Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 7/15 kr. 24-25
  • Adwuma A Onyin Ma Wogyae​—So Ebue Teokrase Dwumadi Ho Kwan?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adwuma A Onyin Ma Wogyae​—So Ebue Teokrase Dwumadi Ho Kwan?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Pɛnhyenkɔ—So Ɛyɛ Hokwan a Ɛma Wotumi Yɛ Adwuma Pii?
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Wubetumi Ahyɛn “Dwumadi Kɛse Bi Pon” Mu?
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • “Wubetumi Ayɛ Ɔkwampaefo a Ɔyɛ Nsi!”
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Nhyira a Akwampae Adwuma No De Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 7/15 kr. 24-25

Adwuma A Onyin Ma Wogyae​—So Ebue Teokrase Dwumadi Ho Kwan?

ADWUMA a onyin ma wogyae​—wɔ nnipa pii fam no, ɛde bere tenten nhyɛso ne ɔbrɛdwen no ba awiei. Bere a adwuma a ɛyɛ den anaa bere nhyehyɛe kyenkyenenn aka wɔn ahyɛ akyi no, nnipa pii hwɛ kwan sɛ sɛ onyin ma wogyae adwuma a ɛbɛma wɔanya ahomegye ne ahofadi mfe hokwan. Nanso, mpɛn pii no, saa hokwan no de basaayɛ ne anihaw na ɛba. Ahomegye ne nneɛma a wɔde gyigye ani kɛkɛ mma obi nnya ne mu ahotoso sɛnea adwuma ma ɛba no.

Wɔ Yehowa Adansefo fam no, sɛ onyin ma wogyae adwuma a, ebetumi abue “ɔpon kɛse a emu adwumayɛ bɛsow aba.” (1 Korintofo 16:9) Ɛwom sɛ ɔhaw ne akwanside ahorow wɔ mpanyinyɛ mu de, nanso wɔn a wɔn mfe akɔ anim binom ahu sɛ ɛdenam Yehowa mmoa so no, wobetumi atrɛw ɔsom a wɔde ma no no mu. Susuw Kristofo bi a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ Netherlands suahu ahorow ho hwɛ. Wɔ 1995 ɔsom afe no mu no, na akwampaefo (bere nyinaa Ahenni adawurubɔfo) bɛboro 1,223 no mu 269 adi mfe 50 anaa nea ɛboro saa. Ná eyinom mu 81 adi mfe 65 anaa nea ɛboro saa.

Ebinom tumi yɛ akwampae adwuma no bere a wɔtoa nnamyɛ a wɔdaa no adi bere a na wɔyɛ adwuma no so no. (Fa toto Filipifo 3:16 ho.) Kristoni bi a wɔfrɛ no Karel, a onyin ama wagyae adwuma ka sɛ: “Bere a meyɛ adwuma no, na mifi adwuma ase anɔpa 7:30. Bere a onyin ma migyaee adwuma no, meyɛe sɛ mɛkɔ so adi saa nhyehyɛe no so. Na meyɛ nsɛmma nhoma adansedi wɔ abɔnten so wɔ keteke gyinabea bi anim anɔpa nnɔnson biara de fi da no ase.”

Nhyehyɛe pa nso ho hia na obi atumi adi nkonim. (Mmebusɛm 21:5) Sɛ nhwɛso no, ebinom atumi de sika a ɛdɔɔso asie ma wɔde ahwɛ wɔn ho wɔ wɔn som adwuma mu. Ebinom nso ayɛ sɛ wɔbɛtew ka a wɔbɔ so, na wɔapɛ adwuma a wɔde bere fã yɛ. Susuw Theodore ne Ann ho. Wofii aware asetra ase sɛ akwampaefo de kosii sɛ abusua mu asɛyɛde ahorow ma ɛho behiae sɛ wogyae akwampae adwuma no. Nanso wɔn akwampae honhom no kɔɔ so traa hɔ! Bere a wɔn mmabea no nyinyinii no, wɔkɔɔ so hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ akwampae adwuma. Nea ehia sen saa no, Theodore ne Ann yɛɛ nhwɛso pa, na na wɔtaa som sɛ akwampaefo aboafo. Bere a mmeawa no nyinyinii no, Theodore ne Ann fii ase tew bere a wɔde yɛ honam fam adwuma no so na ama wɔanya bere pii ama asɛnka adwuma no.

Bere a wɔn mmabea no de wɔn ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma mu na wofii fie no, Ann fii akwampae adwuma ase. Da bi, ɔhyɛɛ Theodore nkuran sɛ onnyae n’adwuma. Ɔde adwene bae sɛ: “Yɛn baanu nyinaa betumi ayɛ akwampae adwuma.” Theodore kaa nea wasusuw ho no ho asɛm kyerɛɛ n’adwumawura. Nea ɛyɛɛ no nwonwa no, ne panyin no kae sɛ ɔbɛboa denam adwuma a wɔde bere fã yɛ a ɔde bɛma no so, na ɔkae sɛ: “Misusuw sɛ wopɛ sɛ wode bere nyinaa yɛ adwuma ma wo panyin a ɔwɔ [soro] hɔ no.” Mprempren Theodore ne Ann nyinaa reyɛ akwampae adwuma.

