbom yɛ ade bere nyinaa. Yɛserew pii na yɛn ani gye wɔ asetram.”
5 Baabi a Mmoa Ho Hia a Yɛbɛsom: Kristofo binom a wɔakɔ pɛnhyen a wɔn sikasɛm ye no atu akɔtra baabi a Ahenni asɛnkafo ho hia kɛse. Afoforo atrɛw wɔn som adwuma mu akɔsom wɔ nsasesin a wɔka amannɔne kasa mu. Te sɛ ɔsomafo Paulo no, saa adawurubɔfo a wɔyɛ nsi yi ‘yɛ eyi nyinaa esiane asɛmpa no nti, na ama wɔne afoforo anya mu kyɛfa.’—1 Kor. 9:23.
6 Awarefo bi fii akwampae adwuma ase bere a wɔn mmabarima baanu nyinii no. Bere a wɔde mfe pii yɛɛ akwampae adwuma no, wogye too wɔn ho so sɛ wobesua China kasa. Seesei wɔwɔ wɔn mfe 70 mu, na nnansa yi wɔn ani gyei sɛ wohui sɛ kuw a wɔka China kasa a wɔne wɔn yɛɛ adwuma no abɛyɛ asafo. Hwɛ nhyira ara a awarefo te sɛ eyinom ayɛ ama wɔn!
7 Yɛnkɔ Pɛnhyen Wɔ Ɔsom Adwuma no Mu: Bere a awiei koraa no, nnipa dodow no ara kɔ pɛnhyen wɔ honam fam adwumam no, Kristoni biara nni hɔ a ɔkɔ pɛnhyen wɔ Onyankopɔn som adwuma mu. Ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa di nokware ‘kodu awiei.’ (Mat. 24:13, 14) Nokwarem no, bere a ebinom mfe kɔ anim no, wontumi nyɛ pii wɔ Yehowa som mu sɛnea na wɔyɛ bere bi a atwam no. Nanso hwɛ nkuranhyɛ ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ wofi komam yɛ nea wobetumi nyinaa! Onyankopɔn Asɛm ma wɔn awerɛhyem sɛ Yehowa werɛ remfi wɔn adwuma ne ɔdɔ a wonyae wɔ ne din ho no.—Luka 21:1-4; Heb. 6:10.
8 Sɛ aka kakra ma woakɔ pɛnhyen a, dɛn nti na womfa mpaebɔ nsusuw sɛnea wode wo nsɛm tebea a ɛresakra no bedi dwuma akosi ase ho? Ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no, ebia wubehu sɛ pɛnhyenkɔ yɛ hokwan a ɛma wɔyɛ adwuma pii a ɛde ayeyi brɛ Yehowa na nhyira pii fi mu ba.—Dw. 148:12, 13.