Tebea horow bi a ɛbaa ebinom asetram na ɛkaa wɔn ma wofii akwampae adwuma ase. Wɔn babea ne wɔn nena a wowuu awerɛhow mu no maa awarefo bi a wɔn mfe akɔ anim susuw ɔkwan a wɔde wɔn mfe a aka no redi dwuma ho anibere so. (Ɔsɛnkafo 7:12) Sɛ́ anka wɔbɛma awerɛhow abunkam wɔn so no, wɔde wɔn ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu, na seesei wɔayɛ no bɛboro mfe awotwe!

Nokwarem no, egye animia ankasa na obi atumi atra bere nyinaa som adwuma no mu. Sɛ nhwɛso no, bere a Ernst ne ne yere Riek fii fie ara pɛ na wofii akwampae adwuma ase. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Ernst yɔnko bi a na ɔne no yɛ adwuma maa no adwuma bi a na sika wom. Ernst buae sɛ: “Yɛwɔ adwumawura a ɔsen biara, na yɛmpɛ sɛ yebegyae n’akyi di!” Esiane sɛ Ernst ne ne yere traa Yehowa “adwuma” mu nti, ɔsom mu hokwan foforo bue maa wɔn. Wɔsomee wɔ ɔmansin adwuma mu bɛboro mfe 20, na wɔatoa so ayɛ akwampae adwuma de abesi nnɛ. Wɔanu wɔn ho sɛ wɔde wɔn ho bɔɔ afɔre? Bere bi a atwam no, awarefo no kyerɛwee sɛ: “Sɛ ɛyɛ Yehowa pɛ a, asram abiɛsa mu no, yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛhyɛ mfe 50 a yɛde aware no ho fã, nea wɔtaa frɛ no ahosɛpɛw afahyɛ no. Nanso yebetumi de ahotoso a edi mũ aka sɛ yɛn ahosɛpɛw mfe no ankasa fii ase bere a yɛhyɛɛ akwampae adwuma ase no.”

Nnipa pii hu sɛ hokwan a ɛde dwumadi pii ba no de anigye nso pii ba! Onua bi a ofii akwampae adwuma ase bere a odii mfe 65 akyi adapɛn abien no ka sɛ: “Meka no ahotoso mu sɛ minhuu afe bi wɔ m’asetra mu a nhyira pii ayɛ no ma sɛ mfe du a atwam a mede ayɛ akwampae adwuma no.” Awarefo bi a wɔde bɛboro mfe ason ayɛ akwampae adwuma ka sɛ: “Dɛn bio na ɛsɛ sɛ awarefo a wɔn mfe ne wɔn tebea te sɛ yɛn de no yɛ? Yɛtaa hu nnipa a wɔte sɛ yɛn ara wɔ asasesin no mu​—a wɔredwudwo wɔn ho wɔ fie, wɔreyɛ kɛse sɛe, wɔrenyinyin, na wontumi nyɛ biribiara. Ɔsom adwuma no ma yenya adwene ne honam mu ahoɔden. Yɛyɛ ade bom bere nyinaa. Yɛserew pii, na yɛn ani gye asetra mu.”

Nokwarem no, ɛnyɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim nyinaa na tebea no ma wɔn kwan ma wɔyɛ akwampae adwuma. Saa Kristofo yi betumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ani sɔ nea wobetumi ayɛ wɔ ne som mu biara. (Fa toto Marko 12:41-44 ho.) Sɛ nhwɛso no, wɔagye onuawa yarefo bi ato baabi a wɔhwɛ wɔn a wɔayɛ mmerɛw. Nanso, dwumadi hokwan bi da so ara abue ama no! Oduruyɛfo bi bisaa no sɛnea ɔde bere pii a ɔwɔ no di dwuma. Ɔka sɛ: “Meka kyerɛɛ no sɛ me bere nso me da. Wantumi ante eyi ase. Meka kyerɛɛ no sɛ ɛte saa efisɛ dwumadi ahorow a abotɔyam wom ahyɛ me nna no mã. Menyɛ ankonam, nanso mehwehwɛ afoforo a wɔyɛ ankonam, na mebɔ mmɔden ka nea Onyankopɔn bɛyɛ ama adesamma ho asɛm kyerɛ wɔn.” Ɔde asɛm no nyinaa ba awiei sɛ: “Wontumi nhwehwɛ pii mfi obi a ɔreyɛ adi mfe 80 hɔ. Mommɔ mpae mma me sɛnea ɛbɛyɛ a metumi akyerɛ nnipa pii kwan aba Yehowa hɔ.”

Woadu baabi a onyin betumi ama woagyae adwuma? Hokwan a wode bedwudwo wo ho no betumi ayɛ sɔhwɛ kɛse, nanso ɛnyɛ honhom fam nhyira hokwan. Fa mpaebɔ susuw wo tebea no ho. Ebia wubetumi afa ɔkwan a ɛde kɔ dwumadi pii mu wɔ Yehowa som mu no so.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Adwuma a onyin ma wogyae yɛ betumi akowie dwumadi pii mu wɔ ɔsom adwuma no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena